Nhyiam Horow a Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ
DAPƐN A EDI KAN
Dwom 174
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a ɛfata. Si nsɛm a wobetumi de adi dwuma wɔ nsɛmma nhoma dwumadi mu so dua. Monyɛ ɔyɛkyerɛ abien, emu biara si nsɛmma nhoma biako mu asɛm bi so dua.
25 min: “Fa Akwamma Bere di Dwuma Nyansa Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Fa simma du Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no ho ɔyɛkyerɛ ka ho, a wɔde “Hwɛ!” nhomawa no ma, na wɔyɛ sɛnea wɔde di dwuma a wɔakyerɛ wɔ nkyekyem 7 mu no ho ɔyɛkyerɛ. Fa nhyehyɛe pɔtee a wɔyɛ ma sankɔhwɛ ka ho.
10 min: Nhomawa mu Nkɔmmɔbɔ Nsɛmti. Fa atiefo bra mu ma wɔnkyerɛ nhomawa a asafo no wɔ bi a wɔde bɛkɔ asɛnka no mu nsɛntitiriw binom. Ebia wobɛpɛ sɛ wudi kan de hyɛ anuanom binom a wɔfata nsa.
Dwom 20 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIEN
Dwom 156
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Fa ntoboa biara a wɔakyerɛ sɛ nsa aka ka ho. Kamfo asafo no wɔ sika fam mmoa a wɔde ma wiase nyinaa Ahenni adwuma no ne mo asafo no ahiade a wodi ho dwuma no ho.
20 min: “Hyɛ Bible Adesuafo Nkuran ma Wonnya Nkɔso.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ho a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye a ɛkyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw hyɛ ɔdesuani nkuran sɛ onnya nkɔso bere a wosusuw Reyɛ Onyankopɔn Apɛde nhomawa no kratafa 14, nkyekyem 3 ho no.
15 min: Bere Bɛn na Bible Ɔdesuani Betumi Anya Baguam Ɔsom Adwuma mu Kyɛfa? Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina December 1,1989 Watchtower, “Asemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ,” kratafa 31 so. Si so dua sɛ wɔ yɛn mma ankasa akyi no, ɛnsɛ sɛ wɔto nsa frɛ afoforofo sɛ wɔnka yɛn ho mma yɛnkɔ asɛnka kosi sɛ mpanyimfo baanu ne wɔn bɛkasa na wɔasi gyinae sɛ wɔfata ansa.
Dwom 217 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ABIƐSA
Dwom 220
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Ti May akontaabu mu nsɛntitiriw mu. Kamfo asafo no wɔ nea moatumi ayɛ wɔ mo hɔ no ho. Hyɛ asɛnka a wobenya mu kyɛfa dapɛn awiei yi ho nkuran.
20 min: “W’afã wɔ Nhyiam Horow a Wɔbɛma Ayɛ Nea Mfaso wɔ So Mu.” Ɔpanyin di asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ ho dwuma. Si nea ɛho hia sɛ wodi ho dwuma wɔ mo hɔ no so dua. Fa nkamfo ma beae a ɛfata.
18 min: “Monkɔ so Mmfa Boasetɔ Nsow Aba.” Ɔkasa a egyina krataa a ɛhyɛ August Yɛn Ahenni Som mu no so. Ma asɛm no mfa mo ho, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa Yehowa adwene nsusuw wɔn ankasa nsɛm tebea horow ho.
Dwom 128 ne mpaebɔ a wɔde wie
DAPƐN A ƐTO SO ANAN
Dwom 39
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Si nsɛntitiriw a ɛwɔ “Monwɛn na Mo Ani Nna Hɔ” mu nsɛntitiriw mu so dua.
20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ Ɔdawurubɔfo a Ɔkɔ Asɛnka Daa.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di asɛm no ho dwuma. Momfa ɔyɛkyerɛ abien nka ho, biako kyerɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔkɔ asɛnka daa a wɔ kokoam adesua mu no, osuaa mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no yiye na afei ɔne ɔdawurubɔfo foforo rebobɔ so ma wanya ahotoso pii wɔ asɛnka mu. Nea ɛto so abien no mu no, ɔdawurubɔfo bi a ɔkɔ asɛnka daa reboa ɔdawurubɔfo bi a, ɔnkɔ asɛnka daa ma wahu nsɛm a ɛfata a obetumi de adi dwuma wɔ sankɔhwɛ bi a wagyae hɔ kɔ bere bi ni no mu. (Mubetumi de Reasoning From the Scriptures anaasɛ Bible mu Nkɔmmɔbɔ Nsɛmti no adi dwuma.)
15 min: Hokwan Ahorow a Wubetumi de Ayɛ Ɔkwampaefo no a Wobɛkari Ahwɛ. Ɔkasa a ɛhyɛ nkuran ne nsɛm a wobisabisa. Yɛwɔ daa akwampaefo bɛboro 3,000 a wɔyɛ nnipa ahorow ahorow na wɔwɔ nsɛm tebea horow. Dɛn na aka wɔn ma wɔreyɛ akwampae adwuma? Ɔdɔ ma Yehowa ne yɔnko (Mat. 22:37-39) ; nnipa ho a wodwen kɛse ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛboa pii ma wɔagye wɔn nkwa (1 Tim. 2:4) ; ho a wɔde bɔ afɔre ma Ahenni nneɛma. (1 Kor. 9:23) Ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ. So woreyɛ eyi? Sɛ wopɛ sɛ woyɛ ɔkwampaefo a, nneɛma bi a ɛsɛ sɛ woyɛ: (1) Fa asɛm no kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu (Mat. 7:7. 8; Fii. 4:6) ; (2) wo ne akwampaefo ne mpanyimfo mmɔ ho nkɔmmɔ (Mmeb. 15:22) ; (3) kyerɛw nhyehyɛe a wode resɔ ahwɛ no na hwɛ sɛnea ɛka Kristofo asɛyɛde afoforo (Luka 14:28) ; (4) hyɛ bere a wode befi ase, a wontwɛn sɛ wubenya bere a eye koraa (Ɔsɛnk. 11:4) September yɛ bere pa a wɔde fi ase; wubetumi afata ama Akwampaefo Ɔsom Sukuu afe a ɛreba no. Bisabisa akwampaefo biako anaa baanu nsɛm wɔ sɛnea wodii akwanside ahorow so bɛyɛɛ akwampaefo no ho. Ka ho asɛmpa.
Dwom 8 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A ƐTO SO ANUM
Dwom 10
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Asɛnka a wɔahyɛ ho nyansa no ho ɔyɛkyerɛ abien, a emu biara si nsɛmma nhoma biako mu asɛm so dua ma asɛnka dwumadi.
15 min: “Yehowa Mu Ahotoso a Yebenya Denam Akwampae Adwuma a Yɛbɛyɛ So.” Ɔpanyin ne asafo mu ɔsomfo susuw March Yɛn Ahenni Som mu asɛm no ho. Momfa nyansahyɛ ahorow a eye a ɛbɛboa mo asafo no nka ho.
15 min: “Fa Nokware Nsu ma W’abusuafo Nnya Ɔhome.” Ɔkasa a egyina February 15, 1990 Watchtower mu asɛm a ɛwɔ nkratafa 25-27 no so.
5 min: Nhomawa a wɔde fi adesua ase ho osuahu ahorow. (Sɛ munni bi a, mubetumi afa nhomawa a wɔde ma ho osuahu ahorow.)
Dwom 169 ne mpaebɔ a wɔde wie.