Ɔsom mu Hokwan a Ɛyɛ Anigye
1 Ɔkenkanfo bi kae sɛ ɔnam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! akenkan so asua nneɛma pii a mfaso ankasa wɔ so sen nea osuae wɔ mfe asia a ɔde kɔɔ sukuupɔn no mu. Akenkanfo komapafo taa ka anigye nsɛm a ɛte saa de da wɔn anisɔ adi bere a wɔkenkan nsɛmma nhoma ahorow yi wɔ bere tiaa bi pɛ akyi no. Hwɛ hokwan ara a yɛwɔ sɛ yɛde yɛn nsɛmma nhoma ahorow no bɛkɔ akɔma wɔn a wobu no sɛ ɛsom bo ampa no daa!
2 Ɛwom sɛ nnipa pii wɔ nokware no ho anigye bi de, nanso wonnyaa nkɔso nnuu baabi a wɔbɛpene so ma yɛne wɔn ayɛ ofie Bible adesua. Nanso sɛ obi san kɔma wɔn Ɔwɛn-Aban ne Nyan! foforo biara a ɛba no bi a, ebetumi ama wɔn anigye no anya nkɔso. Yiw, nokwaredi mu a wofi de nsɛmma nhoma kɔma afoforo daa no akanyan nkurɔfo ma awiei koraa no, wɔapene so sɛ wɔne wɔn mmɛyɛ Bible adesua daa.
3 Yɛn ankasa nya nsɛmma nhoma a yɛde ma afoforo daa no mu mfaso, sɛ yedi kan kenkan nsɛmma nhoma ahorow no na yɛhyɛ nsɛm pɔtee bi a wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa no mu biara ani begye ho no nsow a.
4 Ma ɛntra w’adwenem sɛ ebinom yɛ Yehowa Adansefo nnɛ efisɛ na wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa bere bi. Wubetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ nsɛm atitiriw pue wɔ yɛn nsɛmma nhoma ahorow no mu dapɛn abien biara, na w’ani begye ho sɛ wode bi bɛbrɛ wɔn. Hwɛ hu sɛ wode bi bɛkɔ akɔma wɔn daa, na fa hokwan ahorow no di dwuma ne ofiewura no mmɔ Bible mu nsɛm ho nkɔmmɔ. Yenim sɛ wubenya saa ɔsom mu hokwan a ɛyɛ anigye yi mu anigye.