Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som rennyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe biara mma dapɛn a efi ase December 12, enti dapɛn no bɛda hɔ kwa ma wɔde akɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam no. Wɔbɛyɛ dapɛn a efi ase January 16, 1989 Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ma wɔde simma 10 ama asafo mu nkaebɔ ahorow na wɔde simma 35 atĩ nhyiam nsɛntitiriw mu. Sɛ eye a wɔn a wobedi kan akɔ wɔn nhyiam no betumi ayɛ ntĩmu no ansa na saa dapɛn no adu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛkɔ wɔn nhyiam January mfiase no de dapɛn a ɛda hɔ kwa no kɔhyɛ dwumadi nhyehyɛe a wɔayɛ ama dapɛn a efi ase January 2 no ananmu. Wobetumi adi kan de da biara da ntĩmu no ahyɛ anuanom baanu anaa baasa a wɔn ho akokwaw nsa. Ntimu a wɔasiesie no yiye no begyina nsɛntitiriw a obi betumi de adi dwuma wɔ n’ankasa asetra ne asɛnka mu no so. Ɛsɛ sɛ osuahu ahorow a wɔde bedi dwuma anaasɛ nkyerɛkyerɛmu a atiefo de bɛma no yɛ tiaa ne nea ɛfa asɛm no ho.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 5
Dwom 108
7 min: Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ a wɔapaw ne asafo mu nkaebɔ.
18 min: “Hyɛ Afoforo Nkuran ma Wɔnkenkan na Wonsua Onyankopɔn Asɛm No.” Ɔpanyin de nsemmisa ne mmuae di ɔfã no ho dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyem 6 ho a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a wɔde nnianim nsɛm a wɔahyɛ ho nyansa no ne Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no di dwuma.
20 min: “Yehowa a Yebesuasua no Denam Adetreneeyɛ So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Sɛ mususuw nkyekyem 6 ho wie a, ma wɔnyɛ akwan biako anaa abien a wɔfa so di adanse bɔnnɔ so bere a wɔretu kwan anaasɛ wɔkɔ nhyiam no ho ɔyɛkyerɛ. Fa osuahu ntiantiaa a efi atiefo hɔ ka ho sɛnea bere ma kwan.
Dwom 131 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 12
Wɔannyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe biara dapɛn yi na ama dapɛn no ada hɔ kwa ma wɔde akɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam no.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 19
Dwom 17
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Ma ɔsom adwuma sohwɛfo nka asafo no November ɔsom akontaabu ho asɛm. Kamfo anuanom. Hyɛ adansedi kɛse wɔ wiase no ahomegye bere no mu, December 25 kosi January 2 ho nkuran. Ka asɛnka nhyehyɛe, faako a wobehyia, ne nea ɛtete saa ho asɛm.
20 min: “So Wode Nnianim Nsɛm a Ɛfata Di Dwuma?” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmma wɔn nnianim nsɛm nnya nkɔso. Wo ne afoforo mmobɔ so a mode Reasoning nhoma no mu nyansahyɛ ahorow di dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyem 4-6 ho a, ma adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw yiye a wobetumi adi Reasoning nhoma no mu nnianim ahorow no akyi pɛɛ nyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa.
15 min: Mmofra Yi Yehowa Ayɛ. Bisabisa adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw biako anaasɛ baanu a wofii ase som Yehowa bere a na wonnii mfe 20 anaasɛ ansa na wɔrehyɛn saa mfe no mu no nsɛm. Dɛn na ɛma wɔyɛɛ Ahenni nkrasɛm no ho biribi? Ɔkwan bɛn so na mmofra a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ a wɔyɛe no boaa wɔn ma wogyinaa nsɛnnennen ano bere a na wɔrenyin no? Afei nso, bisabisa mmofra a wɔyɛ nhwɛso pa biako anaa baanu a wɔadi adanse pa sukuu mu anaasɛ wotu mpɔn wɔ afie afie asɛnka som adwuma mu no nsɛm. Dɛn nti na wotu mpɔn? Dɛn na aboa wɔn ma wɔadi wɔn nan ase a wɔbɛtwetwɛn su no so? Afã bɛn na awofo ne afoforo a wɔn ho akokwaw anya wɔ wɔn nkɔso mu? Kristofo awofo bɛpɛ sɛ wɔhyɛ wɔn mma nkuran ma wonya nkɔso kodu ahosohyira ne asubɔ mu.—March 1, 1988 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 25-26. nkyekyem 21, 22.
Dwom 214 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 26
Dwom 147
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Ka dapɛn no mu asafo no asɛnka nhyehyɛe ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka mu kyɛfa kɛse wɔ wiase no ahomegye dapɛn no mu. Ka nea yɛde rema Kwasida a edi kan January mu no ho asɛm. Adawurubɔfo nnye bi wɔ faako a wɔtɔn nhoma no wɔ mpaebɔ a wɔde pɔn no akyi.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra.” Asemmisa-ne-mmuae nsusuwho. Wɔ nkyekyem 5 akyi no, ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ sɛnea wɔdan Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no bere a wɔne abofra kasa no ho ɔyɛkyerɛ. Ɔkwan bɛn so na wobetumi de nhoma ama? Ɔkwan bɛn so na wobetumi awie nkɔmmɔbɔ no a wɔmmfa nhoma mma?
15 min: “Nya Adwempa.” Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ June 1, 1986 Watchtower, nkratafa 28-30 so. Ma ɛmfa mo hɔ tebea horow te sɛ nkurɔfo no anibiannaso ne asasesin a wɔtaa yɛ mu adwuma, afã biara a wonni ho nsɛnnennen, ne nea ɛtete saa ho.
Dwom 54 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 2
Dwom 62
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya asɛnka mu kyɛfa dapɛn awiei yi. Tĩ nhoma a yɛde rema January no mu na ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa. Si nhoma a yɛde rema no mu nsɛntitiriw so dua.
18 min: Yɛn Tɛkrɛma a Yɛbɛtete no Yiye ma Ahyɛ Wɔn a Wɔn Abaw mu Abu Nkuran. Nneɛma pii tumi bu nkurɔfo abaw mu nnɛ: sikasɛm ho nsɛnnennen, ɔdɔfo bi wu, ɔyare, mmofra anaa ɔhokafo honhom mu nsɛnnennen, ne nea ɛkeka ho. Abasamtu a yebegyae yɛn ho mu ama no ma yɛn ho da hɔ ma Satan ntua. (Mmeb. 24:10; fa toto Luka 22:31 ho.) Ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wɔbɛhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran na wɔaboa wɔn ho wɔn ho. (1 Tes. 5:14; Gal. 6:2) Yesuasua Kristo wɔ eyi mu. (Mat. 11:28-30) Ɔkwan bɛn so? Denam mmɔborohunu a yɛbɛyɛ so. (Rom. 12:15) Denam ntɛm a yɛbɛyɛ de ayɛ ade akwan a eye so so. (Yak. 2:14-17; fa nkrat. 117-21) Bere a mode Reasoning nhoma no redi dwuma no, ma atiefo nka kyerɛw nsɛm ahorow a wobetumi de adi dwuma de aboa nnipa a wɔwɔ asafo no ne asasesin no mu wɔ nsɛnnennen ahorow pɔtee bi ho ho asɛm. Ma nnipa baanu anaa baasa a wɔwɔ atiefo no mu mfi faako a wɔte no nka sɛnea afoforo hyɛɛ wɔn nkuran ahohia bere mu ne bere a wohyiaa wɔn ankasa nsɛnnennen nkyerɛ. (Aso. 28:15) Bɛn Yehowa, hwehwɛ mpanyimfo hɔ mmoa, na nnyae mpaebɔ mu da, na ko tia abasamtu saa kwan no so.—Yak. 4:8; Yes. 32:1, 2; Efe. 6:17, 18.
15 min: Wo ne Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe no Nyɛ Biako Koraa. Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo anaa nhoma adesua sohwɛfo a ne ho akokwaw ma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmmfa wɔn ho nhyɛ adesua ne asɛnka mu na wɔmmoa kuw no mma wonni dwumadi ahorow te sɛ Ahenni Asa so siesie ne ɛsohwɛ ho dwuma. Fa nkamfo ne afotu a ɛfata mo hɔ nsɛm tebea no ma.
Dwom 12 ne mpaebɔ a wɔde wie.