Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/80 kr. 1-3
  • Dɛn Na Woreyɛ De Akae No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Woreyɛ De Akae No
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NHWƐSO TITIRIW
  • NEA YEBETUMI AYƐ
  • Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nkaedi No Mu Mfaso Kɛse A Yebenya
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nea Enti a Yɛkɔ Nkaedi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • “Monkɔ So Nyɛ Eyi Mfa Nkae Me”
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 3/80 kr. 1-3

Dɛn Na Woreyɛ De Akae No

1 Hokwan kɛse bɛn ara na ɛbɛyɛ ama yɛn March 31, 1980, sɛ yɛbɛkɔ Awurade Anwummeduan afahyɛ a ɛto so 1,947 no ase. Wobɛkae sɛ bere a edi kan a wɔyɛɛ eyi no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu a wɔne no nantewee no ma wonyaa ɛbo a n’afɔrebɔ kwan so wu no som no ho anisɔ kɛse. Bere a ɔsomafo Petro susuw Yesu asase so asetra ne ne som adwuma no ho akyi no, ɔkyerɛw mfɛfo Kristofo sɛ: “Eyi na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, efisɛ Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.​—1 Pet. 2:21.

NHWƐSO TITIRIW

2 Bere a odii mfe 12 pɛ no, Yesu daa honhom mu nneɛma ho anisɔ kɛse adi. Bere a ɔtew ne ho fii n’awofo ho nnansa wɔ Twam afahyɛ no akyi no, wokohuu no n’Agya fie, sɛ “ɔte akyerɛkyerɛfo ntam retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm.” Yiw, Yesu “nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu.” (Luka 2:39-52) Sɛ woyɛ abofra a, so woreyɛ saa ara?

3 Na Yesu yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam. N’Agya fie ho nnamyɛ a ɔwɔ daa adi bere a ɔno nkutoo pam wɔn a na wɔredi a wɔ Yehowa asɔrefi hɔ no. (Yoh. 2:14-17) Na Yesu nsuro sɛ ɔde akokoduru bɛka nokware no. (Yoh. 3:1-12) Na ne nkyerɛkyerɛ tu mpɔw yiye sɛnea ɛda adi wɔ wɔn a wotiee ne Bepɔw so Asɛnka no nneyɛe mu no. Mateo ka ho asɛm sɛ, “ne kyerɛkyerɛ no maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn, efisɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ nea ɔwɔ tumi, na ɛnsɛ sɛ wɔn kyerɛwfo no.” (Mat. 7:28, 29) So wode nnamyɛ ne akokoduru ka Yehowa din ne n’Ahenni ho asɛm?

NEA YEBETUMI AYƐ

4 Yesu huu nyansa a ɛwom sɛ ɔnam akwan horow so bɛka asɛm akyerɛ nkurɔfo. Odii owu so nkonim no akyi, ansa na ɔreforo akɔ soro no, ɔde afotu mae sɛ n’asuafo ntoa adwuma a ofii ase no so. (Susuw Mateo 28:19, 20 ho.) So wubetumi anya adwuma no mu kyɛfa kɛse ɔsram yi? So wubetumi ayɛ akwampaefo boafo? Susuw anwummere anwummere adansedi nso ho. Asɛnka adwuma no a yɛbɛma akɔ anim saa no bɛma yɛatumi ato nsa afrɛ wɔn a yɛne wɔn yɛ Bible adesua, ne afoforo a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye nyinaa, ma wɔaba Nkaedi no ase.

5 Afe a etwaam no nnipa 71,668 a ɛkɔ soro sen biara baa Nkaedi no ase wɔ Ghana. Eyi kyerɛ sɛ nnipa afoforo 51,000 bɛkaa adawurubɔfo dodow a ɛkɔ soro sen biara a yenyae wɔ ɔman yi mu 1979 mu no ho. Afe yi yɛatintim asɛm bi a yɛde bɛma wɔn a wɔbɛba nyinaa: Ɛbɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so mmra na wɔanya honhom mu nnepa a ɛwɔ hɔ afe no nyinaa mu no ho mfaso. Yɛbɛbɔ mmɔden ahwɛ sɛ wɔn a wɔbɛba afe yi Nkaedi no ase no mu baahe na wonni obi a ɔne wɔn yɛ ofie Bible adesua daa anaasɛ wɔntaa mma nhyiam horow. Wɔhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔnkyerɛkyerɛw nnipa a wɔbɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔaba Nkaedi no ase nyinaa din na mpanyimfo ne asafo mu asomfo atumi ayɛ nhyehyɛe akɔsra wɔn ahyɛ wɔn nkuran bio.

6 Yɛhyɛ obiara nkuran, titiriw mpanyimfo ne asafo mu asomfo, sɛ wonni kan nna wɔn ho adi nkyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm no ho anigye a wɔbɛba Nkaedi no ase no na wɔmma wɔn ani nnye. Eyi bɛma yɛatumi aboa wɔn bio daakye.​—Rom. 12:13.

7 Tete hɔ, wɔ 33 Y.B. mu no, wɔyɛɛ nsiesie a ɛfata maa Twam afahyɛ a ɛno akyi na Yesu de Awurade Anwummeduan afahyɛ no sii hɔ no. (Marko 14:12-16) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo akuw nyinaa yɛ nsiesie pa ma Nkaedi no afe yi. Ɛsɛ sɛ wodi kan paw ɔkasafo ma afahyɛ no, yɛ abodoo ne bobesa ho nhyehyɛe, paw wɔn a wobegye ahɔho ama wɔn baabi atra, asiesie Ahenni Asa so, na wɔama wɔn a wɔwɔ asɛm no ho anigye a wɔbɛba akwaaba. Yɛsrɛ sɛ Yehowa behyira yɛn bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛto nsa afrɛ nnipa dodow a wɔwɔ asɛm no ho anigye a yebetumi ama wɔabɛka yɛn ho wɔ Yesu Kristo wu Nkaedi afahyɛ no ase no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena