Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 11/15 kr. 3-4
  • So Wowɔ Ɔbɔfo A Ɔbɔ Wo Ho Ban?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wowɔ Ɔbɔfo A Ɔbɔ Wo Ho Ban?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abɔfo Ho Anigye a Wɔkyerɛ
  • Abɔfo Ho Anigye Kɛse a Nkurɔfo Kyerɛ
    Nyan!—1999
  • Wowɔ W’ankasa Wo Bɔfo a Ɔbɔ Wo Ho Ban Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Sɛnea Abɔfo Betumi Aboa Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm no Mu Nokwasɛm a Wɔhwehwɛ
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 11/15 kr. 3-4

So Wowɔ Ɔbɔfo A Ɔbɔ Wo Ho Ban?

SO WUGYE di sɛ wowɔ ɔbɔfo a ɔbɔ wo ho ban? Nnipa pii susuw saa. Ne saa nti, nkurɔfo kyerɛ sɛ ɔbea bi a ɔwɔ Canada atɔe fam wɔ abɔfo ho dom akyɛde titiriw bi. Ɔkyerɛ sɛ sɛ wode wo din ne $200 ma no a, obetumi ama wo ne ɔbɔfo a ɔbɔ wo ho ban no adi nkitaho. Nea edi kan no, ɔde n’ani si kyɛnere a ɛredɛw so, na odwennwen. Nea edi hɔ no, onya anisoadehu ma wo bɔfo no ka asɛm kyerɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wo. Afei ɔbea no de wo bɔfo no ho mfonini a wɔayɛ ma wo kwa.

Wɔ ebinom fam no, eyi betumi ne asɛm bi a ɛfa Franseni Ɔhene Louis IX ho no ayɛ pɛ. Wɔkyerɛ sɛ ɔtɔɔ ntakra bi a ne bo yɛ den a wosusuw sɛ etutu fii Ɔbɔfo Panyin Mikael ntaban ho guu fam. Ɛwom sɛ nnipa pii nnye asɛm yi ntom de, nanso wonnye nea Canadani bea no ka no ho akyinnye biara.

Abɔfo Ho Anigye a Wɔkyerɛ

Wɔ nnansa yi mfe mu no nnipa pii de wɔn ani asi abɔfo ho nsɛm a wɔka kyerɛ so. Wɔ television so ne sini mu, nhoma, nsɛmma nhoma, ne atesɛm nkratawa mu no, wɔka abɔfo a wɔkyekye wɔn a wɔyare denneennen werɛ, hyɛ wɔn a wɔn biribi awu den, ma nyansa, na wohwim ankorankoro fi owu mu ho asɛm kyerɛ yɛn. Wɔ United States no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 20 na wɔhwɛ television so dwumadi horow a ɛkyerɛ sɛnea abɔfo de wɔn ho gye nkurɔfo asetra mu nsɛm mu a woyi no dapɛn biara no. Nhomatɔnbea biako tɔn abɔfo ho nhoma bɛboro 400.

Nhoma bi a wɔakyerɛw no nnansa yi ka sɛnea abɔfo a wɔbɔ nkurɔfo ho ban agye asraafo nkwa wɔ ɔko mu ho nsɛm. Nkrataa a wɔde tetare kar ho ka sɛ abɔfo bɔ afirikafo no ho ban. Ahyehyɛde, nhyiam, ne guabɔ ahorow kamfo abɔfo ho adesua kyerɛ na wɔkyerɛ sɛ wotumi boa nkurɔfo ma wɔne wɔn di nkitaho.

Eileen Freeman akyerɛw nhoma abiɛsa a ɛfa abɔfo ho na ɔsan tintim nsɛmma nhoma bi a ɛka wɔn nkutoo ho asɛm. Ɔde ahotoso ka sɛ: “Migye di sɛ abɔfo a wɔwɔ soro no ne abɔfo a wɔbɔ nkurɔfo ho ban wɔ Asase so no dodow yɛ pɛ, ateasefo a ɛnyɛ sɛ woyi Onyankopɔn ayɛ wɔ soro nko na mmom wɔhwɛ nnipa ne abɔde foforo a nkwa wom a ɛwɔ Asase so no so. Yɛn mu biara wɔ ɔbɔfo a ɔbɔ yɛn ho ban bere a wonyinsɛn yɛn no, na ɔhwɛ yɛn so bere a yɛrenyin wɔ yafunu mu, yɛn awo mu, ne yɛn asetra wɔ wiase yi mu, kosi sɛ ɔbɔfo no bɛkyerɛ yɛn kwan afi wiase yi mu akɔ anuonyam mu wɔ soro.” Eyi ma yehu adwene a nkurɔfo pii kura wɔ abɔfo a wɔbɔ nnipa ho ban no ho yiye.

Wɔ ahoyeraw ne ahokyere mmere yi mu no, ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebenya gyidi bi sɛ yɛwɔ yɛn ankasa bɔfo, a n’adwuma ne sɛ ɔbɛbɔ yɛn ho ban. Dɛn na Onyankopɔn Asɛm, Bible no, ka wɔ eyi ho? So ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne abɔfo bedi nkitaho? So wodwen sɛnea yɛbɔ yɛn bra ne yɛn som mu gyidi ho? Mmoa bɛn na yebetumi ahwehwɛ afi wɔn nkyɛn? Wɔde nsɛmmisa yi ho mmuae bɛma wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena