Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/90 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 12
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 19
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 26
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 2
Yɛn Ahenni Som—1990
km 3/90 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE MARCH 12

Dwom 180

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wobɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma April mu. Bɔ asafo no nhoma dedaw a mowɔ bi no ho amanneɛ.

20 min: “Dwumadi Kɛse Bere.” Asemmisa-ne-mmuae a wode susuw asɛm no ho. Kyerɛ dodow a wɔahyehyɛ akwammisa nkrataa dedaw sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo April ne May mu. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ɔhyew mu sɛ wonsusuw hokwan ahorow a ɛwɔ hɔ sɛ wɔbɛma wɔn asɛnka dwumadi anya nkɔanim esiane ɔkasa titiriw no ne Nkaedi no nti ne asram abien bere no nyinaa mu no ho.

15 min: Asemmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Fa anifere di dwuma nanso kyerɛ sɛnea afotu no fa mo hɔ tebea ho pɔtee no sɛnea ɛho hia. Wubetumi atwe atiefo aba nkɔmmɔbɔ no mu.

Dwom 190 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 19

Dwom 85

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkɔ asɛnka dapɛn awiei yi. Munti nsɛmma nhoma foforo a aba mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma ɔkwan a etu mpɔn so wɔ mo asasesin no mu no mu. Sika akontaabu. Kenkan ntoboa biara a Asafo ti no akyerɛ sɛ nsa aka February mu no. Kamfo anuanom wɔ ntoboa a woyi de boa asafo no ho.

15 min: “Wɔayɛ Nsɛmma Nhoma Atitiriw.” Ɔkasa ne asɛm no mu nkɔmmɔbɔ denam nsemmisa so. Fa mo hɔ adawurubɔfo a wɔma nsɛmma nhoma bɔnnɔ so adansedi mu, anaasɛ wɔde ma wɔn a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa no osuahu ahorow ka ho.

20 min: Nsɛmma Nhoma a Wɔde ma ho Nyansahyɛ Ahorow a Eye. Munsusuw nyansahyɛ ahorow a edidi so yi ho na ma adawurubɔfo nka sɛnea wɔde adi dwuma ma ayɛ yiye no ho asɛm: (1) Kenkan nsɛmma nhoma no na hu emu nsɛm no yiye. (2) Paw nsɛm a mpɔtam hɔfo ani begye ho titiriw no. (3) Fa nsɛmma nhoma no sɔ anwummere adansedi hwɛ. (4) Ka asɛmti biako pɛ ho asɛm, na si nsɛmma nhoma biako pɛ so dua, bere a wode foforo no ma sɛ ne hokafo. (5) Fa adamfofa su kasa brɛoo na emu nna hɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnsɔ nyansahyɛ ahorow a eye yi nhwɛ bere a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛma nsɛmma nhoma pii wɔ mo asasesin no mu no.

Dwom 6 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 26

Dwom 207

8 min: Asafo mu nkaebɔ, a dapɛn awiei asɛnka ho nhyehyɛe ka ho. Teokrase Nsɛmmansɛmma.

7 min: Mfaso Horow a Ɛwɔ Abusua Bible Adesua a Wɔyɛ Daa So. Ɔkasa. Mfe du du pii ni no, Yehowa ahyehyɛde no ahyɛ mmusua ti nkuran sɛ wɔne wɔn mmusua mufo nyɛ Bible adesua a wɔyɛ daa. Faako a wɔayɛ eyi no, wɔanya mfaso pii. Adesua a ɛte sɛɛ no aboa ma ɔdɔ ne asomdwoe honhom atra abusua no mu. Mmofra anya mfaso akodu sɛ woabɛyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so, wɔanya nkɛntɛnso pa wɔ wɔn asafo mu, na mpɛn pii no wɔahyɛn bere nyinaa som adwuma mu. Eyi de anigye kɛse abrɛ Kristofo awofo ne afoforo a wohuu nkɔso a wonyae no.

17 min: Mmofra Komam a Wobedu. Ɔpanyin bɔ nhoma ahorow a wɔahyɛ da asiesie de reboa mmofra no mu nsɛntitiriw ho nkɔmmɔ tiawa. Nea ɛka abusua adesua a wɔyɛ daa ho no, abusua mufo nya honhom mu nkɔmmɔ a wɔbɔ sɛnea wonya ho kwan biara mu no mu mfaso. Monyɛ abusua nkɔmmɔbɔ faako a abusuabɔ a emu yɛ hyew da agya ne mma no ntam ho ɔyɛkyerɛ. Wɔn nkɔmmɔbɔ no yɛ nsɛm a wonnii kan nsiesiei a wɔka kyerɛ, na ɛnyɛ asemmisa-ne-mmuae dwumadi. Abusua no mu mmofra no mu biako abisa sɛ obetumi ne mpɔtam hɔ mmofra akɔbɔ bɔɔl anaa. Munnyina Young People Ask nhoma no nkratafa 64-7 so nhyehyɛ nsɛm no. Ɔwofo no bisabisa nsɛm a wɔde hu nneɛma mu de hu sɛ abofra no te Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow a ɛwom no ase na ogye tom anaa. Si so dua sɛ ɛho nhia sɛ ɛsɛ sɛ nnamfo a yɛbɛn wɔn kɛse no yɛ wɔn a yɛne wɔn mfe yɛ pɛ. Paw mmofra a wɔakenkan nhoma no afa bi, na ma wɔnkyerɛ wɔn adwene. Ma wɔnkyerɛ nea enti a asɛm no tumi boa. Hyɛ mmofra nkuran sɛ wɔnkenkan nhoma no na si hia a ɛho hia sɛ awofo behu emu nsɛm no yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de nsɛmpɔw a ɛfata no aka abusua nkɔmmɔbɔ ho no so dua.

18 min: Ɔpanyin bisabisa awofo a wɔatumi atete wɔn mma wɔ nokware no mu anaasɛ wɔn a wotumi yɛ saa no nsɛm. Si anigye a wɔanya ne nea wɔahu sɛ ɛboa wɔ abusua adesua ne nkɔmmɔbɔ a wɔyɛ daa na edi mu a wɔbɛyɛ mu no so dua. To nsa frɛ awofo wɔ ɔkwan a ɛka koma so sɛ wɔnyɛ abusua adesua daa na to nsa frɛ mmofra sɛ wɔmmoa. Nsɛm tebea horow no renyɛ papa bere nyinaa. Ɛho hia sɛ abusua no mufo nyinaa bom yɛ adwuma. Sɛ wɔyɛ saa a, wobetumi aboa wɔn ho wɔn ho ma wɔanantew nkwa kwan no so.​—1 Tim. 4:16.

Dwom 123 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 2

Dwom 172

7 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran na wonnye Revelation Climax nhoma a ɛdɔɔso na wonnya nhoma a yɛde ma asɛnka mu dapɛn awiei yi no mu kyɛfa kɛse.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Nkaedi Bere no Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnkyerɛkyerɛw ankorankoro a wobetumi akɔsra wɔn no din. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛyɛ akwampaefo aboafo adwuma April ne May mu.

18 min: “Yehowa mu Ahotoso a Yɛbɛda Adi Denam Akwampae Adwuma a Yɛbɛyɛ So.” Asemmisa-ne-mmuae a ɔsom adwuma so hwɛfo de susuw asɛm no ho ɔhyew so ne anigye mu. Bisabisa akwampaefo biako anaa baanu nsɛm, si anigye a wonyae bere a wodii nsɛnnennen ahorow so no so dua. Ka nea wɔreyɛ na wɔde mmoa a eye ama akwampaefo no kyerɛ.

Dwom 14 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena