Dwumadi Kɛse Bere
1 Bere a mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei bɛn kɛse na yehu sɛnea Yehowa rehyira yɛn som adwuma no so kɛse no, ɛho hia yiye sɛ yetie Petro afotu a ɛne sɛ ‘yɛnkyekye yɛn adwene asen mma dwumadi’ no.—1 Pet. 1:13; Yes. 60:22.
2 Bere a Petro de afotu a ɛwɔ atifi hɔ no mae no, na ɔrekyerɛw nkwagye a ebetumi ayɛ yɛn de denam Yesu Kristo mogya a wahwie agu so no ho asɛm. Ahenni ho asɛmpa no a yɛbɛbɔ no dawuru no yɛ ɔkwan biako a yɛwɔ a yɛde da yɛn gyidi adi na yɛde kyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma mfaso horow a yenya esiane Yehowa dɔ a ɔdaa no adi denam ne Ba no a ɔde no mae sɛ akyɛde no so no. (Yoh. 3:16) Nkaedi bere no yɛ bere a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma kɛse koraa wɔ adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn yi mu.
NKAEDI AFAHYƐ NE ƆKASA TITIRIW
3 Wɔbɛhyɛ Nkaedi fa no afe yi April 10 bere a owia akɔtɔ no. Mprempren mpo, bere a yɛhwɛ ɛda titiriw no kwan no, yebetumi apɛɛpɛe yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ ne ɔkwan a yɛnam so rekae Yesu afɔrebɔ no mu. So yɛda yɛn gyidi adi da biara denam Yehowa trenee gyinapɛn ahorow no a yɛbata ho dennen wɔ yɛn nsusuwii, yɛn kasa ne abrabɔ mu no so? So yɛreyi ɔdɔ adi akyerɛ afoforo denam yɛn ho a yɛreyere aka Ahenni no ho asɛm na yɛayɛ asuafo no so? Ɔkwan titiriw bi so, wɔ Nkaedi afahyɛ no mu afe biara no, yɛkae nea Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ ama yɛn no. (Luka 22:19; 1 Kor. 11:23, 24) Ɛsɛ sɛ nneɛma a yɛkaakae de susuw nneɛma ho saa no ka yɛn ma yɛyɛ ade pɔtee ma ɛne nea yetumi yɛ sɛ ankorankoro ne yɛn nsɛm tebea horow hyia.
4 March 25 no, Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase no mu pii bɛma ɔkasa titiriw a n’asɛmti ne “Hwehwɛ Nkwa Ankasa No!” Hokwan fɛfɛ a ɛsɛ sɛ ɛma afoforofo fi ase ne asafo no bɔ fekuw bɛn ara ni! Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔbɛkɔ akotie ɔkasa titiriw no nkuran ma wɔba Nkaedi afahyɛ no ase April 10.
MOMMA NSƐMMA NHOMA ATITIRIW NO KYEKYƐ NKƆ ANIM
5 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no di afa a ɛho hia ho dwuma wɔ yɛn baguam ɔsom adwuma mu bere a ɛde honhom fam aduan ne nsɛm a yɛkenkan a ɛyɛ ne bere mu de ma yɛn nyinaa no. Ahenni adawurubɔfo nyinaa ani bɛsɔ mmɔden titiriw a wɔbɔe de siesiee April ne May nsɛmma nhoma ahorow no. Yebesi eyinom so dua bere a yɛka nsɛmma nhoma kra ho asɛm May ne June mu no. Bɔ mmɔden sɛ wubehu ebiara mu nsɛm fefeefe ntɛm ara bere a wo nsa aka no. Eyi bɛkanyan wo nnamyɛ na ama wode ama wɔ asɛnka mu bere a woka nsɛmma nhoma kra ne mfuamfua a wɔde ma ho asɛm anaasɛ bere a wode nsɛmma nhoma abien ka nhomawa no mu biara ho de ma wɔn a wɔankra bi no.
6 So wubetumi anya bere wɔ wo nhyehyɛe mu de ayɛ ɔkwampaefo aboafo adwuma April ne May mu? Sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ asafo no mu pii yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛyɛ akwampaefo bere koro mu a, wobetumi aboa na wɔahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ saa bere ttiriw a yɛde yɛ adwuma kɛse yi mu. Mpanyimfo no ani begye sɛ wɔbɛboa denam nhyehyɛe afoforo a wɔbɛyɛ aka ho ama kuw adansedi faako a ɛho hia na ebetumi ayɛ yiye no.
7 Susuw w’ankasa nsɛm tebea horow, te sɛ abusua asɛyɛde, akwahosan, adwuma anaa sukuu nhyehyɛe ho anibere so. Sɛ woantumi anyɛ akwampae adwuma saa bere yi a, wubetumi ama asɛnka mu kyɛfa a wunya no akɔ anim akodu he? Ɛda adi yiye sɛ Yehowa ani sɔ ɔsom a efi ɔkra nyinaa mu a ɛda ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma no wɔ ne Ba. Yesu akyɛde a ɛsom bo kɛse no ho no ho. Bere a yegyina Onyakopɔn Asɛm no so pɛɛpɛe yɛn ho mu na yɛkyekyere yɛn adwene asen ma dwumadi no, yebetumi anya Yehowa honhom no mu ahotoso sɛ ebeso yɛn mu wɔ ayeyi afɔre a ɛsɔ ani a yɛbɔ no mu.—Heb. 13:15.