Nea Enti a Wubetumi De Wo Ho Ato Bible Nkɔmhyɛ So
ƆHENE PYRRHUS a ofi Epirus a ɛwɔ Greece atifi fam atɔe no ne Roma Ahemman no dii ako bere tenten. Bere a na ne ho pere no sɛ obehu nea ebefi mu aba ho sɛnkyerɛnne no, ɔkɔɔ Delphi abosomfie. Nanso yebetumi ate nea wɔka kyerɛɛ no no ase wɔ akwan abien yi mu biako so: (1) “Æacus ba, mise wo sɛ wubedi Roma so nkonim. Wobɛkɔ, na woaba, worenwu wɔ ɔko mu da.” (2) “Æacus ba, mise wo sɛ Roma bedi wo so nkonim. Wobɛkɔ, na worensan mma, wubewu wɔ ɔko mu.” Ɔfaa abosonkɔm no sɛnea nkyerɛase a edi kan no kyerɛ no na ɔne Roma dii ako. Pyrrhus dii nkogu koraa.
Nsɛm a ɛtete saa maa tete abosonkɔm gyee dimmɔne sɛ ɛyɛ nea emu nna hɔ. Na Bible nkɔmhyɛ nso ɛ? Akyinnyegyefo bi ka sɛ Bible mu nkɔmhyɛ ahorow no nkyɛn abosonkɔm. Saa akyinnyegyefo yi susuw sɛ Bible nkɔmhyɛ yɛ anifere kwan biara a nnipa bi a wonim nyansa yiye na wɔn ho akokwaw, a wofi asɔfokuw no mu titiriw nam so ka nea ɛbɛba daakye ho nsɛm. Wɔkyerɛ sɛ, saa mmarima yi nam osuahu anaa abusuabɔ titiriw bi so na ehuu nea na ebefi tebea ahorow bi mu aba no siei. Sɛ yɛde Bible nkɔmhyɛ ahorow ne abosonkɔm ahorow no toto ho a, ɛbɛma yɛanya biribi agyina so abua asɛm no.
Nsɛm a Yɛde Bɛyɛ Ntotoho
Na abosonkɔm agyiraehyɛde ne wɔn nsɛm a emu nna hɔ. Sɛ nhwɛso no, na wɔde nne a emu nna hɔ na ɛkasa wɔ Delphi. Eyi ma ɛyɛɛ yiye sɛ akɔmfo no bɛkyerɛ ase na wɔatumi ama nkyerɛase ahorow abɔ abira. Eyi ho nhwɛso ankasa ne mmuae a wɔde maa Croesus, Lida hene no. Bere a ɔkɔɔ abosomfie hɔ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Croesus twa Halys a, ɔbɛsɛe ahemman kɛse bi.” Nokwarem no, “ahemman kɛse” a ɛsɛee no yɛ n’ankasa de! Bere a Croesus twaa asubɔnten Halys na ɔhyɛn Kapadokia no, Kores a ɔyɛ Persiani no dii no so nkonim.
Nea ɛne tete abosonkɔm ahorow bɔ abira koraa no, Bible nkɔmhyɛ ahorow no yɛ nokware na emu da hɔ. Nhwɛso biako ne Babilon asehwe ho nkɔmhyɛ, a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia nhoma a ɛwɔ Bible mu mu no. Bɛyɛ mfe 200 ansa na saa nsɛm yi renya mmamu no, na odiyifo Yesaia adi kan ahyɛ sɛnea Medo-Persia bedi Babilon so nkonim no ho nkɔm ato hɔ dedaw. Nkɔmhyɛ no kae sɛ, na wɔbɛfrɛ nkonimdifo no Kores, na ɛdaa ɔkwan a ɔbɛfa so ama asubɔnten a emu dɔ a ɛte sɛ nea ɛyɛ ahobammɔ no ayow koraa ne sɛnea ɔbɛhyɛn kurow a wɔato ho aban ahyia no apon a wɔabuebue mu no adi. Eyinom nyinaa baam pɛpɛɛpɛ. (Yesaia 44:27-45:2) Wɔka siei nso sɛ, awiei koraa no, Babilon bɛyɛ amamfo a obiara ntra mu bio.—Yesaia 13:17-22.
Susuw kɔkɔbɔ a emu da hɔ fann a odiyifo Yona de mae yi nso ho: “Ɛha adaduanan, na Niniwe abutuw.” (Yona 3:4) Asɛm yi mu da hɔ! Na asɛm no yɛ nea emu da hɔ araa ma Niniwefo no yɛɛ ntɛm “gyee Onyankopɔn dii, na wɔpaee mmuadadi, na wofurafuraa ntweaatam.” Esiane wɔn ahonu no nti, Yehowa ansɛe Niniwe saa bere no.—Yona 3:5-10.
Na wɔde abosonkɔm di dwuma na wɔnam so nya tumi wɔ amammuisɛm mu. Na sodifo ne asraafo mpanyimfo taa twe adwene si nkyerɛase a wɔn ani gye ho so sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛhyɛ nneɛma a wɔn ankasa ani gye ho ne wɔn nnwuma ho nkuran, na wɔnam so ma nkyerɛase a ɛte saa no “yɛ te sɛ nea efi onyame bi hɔ.” Nanso, ɛnyɛ nnipa nsusuwii so na wogyina de Onyankopɔn nkɔmhyɛ ahorow mae.
Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Yehowa diyifo Natan antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka Ɔhene Dawid anim wɔ ne nnebɔne ho. (2 Samuel 12:1-12) Bere a Yerobeam II bedii Israel mmusuakuw du no so no, adiyifo Hosea ne Amos kasa tiaa ɔhene tuatewfo no ne n’akyidifo denneennen esiane wae a na wɔawae ne wɔn nneyɛe a na ɛnsɔ Onyankopɔn ani no nti. (Hosea 5:1-7; Amos 2:6-8) Na Yehowa kɔkɔbɔ a ɔnam odiyifo Amos so de maa ɔhene no ano yɛ den yiye: “Na mede afoa mɛsɔre mahyɛ Yerobeam fi.” (Amos 7:9) Wɔtɔree Yerobeam fie ase.—1 Ahene 15:25-30; 2 Beresosɛm 13:20.
Mpɛn pii no, wɔhyɛɛ abosonkɔm gyee sika. Nea na otua sika kɛse no na wɔhyɛ no nkɔm a n’ani gye ho. Wɔn a wɔkɔɔ Delphi abosomfie no tuaa sika kɛse de gyee nsɛnhunu, ma enti wɔde ademude pii hyɛɛ Apollo asɔrefi ne abosonnan ahorow no mã. Nea ɛne no bɔ abira no, wonnye sika, na wɔnhwɛ nnipa anim wɔ ɔkwan biara so, nhwɛ nea nkɔmhyɛ no fa ne ho no dibea anaa n’ahonya na wɔde Bible nkɔmhyɛ ne kɔkɔbɔ ama no, efisɛ wontumi mma nokware diyifo adanmude. Odiyifo ne ɔtemmufo Samuel tumi fi nokwaredi mu bisae sɛ: “Hena hɔ na magye adanmude na mede mamua m’ani mama no?”—1 Samuel 12:3.
Esiane sɛ na wɔhyɛ abosonkɔm wɔ mmeae pɔtee bi nti, na ɛsɛ sɛ ankorankoro bɔ mmɔden tu kwan kɔ hɔ na wɔn nsa aka. Wɔ nnipa pii fam no, na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛkɔ saa mmeae ahorow yi efisɛ na ɛwɔ baabi te sɛ Dodona a ɛwɔ Bepɔw Tomarus a ɛwɔ Epirus so, na na Delphi wɔ Greece mmepɔw no mfinimfini. Mpɛn pii no, na adefo ne wɔn a wɔwɔ tumi nkutoo na wotumi kɔ anyame a wɔwɔ abosomfie a ɛtete saa no hɔ. Bio nso, na wɔde afe no mu nnafua kakraa bi na “ɛka nea anyame no pɛ.” Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa Nyankopɔn somaa ne nkɔmhyɛfo no kɔɔ nkurɔfo no nkyɛn tee ma wɔkɔhyɛɛ nkɔm ahorow a na ehia sɛ wɔte no kyerɛɛ wɔn. Sɛ nhwɛso no, bere a na Yudafo wɔ Babilon nkoasom mu no, na Onyankopɔn wɔ adiyifo abiɛsa wɔ ne nkurɔfo mu—Yeremia wɔ Yerusalem, Hesekiel wɔ nnommum fam, na Daniel wɔ Babilon Ahemman no ahenkuro mu.—Yeremia 1:1, 2; Hesekiel 1:1; Daniel 2:48.
Na wɔhyɛ abosonkɔm wɔ kokoam sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔreka akyerɛ no no bɛkyerɛ ase sɛnea n’ankasa pɛ. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔde Bible nkɔmhyɛ mae wɔ baguam na ama obiara ate asɛm no na wate ase. Odiyifo Yeremia kasae wɔ baguam mpɛn pii wɔ Yerusalem, ɛwom sɛ na onim sɛ kurow no mu mpanyimfo ne emu nnipa no ani nnye ho de.—Yeremia 7:1, 2.
Ɛnnɛ, wobu abosonkɔm sɛ tete abakɔsɛm. Ɛso nni mfaso biara wɔ nnipa a wɔte ase wɔ yɛn bere yi mu no fam. Saa abosonkɔm no ne yɛn bere yi anaa yɛn daakye nni hwee yɛ. Nea ɛne no bɔ abira koraa no, Bible nkɔmhyɛ ahorow no yɛ “Onyankopɔn asɛm a [ɛwɔ] nkwa na ahoɔden wom” no fã. (Hebrifo 4:12) Bible nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu dedaw no ma yehu sɛnea Yehowa ne nnipa di nsɛm na ɛka n’atirimpɔw ho nsɛntitiriw ne ne nipasu kyerɛ yɛn. Bio nso, Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛho hia benya mmamu daakye. Bere a ɔsomafo Petro rekyerɛkyerɛ nea ɛbɛba no mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea [Onyankopɔn] bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo [Mesia Ahenni a ɛwɔ soro no] ne asase foforo [adesamma abusua a ɛteɛ], a trenee te mu.”—2 Petro 3:13.
Saa Bible nkɔmhyɛ ne atoro som nkɔmhyɛ ho ntotoho tiawa yi bɛma woatumi aka nsɛm a nhoma bi a wɔato din The Great Ideas kae no bi sɛ: “Ɛdefa hu a nnipa a wowu tumi hu nsɛm a ebesisi daakye ho no, Hebrifo adiyifo no yɛ soronko koraa. Nea ɛnte sɛ akɔmfo a wɔhyɛ abosonkɔm anaa adebisafo no, . . . wonhia ahoni anaa biribi a ɛbɛma wɔahu ahintasɛm. . . . Efisɛ wɔ wɔn nkɔmhyɛ nsɛm dodow a wɔkae mu no, nea ɛnte sɛ abosonkɔm ahorow no, ɛte sɛ nea wɔn de no mu da hɔ. Anyɛ hwee koraa no, ɛte sɛ nea adwene a ɛwom ne sɛ ɛbɛma nnipa ahu Onyankopɔn akwankyerɛ wɔ nsɛm a ɛtete saa ho sɛnea Ɔno Ankasa pɛ sɛ wodi kan hu nea ebefi mu aba, na ɛnyɛ sɛ ɛbɛkata so.”
So Wode Wo Ho Bɛto Bible Nkɔmhyɛ So?
Wubetumi de wo ho ato Bible nkɔmhyɛ so. Nokwarem no, wubetumi de w’asetra agyina Yehowa ne ne nkɔmhyɛ a enya mmamu no so. Bible nkɔmhyɛ nyɛ nsɛm bi a atwam a mfaso nni so ho kyerɛwtohɔ. Nkɔmhyɛ pii a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu no afi ase renya mmamu anaasɛ ebenya mmamu nnansa yi ara. Sɛ yɛhwɛ nea abɛsen no a, yebetumi anya ahotoso koraa sɛ nea ɛmmae no nso bɛbam. Esiane sɛ saa nkɔmhyɛ ahorow no twe adwene si yɛn bere yi so na ɛfa yɛn daakye ho nti, ɛho hia sɛ yebu no aniberesɛm.
Wubetumi de wo ho ato Bible nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 2:2, 3 no so koraa sɛ: “Nna a edi akyi no mu no, [Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, . . . Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa, NW] bepɔw so . . . na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.” Ɛnnɛ, nnipa ɔpempem pii na wɔreba Yehowa som a wɔama so no mu na wɔresua sɛ wɔbɛnantew n’atempɔn so. So wode hokwan no besua Onyankopɔn akwan ho ade pii na woanya ɔne n’atirimpɔw ho nimdeɛ sɛnea ɛbɛma woatumi anantew n’atempɔn so?—Yohane 17:3.
Bible nkɔmhyɛ foforo mmamu hwehwɛ sɛ yɛyɛ ade ntɛm so. Odwontofo no kaa nea ɛbɛba daakye ho asɛm wɔ nnwom mu sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ . . . Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ.” (Dwom 37:9, 10) Wususuw sɛ dɛn na ɛho hia na ama obi akwati ɔsɛe a ɛreba abɔnefo, ne wɔn a wodi Bible nkɔmhyɛ ho fɛw so no? Saa dwom no ara bua sɛ: “Wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no benya asase no adi.” (Dwom 37:9) Yehowa a yɛbɛtwɛn no no kyerɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛto ne bɔhyɛ ahorow so koraa na yɛama yɛn abrabɔ ne ne gyinapɛn ahorow ahyia.—Mmebusɛm 2:21, 22.
Sɛ wɔn a wɔtwɛn Yehowa di asase so a, asetra bɛyɛ dɛn? Bio nso, Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ sɛ adesamma asoɔmmerɛfo benya daakye a ɛyɛ anigye. Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom, na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so.” (Yesaia 35:5, 6) Ɔsomafo Yohane kyerɛw awerɛkyekyesɛm yi: “Na [Yehowa] bɛpopa wɔn aniwa mu nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam. Na nea ɔte ahengua no so se: . . . Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:4, 5.
Yehowa Adansefo nim sɛ Bible yɛ nkɔmhyɛ nhoma a wotumi de ho to so. Na wogye ɔsomafo Petro afotu yi tom sɛ: “Yɛwɔ adiyifo nhoma a egyina hɔ pintinn kyɛn sa, ɛno na sɛ mohwɛ no yiye sɛ ɔkanea a ɛharan baabi a ɛhɔ yɛ kusuu, de kosi sɛ ade bɛkye na adekyee nsoromma no apue mo koma mu a, moyɛ no yiye.” (2 Petro 1:19) Yɛwɔ anidaso kɛse sɛ, w’ani begye nhyira fɛfɛ a ɛbɛba daakye a wɔaka ho asɛm wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no ho!
[Kratafa 6 adaka/mfonini]
Na wɔsom DELPHI BOSOM no sen biara wɔ tete Greece.
Ntutuo a ano yɛ den maa ɔkɔmfo no tɔɔ ntintan
[Mfonini ahorow]
Ɔkɔmfo no traa saa anan abiɛsa yi so, hyɛɛ n’abosonkɔm
Wogye dii sɛ nsɛm a wɔkae no yɛ adiyisɛm a efi onyame Apollo hɔ
[Nsɛm Fibea]
Tripod: From the book Dictionary of Greek and Roman Antiquities; Apollo: The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck
[Kratafa 7 mfonini]
Na Delphi abosonkɔm no yɛ nea wontumi mfa ho nto so koraa
[Asɛm Fibea]
Delphi, Greece
[Kratafa 8 mfonini ahorow]
Wubetumi de wo ho ato Bible nkɔmhyɛ a ɛfa wiase foforo ho no so koraa