Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/90 kr. 1-8
  • Hyɛ Bible Adesuafo Nkuran Ma Wonnya Nkɔso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hyɛ Bible Adesuafo Nkuran Ma Wonnya Nkɔso
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • KYERƐ ANIGYEFO KWAN KƆ AHYEHYƐDE NO SO
  • KANYAN HONHOM MU ONYIN
  • Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfa a Ɛto So Mmienu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Asafo No Nyinaa, Mommoa Bible Asuafo Mma Wontumi Nnya Nkɔso Mmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 8/90 kr. 1-8

Hyɛ Bible Adesuafo Nkuran Ma Wonnya Nkɔso

1 Wiase no gyina mfiridwuma anaa honam fam nneɛma so titiriw na esusuw nkɔso ho. Nanso Yehowa nkurɔfo nte saa. Mmom no, yɛyere yɛn ho sɛ yebenya honhom mu nkɔso. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yenyaa nkuranhyɛ a ɛma yɛbɛyɛɛ Kristo asuafo a wɔyɛ hyew na wɔsow aba no.​—Yoh. 15:8; 2 Pet. 1:5-8

2 Wɔ Asɛmpa ahorow no mu no, ɛnyɛ wɔn a wogye Kristo nkyerɛkyerɛ ahorow tom ara kwa na wɔde asɛm “asuafo” no ka wɔn ho asɛm titiriw na mmom wɔn a wodi akyi pɛɛ no. (Mat. 28:19, 20) So Bible adesuafo kyerɛ saa nokwasɛm no ho anisɔ? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔanya nkɔso abɛyɛ asuafo?

KYERƐ ANIGYEFO KWAN KƆ AHYEHYƐDE NO SO

3 Akyinnye biara nni ho sɛ ɔdesuafo no nkɔso ne anisɔ a ɔwɔ ma Yehowa ahyehyɛde no na ɛbɔ anan nantew. Enti, yɛn asɛyɛde sɛ akyerɛkyerɛfo no fã ne sɛ yɛbɛkyerɛ ɔdesuafo no anigye kwan akɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no so. Wɔahyɛ yɛn nkuran mfe pii ni sɛ yennye adesua bere biara mu simma anum kosi du mfa nkyerɛkyerɛ ahyehyɛde no ho ade bi mu. Nhomawa Yehowa Adansefo​—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde wɔ Wiase Nyinaa no ma nnyinaso pa a yɛde bɛyɛ eyi. Wo Bible suani no wɔ bi? Sɛ onni bi a, hwɛ sɛ ne nsa bɛka bi ntɛm ara. Hyɛ no nkuran ma ɔnkenkan, na kyerɛkyerɛ mu kyerɛ no sɛ mubesusuw emu fã ketewaa bi ho adesua biara mu.

4 Wɔahyehyɛ amanneɛbɔ a ɛwɔ Reyɛ Onyankopɔn Apɛde nhomawa no nkratafa 14 ne 15 no sɛnea ɛbɛma wɔanya asafo nhyiam horow no mu biara ho anisɔ. Dɛn nti na munsusuw nkyekyem biako anaa abien pɛ ho dapɛn biara? Kyerɛ sɛnea nhyiam biara de ntetee ne ɔkyerɛkyerɛ ma de di ahiade titiriw bi ho dwuma no. Boa ɔdesuafo no ma onhu sɛ honhom mu onyin fi “yɛn ho yɛn ho nhyiam” mu na ɛba. (Heb. 10:24, 25) Hyɛ no nkuran ɔhyew so ma ɔnkɔ nhyiam horow no. So afoforofo betumi ne yɛn akɔ nhyiam horow wɔ yɛn mprempren tebea yi mu? Yiw. Yehowa ahyehyɛde no bɛkɔ so anyin. Wɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa pii na afoforofo afi ase akɔ asɛnka, sɛnea Mateo 28:19, 20 kyerɛ pefee no. Nea ɛbɛyɛ na wɔabɛyɛ nokware Kristofo no, ɛho behia sɛ wɔma wɔn aduan wɔ Kristofo nhyiam horow ase. Nanso ansa na wobɛto nsa afrɛ obi no. hu ampa sɛ n’anigye no yɛ nokware. Afei ka ho asɛm kyerɛ kuw sohwɛfo no. Ebia ɔno anaasɛ onua foforo a ɔfata bɛyɛ nhyehyɛe na ɔne wo akɔyɛ ofie Bible adesua na waboa wo ma woahwehwɛ ne honhom mu nkɔso mu bio. Nhyiam no ase no, wɔn a wɔn anigye no yɛ nokware no ankasa behu biakoyɛ ne ɔdɔ a yɛwɔ sɛ Yehowa nkurɔfo asafo no.​—Dw. 133:1; Yoh. 13:35.

KANYAN HONHOM MU ONYIN

5 Ɛho hia sɛ afoforofo ba bɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no nokware asuafo, a wonya ne nnyinasosɛm ahorow mu nimdeɛ, ntease, ne sɛnea wɔde di dwuma no mu nkɔanim. Ne saa nti sɛ ɔdesuani no bɔ asu ansa wawie Tra Ase Daa, Biako a Wɔayɛ, anaa True Peace nhoma no mpo a, yɛbɛkɔ so ayɛ adesua no. Sɛ aka asram dodow bi ansa na ɔdesuani no afi ase asua nhoma a ɛto so abien no mpo a, yebetumi ama no nhoma ahorow yi bi. Eyi betumi ama wanya honhom mu akɔnnɔ, na akanyan no ma wakenkan biribi aka ho a ebetumi ama ne nkɔso aba ntɛmntɛm. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ no bo a Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a ɔbɛkra ne Asafo ti no nhoma afoforo a ne nsa bɛka bi sɛnea ɛbɛyɛ a obenya ‘aduan a ɛyɛ ne de bere a ɛsɛ mu’ no som no. (Luka 12:42) Wɔn a wɔyɛ saa no ase betim, wɔbɛyɛ den, na wɔayɛ pintinn wɔ gyidi mu.​—Kol. 2:7.

6 Sɛ́ wɔn a wobetumi abɛyɛ yɛn mfɛfo Yehowa Adansefo no, sɛ Bibie adesuafo benyin akɔ anim a, wohia yɛn mmoa. (Heb. 5:14) Ɛsɛ sɛ yɛde nkamfo a ɛfata ma de hyɛ nkɔso ho nkuran. (Fil. 3:16) So ɔka nneɛma a osua no kyerɛ n’abusua mufo ne amannifo? Sɛ ɔfata a, so ɔde ne ho ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu? So ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ asɛmpa no ho ɔdawurubɔfo?

7 Yɛn sɛ akyerɛkyerɛfo no, sɛ yɛyɛ yɛn fam de a, yebetumi ahwɛ Yehowa nhyira kɛse kwan. (2 Kor. 9:6) Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi tumi a ɛwɔ mpae a yɛbɛbɔ ama Bible adesuafo no mu no da. Srɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ wɔn kwan mma wɔmmfa nea wosua no nni dwuma. (1 Kor. 3:6, 7) Ɛmmra sɛ wɔbɛyɛ ade ɔkwampa so na wɔne asafo no abɔ fekuw ɔhyew so na wɔnam saayɛ so de anuonyam ne ayeyi pii abrɛ Yehowa din.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena