Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/87 kr. 2
  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 8
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 10
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 11
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 24
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 31
Yɛn Ahenni Som—1987
km 5/87 kr. 2

Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE MAY 8

Dwom 49

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya Memeneda a etia abien nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa. Munti sɛnea wɔhyehyɛ nsɛmma nhomakra kratasin no mu tiawa. (Hwɛ 9/86 krataa a ɛfa “How to Handle Subscriptions Properly” ho [S-11] no mu.)

17 min: “Fa Ɔwɛn-Aban Di Dwuma wɔ May Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Hyɛ wɔn nkuran ma wonnya nsɛmma nhomakra ho adwempa.

18 min: Nkɔmmɔbɔ Asɛmti Foforo. Ɛho nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ. Muntĩ asɛm no mu na kyerɛ sɛnea wobetumi de asɛm “Onyankopɔn​—So Ɔyɛ Obi Ankasa?” ne “Onyankopɔn Nyansa​—So Wutumi Hu?” a ɛwɔ April 1 ne 15 Watchtower mu no atõa asɛmti no mu. Ma ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw mma ɔkasa no a ɔrema wɔakra Ɔwɛn-Aban. Sɛ asafo no pɛ nsɛm pii a wɔde bedi dwuma wɔ asɛnka mu a, ma wɔnnan nkɔ Reasoning nhoma no nkratafa 145-51 a ɛfa “Onyankopɔn” ho no.

Dwom 112 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MAY 10

Dwom 16

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu de. Hyɛ nyansa sɛ obiara mfa ne Index foforo no mmra Ɔsom Nhyiam dapɛn a edi hɔ no.

20 min: “Ɔsom Adwuma mu Kyɛfa a Wubenya Dapɛn Biara de Anigye Pii Ba.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Si bo a nhyehyɛe a obi bɛyɛ ne Asafo kalenda no a ɔde bedi dwuma no som so dua.

15 min: Ɔsom adwuma sohwɛfo bisabisa akwampaefo aboafo dodow bi nsɛm. Dɛn na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛɛ akwampaefo boafo adwuma? Ɔkwan bɛn so na wɔayɛ wɔn ankasa ne wɔn fie nsɛm tebea ho nhyehyɛe na ama wɔde nnɔnhwerew 60 ayɛ ɔsom adwuma no? Ɔkwan bɛn so na abusua mufo afoforo aboa? Mfaso ahorow bɛn na wɔanya? Si anigye a efi akwampae adwuma mu ba so dua. Hyɛ asafo no mufo nyinaa nkuran sɛ wɔmmoa akwampaefo wɔ asɛnka mu ɔsram yi.

Dwom 19 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MAY 11

Dwom 46

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Afei nso “Ɛrekɔ so Dɛn?” Kyerɛ ntoboa biara a Asafo ti no akyerɛ sɛ ne nsa aka a wɔde aba mo ɔsram no statement so.

15 min: Fa Ɔwɛn Aban Asafo Nhoma Horow Di Dwuma Yiye. Ɔkasa. Si nsɛm a eye a wɔde ama wɔ nsɛmti te sɛ “Ministry” (Ɔsom Adwuma) anaasɛ “Medical Treatment” (Nnuruyɛ mu Ayaresa) ase wɔ Watch Tower Publications Index mu no so dua. Si sɛnea Index foforo no som bo wɔ nsemmisa ho mmuae a wɔhwehwɛ, nhwehwɛmuyɛ, ɔkasa a wosiesie, ne nea ɛkeka ho mu no so dua. Si nsɛm a ɛwɔ nkratafa 5 ne 6 so dua. Sɛ munni Index foforo no bi a, kyerɛkyerɛ sɛnea wɔde nea mowɔ ne/anaasɛ nhoma ahorow a mowɔ no nsɛmti afã ne kyerɛw nsɛm ne nsɛmti a wɔahyehyɛ afã no di dwuma na yɛ ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa Asafo nhoma ahorow nni dwuma yiye mfa nhwehwɛ Bible nsemmisa ahorow ho mmuae. Mo ankasa monyɛ nhwehwɛmu; sɛ ɛho hia a monhwehwɛ mpanyimfo hɔ akwankyerɛ. Sɛ ɛno anyɛ yiye a na ɛsɛ sɛ mokyerɛw Asafo ti no. (Hwɛ kmTW 9/83 krat. 4.)

20 min: “Wo Ho a Wubesiesie Ama Ofie Bible Adesua ne Ne Yɛ.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. (Asɛm a ɛfa Bible adesua ho yi yɛ nea wɔde retoa nea epuei wɔ January ne April Yɛn Ahenni Som mu no so. Kyerɛ saa nsɛm abien no nsɛmti tiawa.) Wɔ kratafa 5 no, yɛ simma anum ɔyɛkyerɛ a ɛfa ɔdawurubɔfo a ɔde nsemmisa afoforo redi dwuma de ahwɛ sɛ osuani no gye nea ɔresua no di ho. Afei nso fa nsemmisa di dwuma wɔ anifere kwan so fa boa osuani no ma onhu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔde asɛm no di dwuma.

Dwom 121 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MAY 24

Dwom 204

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Teokrase Nsɛmmansɛmma. Monkɔ so mmoa anigyefo a wɔbaa Nkaedi ase nnansa yi no mma wɔmmra asafo nhyiam ahorow daa.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Ɔkwan a Etu Mpɔn So ne Wɔ Ano Wɔ Ano.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a, yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a ɛfa onua a ɔrekyerɛ ɔdawurubɔfo foforo sɛnea wɔyɛ afie afie kyerɛwtohɔ ho a ɔkyerɛkyerɛ hia a ɛho hia sɛ ɔbɛhwɛ asasesin mfonini a wɔde ama no no so yiye sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenyera anaasɛ ɛrensɛe mu.

15 min: Mfaso a W’ankasa Wubenya Wɔ Ɔwɛn-Aban a Wobɛkenkan Mu. Onua a ne ho akokwaw bisabisa adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔakra bi mfe pii a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ asafo mu nsɛm. Mfe ahe ni a wɔde akenkan Ɔwɛn-Aban? Ɔkwan bɛn so na nsɛmma nhoma yi aboa wɔn wɔ honhom mu? Emu nsɛm bɛn na wɔn ani gye ho titiriw? Wɔte nka dɛn wɔ Ɔwɛn-Aban a wɔbɛma nkurɔfo akra no ho.

Dwom 92 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MAY 31

Dwom 43

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnka nsɛmma nhomakra ho asɛm Kwasida a edi kan ne wɔ June mu nyinaa. Munsusuw May 1 ne 15 Watchtower a ɛfa nsɛm “So Nkɔmhyɛ Nyinaa Fi Onyankopɔn Hɔ?” ne “Dɛn na Onyankopɔn Ayɛ Ama Wo?” ho no mu nsɛntitiriw ho. Munsusuw asɛm a ɛwɔ Asemmisa Afã no ho.

15 min: “Ɔkyerɛkyerɛ Denam Mfatoho So.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma a egyina March 15, 1987, Watchtower, kratafa 8 so. Fa School Guidebook, adesua 34, kratafa 168-71 mu nsɛntitiriw ka ho sɛnea bere ma kwan.

15 min: Asafo mu ahiade anaasɛ ti ɔmansin sohwɛfo nnansa yi nsrahwɛ mu nsɛntitiriw a esi nneɛma biako anaa abien a ɛsɛ sɛ mo asafo no yɛ ho adwuma so dua mu.

Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena