Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Hungary nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 11,257. Bible adesua dodow kɔɔ soro fi 5,400 wɔ afe a etwaam no mu beduu 7,219.
◆ Israel bɔ amanneɛ sɛ atopae sɛee anuanom binom afie wɔ ɔko no mu, nanso obiara ampira.
◆ Liberia mmeae bi no, sɛ wɔkyekyem a, adawurubɔfo nya nnɔnhwerew bɛboro 20 wɔ asɛnka mu wɔ amanehunu kɛse nyinaa akyi. Cote d’lvoire ne Sierra Leone baa dwumadibea no fi ɔdɔ mu reboa wɔn.
◆ Bere a edi kan wɔ mfe akron mu no, Nicaragua anuanom tumi hyiaa mu wɔ Managua agumadibea kɛse bi mu. Nnipa a wɔbae no dodow a ɛsen biara yɛ 11,404, na wɔbɔɔ 283 asu.