Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/85 kr. 1-3
  • So Wubetumi Ayɛ Akwampae Adwuma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetumi Ayɛ Akwampae Adwuma?
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WUBETUMI?
  • WO BOTAE HOROW
  • Bere Nyinaa Asomfo A Wɔwɔ Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • So Wobɛsom Sɛ Akwampaefo Boafo April Mu?
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 10/85 kr. 1-3

So Wubetumi Ayɛ Akwampae Adwuma?

1 Ná Yehowa nim sɛ bere a ne nkurɔfo suasua ɔne ne Ba no wɔ awiei bere yi mu no, wɔde wɔn ho bɛma ama Ahenni asɛnka adwuma a Onyankopɔn de ama wɔn no. (Mat. 24:14; Marko 13:10; hwɛ Yoh. 4:34; 5:17 nso.) Odwontofo no kae sɛ ‘Yehowa nkurɔfo beyi wɔn yam aba’ bere a ɔboaboa wɔn ano ma adwuma titiriw yi no. (Dw. 110:3) Dwom 68:11 ka mmea a wɔka asɛmpa no ho asɛm sɛ wɔyɛ ‘asafo a ɛso.’ Na ada adi sɛ ɛte saa wɔ Yehowa nkurɔfo fam nnɛ. Nnipa a wɔdɔɔso sen bere biara a atwam, a mmarima, mmea ne mmofra ka ho, renya Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa mprempren. Pii de wɔn ho rehyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu. Pii resom sɛ daa akwampaefo. Pii retie Yesu afotu a ese yemfi ‘koma, adwene ne ɔkra nyinaa’ mu nsom no no, na wɔn ani gye sɛ wɔreyɛ saa.​—Mat. 22:37.

WUBETUMI?

2 Satan ne ne nneɛma nhyehyɛe yi ma asetra yɛ hwanyann na ɔpɛ sɛ yɛyɛ wɔn a wonni adagyew araa ma bere kakraa bi na yenya ma Ahenni nneɛma. (1 Kor. 15:58) Yesu tuu fo sɛ, ‘Sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa bɛyɛ hann.’ (Mat. 6:22) So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ wo nsɛm tebea mu sɛnea ɛbɛyɛ a w’adwene, wo botae, ne w’asetra bɛyɛ nea womfa nni nneɛma pii akyi? Bere a woyɛ nsakrae wɔ wo nsɛm tebea mu na wode w’adwene si Ahenni nneɛma a wobɛma anya nkɔso so no, wubehu sɛ wobɛda hann a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛho ba mfɛfo nnipa mfaso adi.

3 So wubetumi anya akwampaefo boafo adwuma no mu kyɛfa? So wubetumi ayɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya bere ayɛ? So wubetumi anya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no wɔ November mu? Ebia December anaa January bɛyɛ nea eye ma wo. Wubetumi de nnapɔnna ne adapɛn awiei no adi dwuma ma mfaso aba so wɔ teokrase dwumadi mu. Fa mpaebɔ susuw wo nsɛm tebea ho. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wobɛyɛ akwampaefo boafo wɔ December anaa January mu na woanya hokwan pii de akyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware a ɛfa Yesu Kristo ne n’Ahenni no ho no wɔ bere a wosusuw sɛ ɔyɛ akokoaa a ontumi nyɛ hwee a ɔda mmoa adidide mu no mu.

4 So afoforo wɔ asafo no mu a wɔfata sɛ wɔsom sɛ akwampaefo aboafo a wobetumi ne wo asom? Sɛ saa a, ɛnde to nsa frɛ wɔn ma wɔnyɛ saa. Sɛ woyɛ ɔwofo a, so wo babarima anaa wo babea betumi ne wo asom? So wo kunu anaa wo yere betumi? Wo nuabea anaa wo nuabarima nso ɛ?​—Hwɛ omTW nkr. 113-114.

WO BOTAE HOROW

5 Sɛ wobɛsom sɛ akwampaefo boafo, daa ɔkwampaefo, anaa asafo mu ɔdawurubɔfo a ɔrebɔ mmɔden sɛ obenya kyɛfa kɛse wɔ Yehowa som mu a, dɛn na ɛbɛyɛ wo botae ahorow? Sɛ woyɛ ɔkwampaefo a, wowɔ nnɔnhwerew dodow bi a ɛsɛ sɛ wunya. Nanso, dɛn nti na womfa nyɛ wo botae nso sɛ wobɛka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ obi wɔ ofie biara mu? So wode bɛyɛ wo botae sɛ wobɛsan akɔ anigyefo a wunyaa wɔn nyinaa nkyɛn? So wubetumi anya obi a wobɛma no nsɛmma nhoma daa? So wubetumi afi Bible adesua ase? Ebia wubetumi aboa obi wɔ mo asafo no mu ma wanya ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse denam nsa a wobɛto afrɛ no ma waka wo ho wɔ wo adwuma a anya nkɔso no mu no so.

6 Fa Paulo afotu a ɔde maa Timoteo no di dwuma: ‘Ma wo nkɔso nna adi.’ “Wie wo som no koraa.” Bɔ mpae ma Yehowa nhyira wo ne ne nkurɔfo a wɔwɔ baabiara a wɔn nso wɔrebɔ mmɔden sɛ ‘wobewie wɔn som no koraa’ no. Ɛmmra sɛ mmɔden a yɛbom bɔ no bɛyɛ nea ɛde anuonyam brɛ no.​—1 Tim. 4:15; 2 Tim. 4:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena