Wɔayɛ Nsɛmma Nhoma Atitiriw
1 Watchtower ne Awake! a ɛbɛba April ne May mu no bɛka nsɛm bi a ɛyɛ anigye kɛse ma wɔn a wɔhwehwɛ daakye a ɛyɛ anigye nyinaa. Sɛ nhwɛso no, April 1 ne April 15 Watchtower no nsɛmti ne “Hena na Obedi Adesamma Anim Akɔ Asomdwoe Mu?” ne “Wiase Asomdwoe—Dɛn na Ɛbɛkyerɛ Ankasa?” Nnipa kakraa bi na wonim saa nsemmisa yi ho mmuae a ɛteɛ. Nanso Yehowa mma yɛn adwenem nyɛ yɛn keserenenee. (Amos 3:7) Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa komapafo ɔpepem pii nso bɛpɛ sɛ wonya mmuae a ɛyɛ nokware.
2 April ne May Awake! no mu nsɛmti bi ne “Anidaso Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Nkwa Tenten?” “Asase a Ɛso Tew—So Wobɛtra Ase Ahu?” ne “Wiase a Atuo Nnim—So Ebetumi Ayɛ Yiye?” So wugye tom sɛ ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu no nya hokwan kenkan nsɛmma nhoma ahorow yi anaa?
KYƐFA KƐSE A YEBENYA
3 Ɛsɛ yɛyɛ nhyehyɛe mprempren sɛ yebenya nsɛmma nhoma atitiriw a ɛbɛba April ne May mu yi nyinaa kyekyɛ mu kyɛfa kɛse. Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe sɛ wubegye bere a ɛdɔɔso sen sɛnea woyɛ daa no ama nsɛmma nhoma kyekyɛ? Esiane sɛ nsɛmma nhoma ahorow no ka nsɛmti a ɛyɛ ne bere mu de saa ho asɛm nti, yebetumi de ahotoso ne anigye akyekyɛ.
4 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma nsɛmma nhoma a yɛde ma no anya nkɔanim? Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛkenkan nsɛmma nhoma ahorow no fefeefe. Dodow a yehu nsɛmma nhoma no mu nsɛm yiye no, dodow no ara na yɛn nnamyɛ wɔ ne kyekyɛ mu no yɛ kɛse. Sɛ yɛrekenkan a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden hu nsɛmpɔw a yebesi so dua wɔ nsɛm ahorow no mu. Dɛn na ɛwɔ nsɛm no mu biara mu a ebia nnipa pɔtee bi ani begye ho? Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Hena na ɔbɛkyerɛ saa nsɛm yi ho anisɔ titiriw? Dɛn na ofipamfo, ɔyɔnko, odwumayɛni, sukuuni ne wɔn a wɔtete saa no ani begye ho?’ Sɛ yebetumi atu mpɔn ampa a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa tumi kamfo nsɛmma nhoma ahorow no kyerɛ a yegyina nimdeɛ ne anigye a yɛanya wɔ nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de no mu no so.
FA W’ANKASA BOTAE BI SI HƆ
5 Ebia ebinom bɛpɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma ahorow a wɔbɛma April kosi June mu nyinaa ho botae bi si wɔn ani so, titiriw no wɔ May ne June mu bere a yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka nsɛmma nhoma atitiriw no wɔ ha no. Yɛrehyɛ akwampaefo aboafo dwumadi kɛse ho nkuran wɔ Nkaedi bere no mu. So wobɛyɛ nhyehyɛe sɛ wubenya mu kyɛfa? Sɛnea wo nhyehyɛe te biara no, di kan yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkyekyɛ nsɛmma nhoma atitiriw yi pii.
6 Nokwarem no, akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so akyekyɛ nsɛmma nhoma no wɔ afie afie adwuma no akyi. Anuanom pii anya wɔn a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa. Sɛ wosan kɔsra anigyefo a, wubetumi agyaw nea aba foforo no bi ama wɔn. Bɔnnɔ so adansedi nso yɛ ɔkwan pa a wɔfa so di adanse na wɔma nsɛmma nhoma.Ɛtɔ mmere bi a akyi fɛfɛ no a wɔde kyerɛ no nkutoo dɔɔso sɛ wɔde befi nkɔmmɔbɔ ase anaasɛ wɔde bɛma.
7 Kae sɛ yɛn nsɛmma nhoma ahorow no yɛ soronko. Ɛkyerɛ ɔkwan a ɛde kɔ asomdwoe, anigye ne daa nkwa mu. (Yoh. 17:3) Enti yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wode Watchtower ne Awake! a wobetintim no April ne May mu no benya dwumadi pii mu anigye.