Ɔsom Adwuma Mu Kyɛfa A Wubenya Dapɛn Biara De Anigye Pii Ba
1 “Yɛn de, yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.” (Aso. 4:20) Asɛm a asomafo Petro ne Yohane kae yi da no adi sɛ na asɛmpa no ka yɛ wɔn asetra fã titiriw. Ɛdefa asomafo no nyinaa ho no, Bible kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ “wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.”—Aso. 5:42.
2 Ná asɛmpa no mu kyɛfa a wonya bere nyinaa yi yɛ ɔsomafo Paulo a “na daa homeda ɔkɔka asɛm hyiadan mu ma Yudafo ne Helafo gye di” no nso su. (Aso. 18:4) Bere a na ɔyɛ ɔdeduani wɔ n’ankasa fi a awɛnfo wɛn no mpo no, na ɔka Ahenni ho asɛmpa no, na ɔkyerɛkyerɛ daa.—Aso. 28:30, 31.
3 Asɛmpa no ka mu kyɛfa a yɛn nuanom a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu nyae daa no de nhyira ne anigye pii brɛɛ wɔn. Ebinom a na wobu wɔn mpapahwekwa ne wɔn a wonnim nhoma no nyaa akokoduru na wɔn ho kokwawee bere a wosuasuaa Yesu wɔ wɔn kasa mu no. (Aso. 4:13) Hwɛ anigye ara a ebia ɛbɛyɛ sɛ wohui sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ no ama koma pafo pii anya nkwagye!
FA DAPƐN DAPƐN ASƐNKA NHYEHYƐE NO DI DWUMA
4 Nhyehyɛe a wobɛyɛ adi adanse dapɛn biara no betumi aboa wo ma woanya anigye yi bi. Wɔakyerɛ wɔ yɛn kalenda no so sɛ Kwasida a edi kan wɔ ɔsram biara mu ne afei Memeneda a ɛto so abien ne anan no yɛ nna titiriw ma asɛnka adwuma. So wudi nhyehyɛe yi akyi? Sɛ woyɛ saa na wode dapɛn awiei biako ka ho a, wubenya asɛnka adwuma a wɔyɛ dapɛn biara no mu anigye. Pii ayɛ nhyehyɛe sɛ anyɛ yiye koraa no wobenya asɛnka adwuma mu kyɛfa dapɛn awiei biara. Asafo ahorow no yɛ asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe Memeneda ne Kwasida biara. Pii nso yɛ nhyehyɛe wɔ dapɛn no mfinimfini nso.
5 Sɛ ɛnyɛ nea wunya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa Kwasida a edi kan ne Memeneda a ɛto so abien ne anan wɔ ɔsram no mu a, dɛn nti na womfa eyi nyɛ wo botae na wonyere wo ho sɛ wubedu ho bere a wobɔ mmɔden sɛ wubenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa dapɛn biara no? Mo nhoma adesua sohwɛfo no ani begye sɛ ɔde mmoa a wuhia na ama woayɛ nhyehyɛe pa a ɛne wo nsɛm tebea hyia no bɛma. Kae, “etwa sɛ” wɔka asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu. (Marko 13:10) Enti dɛn nti na womfa mpaebɔ nsusuw nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ ha yi ho sɛnea ɛbɛyɛ a wo nso wubetumi anya adwuma a ɛho hia yi mu kyɛfa dapɛn biara?
NHYIRA HOROW A WUBETUMI ANYA
6 Ebia ɛnyɛ nea wutumi nya asɛmpa no ka mu kyɛfa kɛse te sɛ nea akwampaefo yɛ no. Nanso, sɛ woyɛ saa dapɛn biara a, wo som adwuma no betu mpɔn kɛse na wubenya anigye pii nso. Bere a Yesu somaa 70 no, wɔde “anigye san bae” bɛkaa osuahu ahorow a wonyae kyerɛe. (Luka 10:17) Wɔ tebea horow a emu yɛ den mu mpo no, asɛnka adwuma no mu kyɛfa a wubenya daa bɛma woanya anigye pii.
7 Wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛnyɛ bere nhyehyɛe mfa nka asɛmpa no nkyerɛ afoforo dapɛn biara. Bere a woyɛ saa no, wo ho a ɛkokwaw sɛ ɔkyerɛkyerɛfo no bɛyɛ kɛse na wubenya anigye pii de ahyɛ Yehowa anuonyam.