Kɔ Asɛnka Daa
1 So yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no daa? So yɛbɔ mmɔden de yɛn asɛnka akontaabu ma ntɛm wɔ Ahenni Asa so ɔsram biara? Ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden yɛ, na ɛnsɛ sɛ yɛma ɔsram biako twam da a yɛanka yɛn gyidi ho asɛm wɔ baguam wɔ ɔkwan bi so.—Rom. 10:9, 10.
2 Asɛnka adwuma a yɛn ankasa bɛyɛ daa akyi no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔanya mu kyɛfa daa. (Fil. 2:4) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Ebia yebetumi ato nsa afrɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu a nnansa yi ara na wɔafi asɛnka ase no ma wɔne yɛn ayɛ adwuma abom. Asɛnka adwuma ho bere nhyehyɛe a ɛfata bɛma nokware no ase atim wɔn komam.
3 Yɛ asɛnka adwuma daa. Fi nokwaredi mu fa w’asɛnka akontaabu ma ɔsram biara. Boa afoforo ma wɔnyɛ asɛnka adwuma daa. Kyerɛ ‘ɔdɔ ma anuanom fekuw no nyinaa.’—1 Petro 2:17.