Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 6
Dwom 109
15 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Fa nkuranhyɛ tiaa a ɛbɛma wɔde wɔn ho ahyɛ nsɛmma nhoma adwuma mu dapɛn yi ka ho. Ɛno akyi no, munsusuw 1984 New World Translation mu nsɛm no bi ho. (Sɛ munni 1984 bi12 no bi a, fa Reference Bible di dwuma.) Kyerɛ sɛnea wobetumi de nsɛm a ɛwɔ nkratafa no mfinimfini no adi dwuma ma wɔahu kyerɛw nsɛm a ɛfa asɛm bi a wɔresusuw ho ho ntɛm ara. (Nhwɛso: Bere a moadan kɔ Mateo 6:10 no, kyerɛ kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kratafa no mfinimfini a ɛfa nsɛmfua “ahenni,” “wo pɛ” ne “asase” ho no. Kyerɛ sɛnea eyinom ma yenya nsɛm pii a yɛde bɛbɔ Ahenni no ho nkɔmmɔ pii.) Kyerɛ sɛnea onigyefo betumi de eyi adi dwuma de asua pii afa Onyankopɔn Asɛm no ho. Ka nkekaho a ɛwɔ ase no ho asɛm tiaa. (Asafo ahorow a wɔwɔ 1981 New World Translation no bi no nhyɛ no nsow: Ɛsɛ sɛ wɔde dedaw no nyinaa ma ansa na wɔde 1984 de no ama wɔ asɛnka mu. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔwɔ nea ɛdɔɔso no bɔ mmɔden sɛ wɔde bi bɛma asafo ahorow a ɛbemmɛn no.)
15 min: Yɛn ho a Yɛde Bɛhyɛ Yehowa Ase Denam Ahosohyira So. Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ June 1, 1985 Watchtower mu so, nkratafa 29-31.
15 min: “Dɛn na Bible no Kyerɛ ma Wo?” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ moresusuw nkyekyem 6 ho a, ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne Bible a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ. Fa mmɔden kɛse a wɔbɛbɔ afi ofie Bible adesua ase October mu ho asɛm wie.
Dwom 59 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 13
Dwom 91
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Afei nso “Monyɛ Den wɔ Gyidi no Mu.” Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnyɛ nhyehyɛe nkɔ ɔmansin nhyiam a edi hɔ a egyina asɛmti yi so no nyinaa. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔakɔ nhyiam yi dedaw no ti emu nsɛm no mu na wɔde nyansahyɛ ne afotu fɛfɛ a wɔde mae no di dwuma.
20 min: Fa Nsɛmma Nhoma Di Dwuma Kyerɛkyerɛ. Atiefo nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de ɔkyerɛkyerɛ su adi dwuma wɔ nsɛmma nhoma a yɛde ma mu? Si ɔkyerɛkyerɛ pa mu nneɛma atitiriw so dua; Ho a wɔde to Yehowa so. (2 min.) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ asɛm no fi Yehowa hɔ: sɛ yɛbɛma Yehowa nneɛma anya nkɔso na ɛnyɛ yɛn ankasa de. Twe adwene si Bible no ne Ahenni ho asɛmpa no so; eyi ho hia wɔ koma mu a yebedu no mu. Ahosiesie. (2 min.) Nea yenim nkutoo na yebetumi de akyerɛkyerɛ obi. So wokenkan nsɛmma nhoma ahorow no? Ɛho hia sɛ yɛn nyinaa yɛ saa. Bere a wokenkan no, hyɛ nsɛm a ebia nnipa a wuhyia wɔn no ani begye ho no nsow. Nsɛm bɛn na ɔbarima, ɔbea, abofra, odwumayeni, anaa obi a ɔnyɛ adwuma ani begye ho? Bɔ mmɔden sɛ wode w’ankasa nsɛm bɛda eyi adi. Hwɛ ofiewura anigye anaa anoyi kwan. Nsemmisa. (2 min.) Asɛm a wubisa no yiye betumi ayɛ nea etu mpɔn a ɛma wuhu sɛnea nkurɔfo ani gye ho na wode atwe adwene asi asɛm a wopɛ sɛ wode kyerɛ wom no so. Nsemmisa a wode bedi dwuma yiye bɛboa wo ma wɔakyerɛkyerɛ na wode akanyan anigye. Mfonini ahorow. (2 min.) Yesu de nsɛm a wotumi yɛ ho mfonini kyerɛkyerɛe. (Mat. 13:34, 35) Nsɛmma nhoma no kura mfonini ankasa a ɛyɛ nsɛntitiriw anaa asuade a ɛwom no ho nhwɛso. Mfonini ahorow yi a wobɛtwe adwene asi so no hwehwɛ sɛ wobetie na wɔahwɛ, na ɛma wo nkyerɛkyerɛ no tu mpɔn kɛse. Ntĩmu. (2 min.) Nea ɛba foforo biara a wode bɛkɔ akɔma ofiewura no daa betumi aboa no nkakrankakra ma wasua Ahenni anidaso no ho ade pii. Ebetumi aboa wo nso ma wo ne ofiewura no abenya ayɔnkofa a ebetumi akowie Bible adesua mu. (sg nkr. 49-54)
(9 min.) Ɔyɛkyerɛ abien. Ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw nyɛ nsɛmma nhoma foforo a aba a wɔde ma wɔ anibu 30-kosi 60- mu ho ɔyɛkyerɛ. Ma wɔmfa Ɔwɛn-Aban nni dwuma wɔ nea edi kan no mu na wɔmfa Nyan! nni dwuma wɔ nea ɛto so abien no mu. Hyɛ atiefo nkuran sɛ wɔnhwɛ no yiye. Wɔ emu biara awiei no, ma atiefo nkyerɛ sɛnea wɔde ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ a wɔada no adi mprempren ara no dii dwuma.
(1 min.) Oguamtrani hyɛ nkuran sɛ obiara mfa nsɛm a wɔasusuw ho no nni dwuma. Yɛde bere pii kyekyɛ nsɛmma nhoma wɔ asɛnka mu. Sɛ yebetumi ayɛ pii a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden nkakrankakra sɛ yɛbɛma ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ denam nsɛmma nhoma so no anya nkɔso.
15 min: “So Wubetumi Ayɛ Akwampae Adwuma?” Nsemmisa ne mmuae. Monkenkan nkyekyem atitiriw no.
Dwom 12 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 20
Dwom 116
8 min: Asafo mu nkaebɔ ne “Ɛrekɔ So Dɛn?”
15 min: Momfa nni mo ahiade ho dwuma, anaa ɔkasa a egyina “Mma Wo Werɛ Mfi sɛ Woyɛ Ɔdansefo!” a ɛwɔ June 1, 1984 Watchtower mu no so, nkratafa 20-25. Si nsɛm a ɛwɔ nsɛmti nketewa. “Yɛn Bere a Yɛde Bɛboa Afoforo” ne “Ma W’ani Nna Hɔ wɔ Bɔnnɔ so Adansedi Ho” ase no so dua.
15 min: “Monkɔ So Mmoa Mo Ho Mo Ho.” Nsemmisa ne mmuae.
7 min: Dapɛn awiei asɛnka adwuma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma adansedi mu kyɛfa Memeneda a ɛto so anan wɔ ɔsram mu. Twe adwene si Ɔwɛn-Aban ne Nyan! foforo a aba mu nsɛm a nnipa a wɔwɔ asafo asasesin mu ani begye ho so. Yɛ foforo a aba a wɔde ma wɔ anibu 30-kosi 60- mu ho ɔyɛkyerɛ a wɔde emu asɛm a ɛfata redi dwuma.
Dwom 216 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 27
Dwom 92
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa mo asafo ɔsom akontaabu ma September ne Ghana ɔsom akontaabu ma July ka ho. Kamfo anuanom wɔ adwuma a wɔayɛ wɔ asɛnka mu no ho.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Nnipa Nyinaa.” Nsemmisa ne mmuae. Ɔyɛkyerɛ tiaa a ɛfa ɔdawurubɔfo a ɔrekɔ obi a ɔrehwɛ Adansefo a wɔrekɔ afie afie mu nkyɛn. Sɛnea bere ma kwan no, tie sɛnea adawurubɔfo bɔ mmɔden sɛ wɔde asɛmpa no bɛkɔ nnipa nyinaa nkyɛn.
15 min: Nsɛmma Nhomakra wɔ November Mu. Ɔkwan bɛn so na woma obi ani gye Nyan! no ho? Na Ɔwɛn-Aban nso ɛ? Sɛ obi bɛkra a ɛsɛ sɛ ohu ampa sɛ nea ɛba biara kura nsɛm a ɛho hia ma no. Ɔkwan bɛn so na woyɛ eyi? (Susuw nea atiefo bɛka ho.) Muntĩ Nkɔmmɔbɔ Asɛmti mu tiaa a mowɔ nsɛmma nhomakra ho adwene. Munsusuw akwan horow a mobɛfa so adan afi Asɛmti so akɔ nsɛmma nhomakra so a mode foforo a aba mu nsɛntitiriw redi dwuma ho. Yɛ abien ho ɔyɛkyerɛ. Kamfo kyerɛ sɛ wobetumi ama wɔakra n’abien nyinaa bere a wɔkyerɛ ho anigye no. Sɛ wɔankra a yɛde brochure biako ne nsɛmma nhoma abien anaa brochure abien ne nsɛmma nhoma biako bɛma. Monkae sɛ wobu brochure ho akontaa sɛ nhomawa. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkɔ afie afie asɛnka November 3 na wɔmma wɔnkra nsɛmma nhoma.
Dwom 220 ne mpaebɔ a wɔde wie.