Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/90 kr. 3-6
  • 1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NHYIAM NHYEHYƐE AHOROW
  • DABERE HO NHYEHYƐE
  • AKWANTU TUMI NKRATAA NE AMANNƆNE SIKA
  • KA “KASA KRONN” NO BERE NYINAA
  • Yehowa Adansefo 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Yehowa Adansefo 1995 “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1995
  • Yehowa Adansefo 1993 “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 7/90 kr. 3-6

1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam

1 Bɛboro mfe ɔha a atwam ni no, nhyiam akɛse ayɛ yɛn som fã titiriw. Ne titiriw, fi bere a wɔhyɛɛ yɛn asɛnka dwumadi no mu den wɔ afe 1919 mu no, nhyiam horow yi ayɛ honhom mu ahodwo bere soronko, efisɛ wɔda Onyankopɔn Asɛm mu hann a ɛhyerɛn a ada adi no adi.

2 Sɛ nhwɛso no, kae anigye a enni ano a wɔdaa no adi wɔ Columbus, Ohio, U.S.A., wɔ afe 1931 mu, bere a Onyankopɔn nkurɔfo nyaa din foforo, Yehowa Adansefo no. Afei nso, wɔdaa anigye kɛse adi wɔ nokware no a wɔdaa no adi wɔ Washington, D.C., U.S.A., wɔ afe 1935 mu, a na ɛkyerɛ sɛ “nnipakuw kɛse” no anidaso ne sɛ wobenya nkwa akɔ Yehowa wiase foforo no mu no ho.​—Adi. 7:9.

3 Bere a yɛn dodow kɔɔ anim wɔ Wiase Ko II akyi no, ebehiae sɛ wɔyɛ nhyiam no bebree. Enti, na wɔyɛɛ nhyiam a ɛte sɛɛ a wɔtoo din sɛ ɔmantam nhyiam horow no asia a nnipa bɛyɛ 66,000 na wɔkɔe no wɔ United States wɔ afe 1948 mu no. Ghana no, yɛyɛɛ yɛn ɔmantam nhyiam horow a edi kan no wɔ January afe 1960 mu. Na wɔfrɛ no “Nyan Asomfo” Ɔmantam Nhyiam, na wɔyɛe wɔ Koforidua, Tarkwa, Swedru, Konongo, Ho ne Tamale, na dodow a ɛsen biara 10,193 na wɔkɔe. Wɔbɔɔ nnipa a wɔn dodow nkabom yɛ 342 asu. Saa bere no mu no, na adawurubɔfo a wɔwɔ Ghana no boro 8,000 kakraa bi. Annu mfe 30, wɔ December 1988 mu, bere a na adawurubɔfo bɛboro 34,000 na wɔwɔ Ghana no, nnipa 117,827 na wɔkɔɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam horow no wɔ Accra, Kumasi, Sekondi ne Tamale. Nhyiamfo anigyefo mu nkɔanim kɛse bɛn ara ni!

4 Afe a etwaam no esiane nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so nti, yɛannya hokwan ankɔ “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam horow no wɔ ɔman yi mu. Afe yi yɛasi yɛn bo sɛ yebedi ɔhaw yi ho dwuma na ama yɛatumi anya 1990 “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam horow no mu mfaso. Enti, yɛto nsa frɛ wo sɛ kenkan nhyehyɛe a ɛwɔ ase hɔ no yiye.

NHYIAM NHYEHYƐE AHOROW

5 Esiane sɛ na wonyii nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so no bere a yɛrebetintim eyi no nti, ɛda adi sɛ yentumi nyɛ ɔmantam nhyiam horow no wɔ Ghana. Esiane eyi nti, wɔayɛ nhyiam anum ho nhyehyɛe wɔ aman a ɛbemmɛn no mu sɛnea edidi so yi:

NHYIAM A:

Beae: Koumassi, Abidjan, Cote d’Ivoire

Bere: August 30 kosi September 2, 1990

Kasa: Twi

Asafo Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ: Asafo ahorow a ɛwowɔ Brong Ahafo ne Western Region, gye amansin 16 (Tarkwa) ne 20 (Bibiani) .

NHYIAM B:

Beae: Cotonou, Republic of Benin

Bere: November 29 kosi December 2, 1990

Kasa horow: Ewe, Franse

Asafo Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ: Adawurubɔfo a wɔwɔ Ghana, Togo, ne Benin a wɔka Ewe ne Franse kasa nyinaa.

NHYIAM C:

Beae: Koumassi, Abidjan. Cote d’Ivoire

Bere: December 20 kosi 23, 1990

Kasa: Twi

Asafo Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ: Asafo ahorow a ɛwowɔ Greater Accra Region ne ɔmansin 16 a ɛwɔ Western Region nyinaa.

NHYIAM D:

Beae: Koumassi, Abidjan, Cote d’Ivoire

Bere: December 27 kosi 30. 1990

Kasa: Twi

Asafo Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ: Asafo ahorow a ɛwowɔ Eastern ne Central Region nyinaa.

NHYIAM E:

Beae: Koumassi, Abidjan, Cote d’Ivoire

Bere: January 3 kosi 6,1991

Kasa: Twi

Asafo Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wɔkɔ: Asafo ahorow a ɛwowɔ Ashanti, Northern, Upper East ne Upper West Region nyinaa. Afei nso, asafo ahorow a ɛwowɔ ɔmansin 20 mu.

6 Wɔbɛyɛ Twi nhyiam ahorow no nyinaa wɔ Cote d’Ivoire. Baa dwumadibea a ɛwɔ Cote d’Ivoire no sua yiye. Eyi ne nneɛma afoforo ma ɛho hia sɛ yɛma nhyiamfo 2,000 pɛ kɔ nhyiam no biara. Nea ɛbɛyɛ na yɛayɛ eyi pɛpɛɛpɛ no, yɛakyerɛ sɛ wɔn a wɔwɔ ɔman no afa horow nkɔ nhyiam horow no sɛnea yɛakyerɛ wɔ atifi hɔ no. Ehia sɛ ɔdawurubɔfo biara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ nhyiam no biako no yɛ nhyehyɛe na watumi akɔ nhyiam pɔtee a yɛkyerɛ sɛ n’asafo nkɔ no. Eyi ho hia efisɛ wɔn a wɔyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe rento nsa mfrɛ nhyiamfo mfi mmeae afoforo. Yɛsrɛ mo, monhyɛ eyi nsow yiye.

7 Asafo ti no abɔ nhyiamfo a wɔkyerɛ sɛ wɔnkɔ “Nhyiam A” fi August 30 kosi September 2, 1990 no amanneɛ dedaw. Yɛama wɔn Adammisa nkratasin dedaw, na yegye di sɛ wɔde amana wɔn a wɔyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe wɔ Cote d’Ivoire no dedaw.

DABERE HO NHYEHYƐE

8 Mprempren yɛde Adammisa nkratasin remana asafo ahorow a aka no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wogye di yiye sɛ wɔbɛkɔ Twi nhyiam no bi wɔ Cote d’Ivoire no kogye Adammisa kratasin fi nea ɔhwɛ nhyiam ho nsɛm so nkyɛn September 1, afe 1990 akyi. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ kratasin no na wɔde kɔma: Rooming Department, 06 B.P. 393, Abidjan 06. Cote d’Ivoire wɔ saa bere no mu, (ɛnsɛ sɛ wɔyɛ saa ansa na saa bere no adu) .

9 Enhia sɛ wɔn a wɔbɛkɔ nhyiam no nanso wonhia dabere denam Asafo ti no so no hyehyɛ Adammisa kratasin no. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw krataa wɔ September 1, afe 1990, akyi de kɔma address a ɛwɔ atifi hɔ no, na wɔkyerɛkyerɛ mu sɛ wɔbɛba nhyiam no, nanso wɔwɔ wɔn ankasa dabere. Ɛsɛ sɛ krataa no kyerɛ nnipa dodow a wɔbɛba nhyiam no aka nea ɔkyerɛw krataa no ho no, sɛ nhwɛso no, ne yere ne ne mma, anaa ne nnamfo a wɔnkyerɛw krataa no bi no. Nokwarem no, wɔn a wɔbɛhyehyɛ Adammisa kratasin no bɛkyerɛw wɔn a wɔne no bɛtra faako no nyinaa din wɔ kratasin no so. Eyi ho hia yiye efisɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe no hu wɔn a wɔbɛba nhyiam no dodow pɛpɛɛpɛ.

10 Hwɛ hu sɛ wobɛkyerɛw nhyiam a wɔkyerɛ sɛ kɔ ne bere no wɔ Adammisa kratasin no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛyɛ Nhyiam D a, kyerɛw “CONVENTION D” ne bere no, “DECEMBER 27-30, 1990” akɛseakɛse wɔ Adammisa kratasin no atifi. Sɛ ɛnyɛ Adammisa kratasin na wobɛhyehyɛ na mmom krataa na wobɛkyerɛw a, ɛnde ɛsɛ sɛ wokyerɛw amanneɛbɔ koro no ara sɛ wo krataa no asɛmti. Sɛnea yɛaka no, ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ nhyiam a wɔkyerɛ sɛ n’asafo nkɔ no. Sɛ wopaw foforo a, wontumi nnye ntom.

11 Yɛde Adammisa nkratasin remana wɔn a wɔbɛkɔ Benin nhyiam a wɔbɛyɛ no Ewe ne Franse kasa mu no nso wɔ saa bere yi mu. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔtwɛn kosi sɛ wɔbɛte yɛn nka bio afa faako a ɛsɛ sɛ wɔde wɔn Adammisa kratasin a wɔahyehyɛ awie no kɔ, ne bere a ɛsɛ sɛ wɔde nkratasin no mana. Wɔn nsa bɛka amanneɛbɔ yi bere a yɛte biribi fi Nigeria baa dwumadibea no nkyɛn ara pɛ no. Wɔntoo nnipa dodow a wɔbɛkɔ Benin nhyiam no ano hye ɛ. Kasa horow a wɔbɛka no nkutoo na anohyeto wom. Enti, yɛhyɛ Ghana ne Togo adawurubɔfo a wɔka Ewe anaa Franse kasa no nyinaa nkuran sɛ wɔmpaw sɛ wɔbɛkɔ Benin nhyiam no.

12 Ɛdefa Engiresi kasa nhyiam ho no, wɔbɛyɛ nea ɛbɛn yɛn sen biara no wɔ Nigeria baa dwumadibea no asasesin mu. Ɛrenkyɛ, Nigeria de wɔn nhyiam no nhyehyɛe ho amanneɛbɔ bɛbrɛ yɛn. Sɛ yɛn nsa ka eyi ara pɛ a, yɛbɛbɔ asafo ahorow no nyinaa amanneɛ na ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Engiresi kasa nhyiam wɔ Nigeria no atumi ayɛ nhyehyɛe akɔ. Nigeria baa dwumadibea no na ɛbɛyɛ nhyiam horow no ho nhyehyɛe de dwumadi mũ no nyinaa ama.

13 Yɛsrɛ mo, monhyɛ no nsow sɛ, esiane sɛ nnipa kakraa bi na wobetumi akɔ nhyiam horow no wɔ Cote d’Ivoire nti, ehia sɛ wɔn a wɔde Adammisa nkratasin mana ne wɔn a wɔkyerɛw nkrataa sɛnea yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ nkyekyem 9 wɔ atifi hɔ no nyinaa hwɛ hu sɛ wobɛkɔ”nhyiam no ampa. Ɛte saa, efisɛ nnipa 2,000 a wodi kan a wɔn a wɔyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe nsa bɛka wɔn Adammisa nkratasin nkutoo na wɔbɛto nsa afrɛ wɔn akɔ nhyiam no. Sɛ woka mprempren sɛ wobɛkɔ bere a wunnye nni sɛ wobɛkɔ, na wɔto nsa frɛ wo nanso akyiri yi koraa wɔankɔ a, na woasɛe hokwan a obi a anka obetumi akɔ, nanso nsa kaa n’adammisa kratasin bere a nsa aka wo de akyi benya no. Enti, anyɛ yiye koraa, hu no yiye sɛ wubetumi akɔ ansa na wode wo adammisa kratasin no amana. Sɛ wode wo Adammisa kratasin anaa krataa mana a, yɛsrɛ wo, twɛn kosi sɛ wobɛte biribi afi wɔn a wɔyɛ nhyiam no ho nhyehyɛe hɔ wɔ Abidjan ansa na woafi fie akɔ nhyiam no.

AKWANTU TUMI NKRATAA NE AMANNƆNE SIKA

14 Sɛ wubetumi atu kwan no a, wuhia nea edidi so yi:

(i) Passport anaa Travel Certificate a anyɛ yiye koraa no, ebedi asram asia ansa na awu fi da a wopɛ sɛ wutu kwan no.

(ii) Health certificate a wɔakyerɛw mu sɛ wɔasesa wo wɔ nyarewa a edidi so yi ho:

a. Yellow fever

b. Cholera

Yɛsrɛ wo, hwɛ hu sɛ woayɛ nneɛma yi nyinaa pɛpɛɛpɛ, anyɛ saa a, wuntumi ntu kwan no. Sɛ mmofra bi bɛka wo ho atu kwan no a, ɛsɛ sɛ wonya wɔn ankasa passport a enwui anaa wɔkyerɛw wɔn din wɔ awofo a wɔne wɔn tu kwan no biako passport mu. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara nya n’ankasa Health Certificate a enwui, sɛnea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no.

15 Ɛdefa sika a wode bɛto wo bɔtɔ mu ho no, yegye di sɛ wubetumi atɔ CFA francs a wubehia no nyinaa wɔ forex bureaux wɔ ha. Yɛsrɛ wo, hwɛ hu sɛ wɔbɛfa amannɔne sika biara a wobɛtɔ wɔ forex bureaux no ho nkrataa de aka wo nneɛma ho de atu kwan no. Hwɛ hu nso sɛ wowɔ sika a ɛdɔɔso a ɛbɛso wo di wɔ nhyiam no, ne nna foforo biara a ebia wubedi wɔ nhyiam kurow no mu no mu. Wɔ mo a mobɛkɔ Twi nhyiam no wɔ Abidjan fam no, yɛpɛ sɛ yɛka eyi: Ɛsɛ sɛ momma ɛtra mo adwenem sɛ nneɛma bo yɛ den kɛse wɔ Côte d’Ivoire sen Ghana. Afei nso, sɛ ebia wobɛkɔ nhyiam no wɔ Abidjan anaa Cotonou no, kae sɛ anyɛ yiye koraa no, wubetua lɔre akatua a wobɛsan de aba no fã bi wɔ CFA francs mu.

16 Esiane nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so no nti, Asafo ti no rentumi mma nkrataa biara a ɛbɛboa mo ma moakogye akwantu tumi nkrataa te sɛ passport. Enti ɛsɛ sɛ ankorankoro yɛ wɔn ankasa nhyehyɛe. Yegye di sɛ mowɔ bere a ɛdɔɔso fi mprempren kosi bere a wɔbɛyɛ nhyiam no, a mode bɛyɛ nhyehyɛe na moayɛ nneɛma yi pɛpɛɛpɛ. Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ nhyiam no biara bere a n’akwantu tumi nkrataa awu.

17 Sɛnea ɛbɛyɛ na moakwati nkyereso wɔ faako a mobɛtra ɔhye no, yɛhyɛ nyansa sɛ, nhyiamfo no mu binom nyɛ nhyehyɛe mfi fie nhyiam dapɛn no Dwoda. Afoforo nso betumi akɔ Benada, na afoforo nso Wukuda. Eyi bekwati tra a nhyiamfo 2,000 anaa bɛboro saa bɛtra ɔhye no bere tiaa mu da koro, efisɛ eyi betumi ama nsɛnnennen asɔre. Afei nso, sɛ obiara si gyinae sɛ obefi fie bere a aka da koro ma nhyiam no adu a, akwantufo pii bɛfa kwan no so saa da no asen lɔre. Eyi bɛkyerɛ sɛ ebinom rentumi ntu kwan no koraa. Enti, asafo biara mu no, momma mpanyimfo no nyɛ nhyehyɛe na ama nhyiamfo no bi afi fie Dwoda, na afoforo akɔ Benada, na afoforo nso Wukuda. Yegye di sɛ wode da koro anaa nnanu a wubedi wɔ Abidjan anaa Cotonou aka nhyiam nna no no bɛsrasra mmeae ahorow anaasɛ waboa ayɛ adwuma biara a edi nhyiam anim a ɛwɔ hɔ no.

18 Mubehu nhyiam horow no ho akwankyerɛ foforo wɔ Nkaebɔ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som yi mu ase hɔ. Yɛde akwankyerɛ foforo bɛmana asafo ahorow no wɔ bere ne bere mu bere a nhyehyɛe ahorow no kɔ so di mu no. Seesei de, yegye di sɛ mowɔ amanneɛbɔ a ɛdɔɔso a ɛbɛma moafi mo ahoboa ase mprempren.

KA “KASA KRONN” NO BERE NYINAA

19 Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa de kasa di adwuma wɔ ne kwan a ɛyɛ anigye sen biara so, woyi wɔn Bɔfo no ayɛ, na wɔde nokware kasa pa, ne titiriw no Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa hyɛ wɔn yɔnko den. (Mat. 24:14; Tito. 2:7, 8; Heb. 13:15; fa toto Dwom 109:30.) ‘Kronn’ a kasa yi yɛ no da adi wɔ sɛnea anobow, bobɔne, abufuw, nteɛteɛm, ne ɔyaw, ne nnaadaa, kasafĩ ne ɔporɔw nnim no mu.​—Efe. 4:29, 31; 1 Pet. 3:10.

20 Enti, anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ wobɛkɔ nnanan “Kasa Kronn” Ɔmantam nhyiam horow a wɔayɛ ho nhyehyɛe afe yi na woakogye afotu ne nkuranhyɛ bere a yɛkɔ so ka nokware no “kasa kronn” no wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. (Sef. 3:9, NW) Ɛdenam nhyehyɛe a ehia a wobɛyɛ akɔ so no, wubetumi anya honhom mu nhyira pa a ɛtwɛn wɔn a wɔbɛkɔ no bi. Ebegye afɔrebɔ kɛse. Nanso mfaso no bɛyɛ nea ɛso yiye. Ampa, yɛde yɛn ho to Yehowa so sɛ ɔmma eyi nyɛ nhyiam bere foforo a ɛyɛ anigye bere a yɛde biakoyɛ kɔ yɛn anim de som no a nsa a wɔde ato yɛn dwumadi so no mfa ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena