Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 2/1 kr. 4-6
  • Nea Yebetumi Agyina so Ahwɛ Nneɛma Pa Kwan Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Yebetumi Agyina so Ahwɛ Nneɛma Pa Kwan Nnɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abraham Nyaa Nneɛma Pa a na Ɔhwɛ Kwan no so Akatua
  • Akwansrafo Baanu a Wɔhwɛɛ Nneɛma Pa Kwan
  • Yona Adwene a Ɛyɛɛ no Nta
  • Nneɛma Pa a Yɛbɛhwɛ Kwan Wɔ Amanehunu Mu
  • Nneɛma Pa Ho Akwanhwɛ Papa Bedi Nkonim!
  • Osuaa Mmɔborɔhunu Ho Ade
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yona Sua Yehowa Mmɔborohunu Ho Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Osuaa Biribi Fii Mfomso a Odii no Mu
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɛsɛ Sɛ Yebu Nkurɔfo Dɛn Bere A Yehowa Da No Rebɛn no?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 2/1 kr. 4-6

Nea Yebetumi Agyina so Ahwɛ Nneɛma Pa Kwan Nnɛ

ABAKƆSƐM ne nnipa fekubɔ ho nimdefo H. G. Wells a wɔwoo no 1866 mu no nyaa afeha a ɛto so 20 yi mu adwenkyerɛ so nkɛntɛnso kɛse. Ɛdenam ne nsɛm a ɔkyerɛwee so no, ɔkyerɛkyerɛɛ ne gyidi a ɛne sɛ mfirihyia apem nniso no ne nyansahu mu nkɔso behyia. Enti Collier’s Encyclopedia ka “nneɛma pa a enni ano ho akwanhwɛ” a na Wells wɔ bere a na ɔrebɔ mmɔden sɛ obedi ne botae ho dwuma no, ho asɛm. Nanso ɛka nso sɛ bere a Wiase Ko II pae gui no, nneɛma pa a na ɔhwɛ kwan no sɛee.

Chambers’s Biographical Dictionary ka sɛ bere a Wells behui sɛ “nyansahu betumi ayɛ ɔdomfo kumfo no, ne gyidi no tu yerae, na ɔhwɛɛ nneɛma bɔne kwan.” Dɛn nti na eyi baa saa?

Ná Wells gyidi ne nneɛma pa a na ɔhwɛ kwan no gyina nnipa mmɔdenbɔ nkutoo so. Bere a obehui sɛ adesamma nsa ntumi nka ne Wiase Papa no, na onni baabiara a ɔde n’ani bɛkyerɛ bio. Ntɛm ara na abasamtu ma ɔhwɛɛ nneɛma bɔne kwan.

Ɛnnɛ, nnipa pii wɔ osuahu a ɛte saa ara, esiane ntease koro no ara nti. Sɛ wɔyɛ mmofra a, wɔde anigye hwɛ nneɛma pa kwan, nanso bere a wonyinyin no, wɔn adwene sɛe koraa. Mmofra bi mpo wɔ hɔ a wogyae nea wɔfrɛ no abrabɔ pa akyidi, de wɔn ho hyɛ nnubɔnenom, ɔbrasɛe, ne asetra kwan afoforo a epira mu. Ano aduru ne dɛn? Susuw Bible mmere mu nhwɛso a edidi so yi ho na hwɛ nea yebetumi agyina so ahwɛ nneɛma pa kwan—nea atwam, mprempren, ne daakye.

Abraham Nyaa Nneɛma Pa a na Ɔhwɛ Kwan no so Akatua

Abraham tu fii Haran twaa Eufrate Asubɔnten no kɔɔ Kanaan asase no so wɔ 1943 A.Y.B. mu. Wɔaka Abraham ho asɛm sɛ “gyidifo nyinaa agya,” na hwɛ nhwɛso pa a ɔyɛe!—Romafo 4:11.

Abraham ne ne nuabarima a na wawu ba, Lot, ne Lot abusua, na ɛkɔe. Akyiri yi, bere a aduankɔm baa asase no so no, mmusua abien no tu kɔɔ Misraim, na bere bi akyi no, wɔn nyinaa san bae. Ebeduu saa bere yi, na Abraham ne Lot nyinaa anya ahode, nguan ne anantwi pii. Bere a akasakasa baa wɔn mmoahwɛfo ntam no, Abraham dii kan yɛɛ ho biribi kae sɛ: “Mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfo ne wo mmoahwɛfo ntam, na yɛyɛ anuanom. Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda w’anim yi? Mesrɛ wo, twe wo ho fi me ho, sɛ wofa benkum a, mɛfa nifa, na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.”—Genesis 13:8, 9.

Anka Abraham a ɔyɛ wɔn mu panyin no betumi ahwɛ ma nneɛma akɔ sɛnea ɔpɛ, na anka Lot nso betumi de hokwan no ama Abraham esiane obu a na ɛsɛ sɛ ɔde ma ne papa nua no nti. Nanso, “Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan dantaban nyinaa, sɛ ne nyinaa so wɔ nsu,—ansa na [Yehowa, NW] sɛee Sodom ne Gomora no,—te sɛ [Yehowa, NW] turo, te sɛ Misraim, de bedu Soar. Na Lot paw Yordan dantaban no nyinaa.” Esiane eyi nti, na Lot wɔ biribiara a enti ɛsɛ sɛ ɔhwɛ nneɛma pa kwan. Na Abraham nso ɛ?—Genesis 13:10, 11.

So Abraham faa ɔkwan a nyansa nnim so de n’abusua no yiyedi too asiane mu? Dabi. Abraham nyaa nhyira pii fii nyansa a ɔde yɛɛ ade, ne ayamye a ɔdaa no adi no mu. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Ma w’ani so, na fi nea wowɔ hɔ hwɛ benkum fam ne nifa fam ne apuei ne atɔe. Na asase a wuhu yi nyinaa, wo ne w’asefo na mede mɛma mo daa.”—Genesis 13:14, 15.

Na nneɛma pa a Abraham hwɛ kwan no wɔ nnyinaso pa. Na egyina Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛma ɔman kɛse bi afi Abraham mu aba na ‘wɔnam Abraham so ahyira asase so mmusua nyinaa,’ no so. (Genesis 12:2-4, 7) Yɛn nso, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yenya ahotoso, bere a yenim sɛ “wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye” no.—Romafo 8:28.

Akwansrafo Baanu a Wɔhwɛɛ Nneɛma Pa Kwan

Bɛboro mfe 400 akyi no, Israel man no yɛɛ krado sɛ wɔbɛhyɛn Kanaan, “asase a nufusu ne wo sen wɔ so” mu. (Exodus 3:8; Deuteronomium 6:3) Mose paw atitiriw 12 sɛ ‘wɔnkɔhwɛ asase no so na wɔmmɛka ɔkwan ko a wɔbɛfa so ne nkurow a wobedu so no ho asɛm nkyerɛ wɔn.’ (Deuteronomium 1:22; Numeri 13:2) Akwansrafo 12 no nyinaa de nokoro kaa sɛnea asase no yɛ asase pa no ho asɛm, nanso wɔn mu 10 de ɛho amanneɛbɔ a enye a ɛmaa nkurɔfo no koma tui mae.—Numeri 13:31-33.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yosua ne Kaleb bɛkaa nsɛm a ɛbɛma ɔman no ahwɛ nneɛma pa kwan kyerɛɛ wɔn, na wɔyɛɛ nea wobetumi nyinaa sɛ wɔde bedwudwo wɔn koma a na atu no. Su a wɔdaa no adi ne wɔn amanneɛbɔ no daa ahotoso korakora a na wɔwɔ wɔ tumi a Yehowa wɔ sɛ ɔbɛma n’asɛm a ɔkae sɛ ɔbɛsan de wɔn akɔ Bɔhyɛ Asase no so no abam mu no adi—nanso ankosi hwee. Mmom no, “asafo no nyinaa kae sɛ wonsiw wɔn abo.”—Numeri 13:30; 14:6-10.

Mose hyɛɛ ɔman no nkuran sɛ wonnya Yehowa mu ahotoso, nanso wɔantie. Esiane sɛ wɔansakra wɔn su a ɛma wɔhwɛɛ nneɛma bɔne kwan no nti, ɔman mũ no nyinaa kyinii sare no so mfirihyia 40. Wɔ akwansrafo 12 no mu no, Yosua ne Kaleb nkutoo na wonyaa nneɛma pa a wɔhwɛɛ kwan no mu akatua. Ná dɛn ne wɔn haw titiriw? Gye a wɔannye anni, esiane sɛ ɔman no de wɔn ho too wɔn ankasa nyansa so nti.—Numeri 14:26-30; Hebrifo 3:7-12.

Yona Adwene a Ɛyɛɛ no Nta

Yona traa ase wɔ afeha a ɛto so akron A.Y.B. Bible kyerɛ sɛ na ɔyɛ Yehowa diyifo nokwafo wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu, wɔ Yeroboam II no nniso bere so. Nanso bere a wɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Niniwe nkɔbɔ nkurɔfo no kɔkɔ no, wankɔ. Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus ka sɛ Yona “susuwii sɛ ɛsɛ sɛ oguan” kɔ Yopa mmom. Oduu hɔ no ɔfaa hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis, a adanse kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ nnɛyi Spain no. (Yona 1:1-3) Wɔkyerɛkyerɛ nea enti a Yona nyaa dwumadi yi ho akwanhwɛ a enye no mu wɔ Yona 4:2.

Awiei koraa no, Yona penee so sɛ ɔbɛyɛ n’adwuma no, nanso bere a Niniwefo no sakraa wɔn adwene no, ne bo fuwii. Enti Yehowa kyerɛɛ no mmɔborohunu ho asuade fɛfɛ bi denam adedenkuruma a na Yona te ase a ɔma ɛpoe no so. (Yona 4:1-8) Ná anka Yona betumi ada awerɛhow a ɔdaa no adi bere a dua no poe no bi adi akyerɛ Niniwefo 120,000 a na “wonnim nifa ne benkum” no ma afata.—Yona 4:11.

Dɛn na yebetumi asua afi Yona suahu no mu? Ɔsom kronn ne ade bɔne ho akwanhwɛ nhyia. Sɛ yehu Yehowa akwankyerɛ na sɛ yɛde ahotoso a emu yɛ den di akyi a, yebedi nkonim.—Mmebusɛm 3:5, 6.

Nneɛma Pa a Yɛbɛhwɛ Kwan Wɔ Amanehunu Mu

Ɔhene Dawid kae sɛ: “Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho.” (Dwom 37:1) Ɛno yɛ afotu a nyansa wom ampa, efisɛ nnɛ, nsisi ne amumɔyɛsɛm atwa yɛn ho ahyia.—Ɔsɛnkafo 8:11.

Nanso sɛ yɛn ani mmere wɔn a wɔnteɛ no mpo a, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛn abam bebu bere a yehu sɛ nnipa a wɔn ho nni asɛm hu amane wɔ abɔnefo nsam anaasɛ wosisi yɛn ankasa no. Osuahu a ɛtete sɛɛ betumi mpo ama yɛn abam abu koraa anaa yɛahwɛ nneɛma bɔne kwan. Sɛ yɛte nka saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Nea edi kan no, yebetumi ama atra yɛn adwenem sɛ abɔnefo ntumi mmu wɔn ani ngu nsɛm so nsusuw sɛ wɔrentwe wɔn aso da. Dwom 37 toa so ma yɛn awerɛhyem wɔ nkyekyem 2 sɛ: “Ɛrenni da bi na wɔatwa [abɔnefo] agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono.”

Bio nso, yebetumi ayɛ nea ɛteɛ, ahwɛ nneɛma pa kwan, na yɛatwɛn Yehowa. Odwontofo no toaa so sɛ: “Fi bɔne ho na yɛ papa, na woatra hɔ daa efisɛ [Yehowa, NW] dɔ atemmu na ɔrennyaw n’ahotefo.”—Dwom 37:27, 28.

Nneɛma Pa Ho Akwanhwɛ Papa Bedi Nkonim!

Yɛn daakye nso ɛ? Bible mu nhoma Adiyisɛm, ka ‘nneɛma a etwa sɛ ɛba ntɛm’ ho asɛm kyerɛ yɛn. Emu bi ne pɔnkɔ kɔkɔɔ bi a ɔyɛ akodi ho sɛnkyerɛnne a ofii adi ‘sɛ ɔrebeyi asomdwoe afi asase so,’ sotefo no.—Adiyisɛm 1:1; 6:4.

Adwene a na nnipa pii kura—na anidaso wom—wɔ Britania wɔ Wiase Ko I mu ne sɛ, ɛno na ɛbɛyɛ ɔko titiriw a etwa to. Wɔ 1916 mu no, Britania ɔmanyɔfo David Lloyd George de nsɛm too nea ɛda. Ɔkae sɛ: “Te sɛ ɔko a edi hɔ no, ɔko yi yɛ ɔko a wɔde reyi akodi afi hɔ.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ná n’asɛm no yɛ nokware. Wiase Ko II maa akwan a wɔfa so sɛe nneɛma atirimmɔden kwan so no nyaa nkɔso mmom. Bɛboro mfirihyia 50 akyi no, anidaso biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ akodi to betwa.

Wɔ Adiyisɛm nhoma koro no ara mu no, yɛkenkan apɔnkɔsotefo afoforo ho asɛm—a wɔyɛ aduankɔm, nyarewa, ne owu ho sɛnkyerɛnne. (Adiyisɛm 6:5-8) Ɛka mmere no ho sɛnkyerɛnne no ho.—Mateo 24:3-8.

So ɛsɛ sɛ eyinom ma yɛhwɛ nneɛma bɔne kwan? Ɛnte saa koraa, efisɛ anisoadehu no kyerɛkyerɛ mu nso sɛ “ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no kura ta. Na wɔmaa no abotiri, na ofii adi a ɔredi nkonim na wakodi nkonim.” (Adiyisɛm 6:2) Ɛha no, yehu Yesu Kristo sɛ ɔsoro Hene a ɔreyi amumɔyɛsɛm nyinaa afi hɔ, na ɔte pɔnkɔ so de asomdwoe ne dwoodwoo asetra ba wiase nyinaa.a

Sɛ́ Ɔhene a Wɔapaw no no, bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae na saa Ahenni no mmra. Ebia wo nso, wɔakyerɛ wo sɛ ka “Yɛn Agya a Wowɔ Soro” anaa Awurade Mpaebɔ no bi. Wɔ mpaebɔ no mu no, yɛka sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra, na n’apɛde nyɛ wɔ ha sɛnea ɛyɛ wɔ ɔsoro.—Mateo 6:9-13.

Sɛ́ anka ɔbɛbɔ mmɔden sɛ obesiesie mprempren nneɛma nhyehyɛe yi no, Yehowa nam ne Mesia Hene, Kristo Yesu so beyi afi hɔ koraa. Yehowa ka nea ɔde besi ananmu no ho asɛm sɛ, “Merebɔ ɔsoro foforo [ne asase foforo, Twi Bible Dedaw] na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio.” Wɔ ɔsoro Ahenni nniso ase no, asase bɛyɛ adesamma fie a asomdwoe ne anigye wɔ, faako a asetra ne adwuma bɛyɛ anigye bere nyinaa. Yehowa ka sɛ: “Munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti.” “Wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.” (Yesaia 65:17-22) Sɛ wode daakye ho anidaso a wowɔ no gyina bɔhyɛ a enni huammɔ yi so a, wowɔ nea wubegyina so ahwɛ nneɛma pa kwan—mprempren ne daa!

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wunya anisoadehu yi mu nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, yɛsrɛ wo hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no ti 16.

[Kratafa 4 mfonini]

H. G. Wells

[Asɛm Fibea]

Corbis-Bettmann

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena