Fa Ɔwɛn-Aban Di Dwuma Wɔ May Mu
1 Bere a Ɔwɛn-Aban no bae nea edi kan wɔ July 1879 mu no, na mfuamfua 6,000 pɛ na wotintim ɔsram biara wɔ kasa biako pɛ mu. Afei wɔ mfe 107 akyi no, nea ɛba biara a wotintim no dodow boro mfuamfua ɔpepem 12 wɔ kasa horow 103 mu a emu pii yɛ nea ɛba ɔsram-fã biara. Saa nkɔso yi di adanse sɛ Yehowa pene adwinnade yi a wɔde redi dwuma ma wɔahu nokware a ɛfa n’Ahenni ho no so.
2 Sɛ́ ɛyɛ nea bere tiaa bi ni a woafi ase rekenkan Ɔwɛn-Aban no bi anaasɛ woakenkan bi mfe pii ni no, yegye di sɛ w’ani sɔ honhom mu mfaso horow a yenya fi mu no. Ɔwɛn-Aban no ama woanya anidaso a egyina Kyerɛwnsɛm so. Ahyɛ ahotoso a wowɔ wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu sɛ ɛne ɔkwan koro pɛ a daa asomdwoe nam so bɛba yɛn asase yi so no mu den. Ama woahu asiane ahorow a ɛwɔ mmere a emu yɛ den yi mu a ɛhyɛ “nna a edi akyiri” no agyirae no. (2 Tim. 3:1-5) Emu nsɛm no aboa wo ma woanya “kyerɛwsɛm no mu awerɛkyekye” ne akwankyerɛ pa a egyina Onyankopɔn asɛm, Bible, no so. (Rom. 15:4; Dw. 119:105) Bere a wususw eyi ne ɛho mfaso afoforo ho no, so ɛnka wo mma wonka bo a Ɔwɛn-Aban no som no ho asɛm nkyerɛ afoforo? Yɛbɛma nkurɔfo akra afe biako wɔ May mu de agye ntoboa ¢400.00 pɛ.
NYA NE KRA NO HO ADWEMPA
3 Onyankopɔn nyansa na wosi so dua wɔ Ɔwɛn-Aban no mu na ɛnyɛ onipa nsusuwii. Obiara hia saa nyansa yi kɛse nnɛ. Ebetumi ama asetra anya nkɔso na aboa ma wɔanya adwene a ɛteɛ. Eyi ho hia na ama ‘wɔanya nkwa.’ (Mmeb. 9:1-6) Bere a yɛahu eyi no, yɛde adwempa bɛka ne kra ho asɛm bere a yehu sɛ yɛwɔ nea afoforo hia no. Hwehwɛ nea ɛba biara mu yiye na woahu nsɛm a wugye di sɛ ebetumi aboa ofiewuranom. Wo ho a wubedi kan asiesie yi bɛboa wo ma woada ɛho su pa adi bere a wode nsɛmma nhoma yi rema wɔ asɛnka mu no.
4 Sɛ wode bo a mfaso a ɔkenkanfo no nya no som no toto ho a, na Ɔwɛn-Aban no bo no sua koraa. Enti fa ahotoso ka ne kra ho asɛm wɔ hokwan biara a wubenya mu. Ebia adawurubɔfo binom bɛpɛ sɛ wɔka Nyan! no kra ho asɛm ka Ɔwɛn-Aban no ho. N’abien nyinaa a wɔbɛkra afe biako no yɛ ¢800.00, ɛbo a ɛba fam koraa bere a wode toto wiase no nhoma ahorow pii ho no.
“ƆWƐN ABAN” NO BOA MA YƐYƐ ASUAFO
5 Fa yɛ w’adwene sɛ wobɛsan akɔhwɛ wɔn a womaa wɔn nhoma no nyinaa na woabɔ mmɔden sɛ wobɛma anigye a woyii adi no anya nkɔso. Anuanom binom yɛ nhyehyɛe a ɛma wɔde bi kɔma wɔn a wogye nsɛmma nhoma no mfuamfua no bi daa. Sɛ obi kenkan Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! no biako a, n’ani betumi agye ho. Enti san kɔ hɔ na kɔma no foforo a aba no bi na si nsɛm pɔtee bi a wote nka sɛ n’ani begye ho so dua. Bere a wakenkan nea ɛba no kakraa bi akyi no, ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔkra bi. Wɔn a wɔkra bi no betumi anya kɔ a wobɛsan akɔ wɔn nkyɛn akɔboa wɔn ma wɔahu nsɛm a ɛsom bo wom no mu mfaso nso.
6 Ɛsɛ sɛ Ɔwɛn-Aban a yɛde bedi dwuma wɔ May mu no ma yenya anigye a akomatɔyam wom. Esiane sɛ yɛn ankasa nya nsɛmma nhoma no mu mfaso nti, yebetumi aka ho asɛm akyerɛ afoforo wɔ ahotoso mu. Yɛnam hyɛ a yɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma woakra nsɛmma nhoma a ɛsom bo yi bi na wɔakenkan no so betumi aboa wɔn ma wɔabegyina Yehowa afã.