Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Wɔ Asɛnka Mu
1 Ɔdɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko kanyan yɛn ma yɛka Ahenni no ho asɛmpa no. Yɛnam ahokokwaw a yɛde bedi nokware no ho dwuma so betumi aburuw “ade biara a ɛkorɔn a wɔma so ne Nyankopɔn nimdeɛ di asi” no. (2 Kor. 10:5) Wɔayɛ Watch Tower Publications Index no na aboa yɛn wɔ saayɛ mu.
2 Yɛn asɛnka dwumadi ho nhoma asɛmti titiriw ne “Field Ministry.” Wɔaka ɔfã biara a yɛn ankasa su, nnianim nsɛm, anoyi a yetumi bua, sɛnea yɛde nhoma biara bɛma, sankɔhwɛ, ne Bible adesua ka ho ho asɛm wom. So wobɛpɛ sɛ wode osuahu ahorow a eye abien bi kyerɛkyerɛ asɛm bi mu? Wubehu nea wuhia no wɔ asɛmti a ɛne “Experiences” no ase.
3 So obi akyerɛ sɛ Bible no bɔ ne ho abira, na ebia ɔka nkyekyem pɔtee a ɛte sɛ nea abirabɔ wom ho asɛm? Nsɛmti nketewa a ɛne “claimed errors” ne “harmony” de ho nhoma ma wɔ “Bible Authenticity” ase. Wubehu nkyekyem nkorɛnkorɛ pii a ɛte sɛ nea abirabɔ wom ne nhoma a ɛkyerɛkyerɛ mu pefee wɔ asɛmti ketewa a ɛne “scriptures harmonized” ase.
4 Ɛsɛ sɛ yeburuw Kristoman atoro nkyerɛkyerɛ atitiriw te sɛ Baasakoro, hell-gya ne ɔkra a enwu da ho nsusuwii gu wɔ mmeae bi. Eyi mu biara wɔ asɛmti titiriw. Wubehu asɛmti ketewa a ɛne “scriptures misapplied to support” wɔ “Trinity” ne “Immortality of the Soul” ase. Yehu eyi nso bi wɔ “Hell” a ekura asɛmti ketewa a ɛne “scriptures misinterpreted” no ase.
5 So wopɛ sɛ wufi Bible adesua ase? Anaasɛ wowɔ bi a ɛte sɛ nea ennya nkɔso? Nsɛmti nketewa a ɛne “starting,” ne “teaching” a emu biara kura nhoma a ɛbɛboa wo ma woanya Bible adesua, na woayɛ nea enya nkɔso no wɔ asɛmti a ɛne “Bible studies” ase. Nea ɛbɛboa wo ma woahu bere a eye sen biara a wubegyae adesua bi yɛ no, hwɛ nsɛmti nketewa a ɛne “terminating unfruitful” ne “discontinuing.”
6 So wopɛ sɛ wunya hokwan afoforo wɔ ɔsom adwuma no mu? Nsɛmti a ɛne “Full-Time Ministry,” “Auxilliary Pioneers,” “Pioneers,” “Missionaries,” ne “Serving Where Need Is Greater” twe w’adwene si sɛnea wubedu botae a ɛte sɛɛ ho no ho nsɛm a eye, ne osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a wɔn a wɔayɛ saa dedaw no nya no so.
7 Yɛn Ahenni som adwuma a yɛbɛyɛ wɔ asɛnka mu no de akomatɔyam kɛse ba. (Yoh 4:34) Watch Tower Publications Index no betumi aboa wo bere a woyɛ adwuma a ɛyɛ anigye yi bi no.