Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 4/1 kr. 3-5
  • Abusua No—Ɛda Asiane Kɛse Mu!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abusua No—Ɛda Asiane Kɛse Mu!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn ne Ɛho Asiane No?
  • Ɔwofo Biako Mmusua Redɔɔso
  • Awaregyae​—Nkɛntɛnso a Atɔe Famfo Anya wɔ Apuei Famfo So
    Nyan!—1993
  • Mmofra, Wɔn A Wɔn Ho Nni Nsɛm A Wohu Awaregu Mu Amane
    Nyan!—1981
  • Aware​—Nea Enti a Pii Gyae
    Nyan!—1993
  • Aware Bɔne a Obi De Ne Ho Kɔhyem
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 4/1 kr. 3-5

Abusua No—Ɛda Asiane Kɛse Mu!

“NA AFEI wɔde anigye traa ase daa.” Nnansa yi, aware kakraa bi na nsɛm a wɔde wie anansesɛm yi fa ho. Ayeforohyia bɔhyɛ a ɛne sɛ ‘papa mu oo, bɔne mu oo,’ obiara bɛdɔ ne yɔnko ‘bere tenten a wɔbɛtra ase no,’ taa yɛ nsɛm a wɔka no kɛkɛ. Ɛkame ayɛ sɛ hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ yebenya abusua a ɛyɛ anigye no yɛ kakraa bi.

Efi 1960 kosi 1990 no, awaregu dodow abu abɔ ho bɛboro mpɛn abien wɔ Atɔe fam aman a wɔanya mfiridwuma mu nkɔanim no dodow no ara mu. Wɔ aman bi mu no, nkɔanim no bu bɔɔ ho mpɛn anan. Sɛ nhwɛso no, afe biara, wɔhyehyɛ aware bɛyɛ 35,000 wɔ Sweden, na emu bɛyɛ fã a mmofra bɛboro 45,000 wom begu. Mpena aware gu ntɛmntɛm mpo sen saa, na ɛka mmofra ɔpedudu pii nso. Tebea a ɛte saa ara rekɔ so wɔ wiase mmaa nyinaa, sɛnea yehu wɔ adaka a ɛwɔ kratafa 5 no.

Ɛyɛ nokware sɛ mmusua a emu apaapae ne awaregu nyɛ ade foforo. Ná mmara a ɛma awaregu ho kwan wɔ Babilon wɔ Hammurabi Mmara a wɔhyehyɛe wɔ afeha a ɛto so 18 A.Y.B. no mu. Mose Mmara a wɔhyehyɛe wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. no mpo maa awaregu ho kwan wɔ Israel. (Deuteronomium 24:1) Nanso, mmusua agyigya sen biara wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu. Bɛboro mfe du a atwam ni no, atesɛm krataa mu sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Ebia ebedu mfe aduonum sesɛɛ no, na abusua a edi mũ nni hɔ bio. Ebia ebedu saa bere no na akuw a egu ahorow abesisi ananmu.” Na efi saa bere no, ɛte sɛ nea nsɛm a asisi no foa n’asɛm no so. Abusua nhyehyɛe asɛe ntɛmntɛm araa ma ɛho abehia kɛse sɛ yebisa sɛ, “So ebetumi agyina?”

Dɛn nti na ɛyɛ den kɛse ma awarefo pii sɛ wɔbɛtra na wɔakura abusua mu biakoyɛ mu? Dɛn na ama ebinom atumi atra bere tenten na wɔahyɛ wɔn aware mfe 25 ne mfe 50 ho fa no? Nea ɛyɛ nwonwa no, wɔbɔɔ amanneɛ wɔ 1983 mu sɛ ɔbarima ne ɔbea bi a wɔwɔ kan Soviet adehyeman Azerbaijan mu hyɛɛ wɔn aware mfe 100 ho fa—bere a na ɔbarima no adi mfe 126 na ɔbea no adi mfe 116.

Dɛn ne Ɛho Asiane No?

Nneɛma a wogyina so gu aware wɔ aman pii mu no bi ne awaresɛe, ɔhokafo a wodi n’ani de atirimɔdensɛm di no, gyaw a wogyaw ahokafo hɔ a wɔnhwɛ wɔn, sadweamyɛ, ɔbarima a ne ho nni hɔ, adammɔ, mmea baanu aware, ne nnubɔnenom a ɛka obi hɔ. Nanso, ade a ɛtaa de ba ne sɛ su titiriw a wɔwɔ wɔ aware ne abusua a edi mũ ho no asesa koraa, titiriw nnansa yi. Obu a na wɔwɔ ma nhyehyɛe a na wobu no ade kronkron fi bere tenten no, ayera. Adifudepɛfo a wɔyɛ nnwom, sini, TV so sini a ɛtoatoa so, ne nhoma a agye din, ahyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ahofadi, ɔbrasɛe, ahohwibɔ, ne ahopɛ asetra ho nkuran. Wɔama asetra kwan a asɛe mmofra ne mpanyin nyinaa adwene ne wɔn koma anya nkɔso.

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ 1996 no daa no adi sɛ, Amerikafo ɔha mu nkyekyem 22 ka sɛ ɛtɔ mmere bi a, aware akyi mpenatwe betumi ayɛ mfaso ama aware no. Sweden atesɛm krataa a agye din yiye no mu biako a wɔhyɛɛ da tintimii, Aftonbladet, hyɛɛ mmea nkuran sɛ wonyae aware efisɛ “ɛbɛma wɔadi yiye.” Adwene ne nneyɛe ho animdefo, ne nnipa asetra ho animdefo bi a wɔagye din mpo aka sɛ, wɔnam adannandi so “de ahyɛ” nnipa mu sɛ mfe kakraa biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn ahokafo. Ɔkwan foforo so no, wɔrepɛ akyerɛ sɛ aware akyi mpenatwe ne awaregu fi awosu mu. Ebinom mpo ka sɛ sɛ awarefo gyae aware a, ɛso betumi aba mmofra no mfaso, na asiesie wɔn ma wɔatumi agyina wɔn ankasa awaregu ano da bi!

Mmerante ne mmabaa pii ani nnye abusua a edi mũ a agya, ɛna, ne mmofra bom tra no ho. Nsusuwii a agye din ne sɛ “mintumi ne ɔhokafo biako ntra me nkwa nna nyinaa da.” Denmarkni abofra bi a wadi mfe 18 kae sɛ: “Aware te sɛ Buronya, ɛyɛ anansesɛm bi kɛkɛ. Minni mu ahotoso biara.” Noreen Byrne a ɔyɛ Ɔman Mmea Bagua muni wɔ Ireland no kae sɛ: “Yɛte nka sɛ, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho ne [mmarima] tra na yesi wɔn sɔks. Fi adi na wo ne wɔn nkogye mo ani kɛkɛ . . . Mmea pii asi gyinae sɛ wonhia mmarima na ama wɔadi yiye.”

Ɔwofo Biako Mmusua Redɔɔso

Saa suban yi ama mmaatan a wonni kununom adɔɔso ntɛmntɛm wɔ Europa nyinaa. Awofo a wonni ahokafo yi binom yɛ mmabaa a wonnii mfe aduonu a wosusuw sɛ nyinsɛn a wɔnyɛɛ ho nhyehyɛe pa nyɛ mfomso. Wɔn mu kakra yɛ mmea a wɔpɛ sɛ wɔn nkutoo tete wɔn ba. Ɛnanom pii na wɔne agya no tra kakra a wɔnyɛ nhyehyɛe biara sɛ wɔbɛware no. Afe a etwaam no, Newsweek nsɛmma nhoma de asɛmmisa “Aware Atwam?,” too gua wɔ nsɛmma nhoma no akyi. Ɛkae sɛ mmofra dodow a wɔwo wɔn aware akyi no renya nkɔanim ntɛmntɛm wɔ Europa, nanso ɛte sɛ nea ɛmfa obiara ho. Ebetumi aba sɛ Sweden na edi kan wɔ akontaabu yi mu, efisɛ mmofra a wɔwo wɔn no nyinaa mu fã yɛ nea wɔwo wɔn wɔ aware akyi. Wɔ Denmark ne Norway no, ɛreyɛ adu wɔn mu fã, na wɔ France ne England no, ɛyɛ bɛyɛ 3 biara mu 1.

Mfe bi a atwam ni no, awofo baanu mmusua dodow so atew koraa wɔ United States. Amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Wɔ 1960 mu no, . . . mmofra nyinaa mu ɔha mu nkyekyem 9 na na wɔwɔ ɔwofo biako mmusua mu. Ebeduu 1990 no, na ebi abɛka ho ma adu ɔha mu nkyekyem 25. Ɛnnɛ, Amerika mmofra ɔha mu nkyekyem 27.1 na wɔne ɔwofo biako te, dodow a ɛrenya nkɔanim. . . . Efi 1970 no, ɔwofo biako mmusua dodow abu abɔ ho bɛboro mpɛn abien. Nhwehwɛmufo bi ka sɛ, abusua a edi mũ no da asiane mu araa ma enti ebetumi atwam.”

Wɔ aman a Roma Katolek Asɔre no tumi a na wɔwɔ wɔ abrabɔ so no regye nsam no mu no, ɔwofo biako mmusua redɔɔso. Italiafo mmusua a ɛyɛ ɛna, agya, ne mmofra, no nnu fã, na wɔde awarefo a wɔnwo mma, ne ɔwofo biako mmusua na ɛresi ananmu.

Yiyedi nhyehyɛe a ɛwɔ aman bi mu no hyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔnnware. Sɛ mmaatan a wonni kununom a aban boa wɔn no ware a, mmoa no bɛbɔ wɔn. Wɔsan ma mmaatan a wonni kununom a wɔwɔ Denmark sika ma wɔde hwɛ wɔn mma, na wɔ aman bi mu no, wɔma ɛnanom a wonnii mfe 18 no sika bi ka ho, na wotua wɔn adan ka ma wɔn. Enti ɛyɛ sikasɛm. Alf B. Svensson ka sɛ, wɔ Sweden no, awaregu biara ma wɔtew U.S. dɔla mpem 250 kosi dɔla mpem 375 fi adwumayɛfo akatua mu sɛ tow, de ma nkurɔfo, tua wɔn adan ne asetra mu yiyedi ho ka.

Ɛte sɛ nea Kristoman asɔre horow no mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ biribi anaa wɔnyɛ ho hwee koraa sɛ wɔde besiesie tebea bɔne yi wɔ mmusua mu. Asɔre mpanyimfo ne asɔfo pii ntumi mmɔ wɔn ankasa mmusua kyɛm so, ma enti wɔte nka sɛ wontumi mmoa afoforo. Ɛte sɛ nea ebinom mpo hyɛ awaregu ho nkuran. Aftonbladet a ɛbae wɔ April 15, 1996 mu no bɔɔ amanneɛ sɛ, asɔre panyin Steven Allen a ofi Bradford, England, ahyehyɛ awaregu ho guasodeyɛ titiriw bi, a ɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ Britania asɔre nyinaa mu. “Ɛyɛ asɔre a ɛboa nkurɔfo ma wogye nea ato wɔn no tom. Ɛboa wɔn ma wohu sɛ Onyankopɔn da so ara dɔ wɔn, na ɛmma wonni awerɛhow pii.”

Enti dɛn ne abusua nhyehyɛe no daakye? So anidaso bi wɔ hɔ sɛ ebegyina? So ankorankoro mmusua betumi akura wɔn biakoyɛ mu bere a wɔwɔ asiane kɛse a ɛte sɛɛ mu no? Yɛsrɛ wo, susuw asɛm a edi so no ho.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5]

AWARE DODOW A AFE BIARA WOGYE NE NEA EGU WƆ AMAN BI MU

ƆMAN AFE AWARE A WOGYE AWAREGU

Australia 1993 113,255 48,324

Canada 1992 164,573 77,031

Cuba 1992 191,837 63,432

Czech Republic 1993 66,033 30,227

Denmark 1993 31,507 12,991

Estonia 1993 7,745 5,757

France 1991 280,175 108,086

Germany 1993 442,605 156,425

Japan 1993 792,658 188,297

Maldives 1991 4,065 2,659

Norway 1993 19,464 10,943

Puerto Rico 1992 34,222 14,227

Russian Federation 1993 1,106,723 663,282

Sweden 1993 34,005 21,673

United Kingdom 1992 356,013 174,717

United States 1993 2,334,000 1,187,000

(Egyina 1994 Demographic Yearbook, United Nations, New York 1996, so)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena