Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/93 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Horow Ma November

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Horow Ma November
  • Yɛn Ahenni Som—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase November 1
  • Dapɛn a Efi Ase November 8
  • Dapɛn a Efi Ase November 15
  • Dapɛn a Efi Ase November 22
  • Dapɛn a Efi Ase November 29
Yɛn Ahenni Som—1993
km 11/93 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Horow Ma November

Dapɛn a Efi Ase November 1

Dwom 5

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Kamfo adawurubɔfo no wɔ kyɛfa a wɔrenya wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu ho.

10 min: “Dreams,” [“Adaeso”] Reasoning nhoma no, nkratafa 104-6. Di ho dwuma sɛ nkɔmmɔ a wɔne Bible suani bɔ. Osuani no bisa nyansa a ɛwom sɛ obi bɛma adae a ɔsoso no akyerɛ no kwan ho asɛm. Munsusuw asiane a ɛwɔ eyi mu, sɛnea ebetumi ama wiase nsusuwii ne adaemone anya yɛn so nkɛntɛnso no ho. Kyerɛ hia a ehia sɛ yɛbɛma Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm akyerɛ yɛn kwan.

10 min: Asafo ahiade anaa “Nkitahodi—Ɛsen Kasa Ara Kwa.” Ɔkasa a egyina nsɛm a ɛwɔ August 1, 1993, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 3-8 so.

15 min: “Bible no so Mfaso wɔ Nnɛyi Wiase Mu.” Nkɔmmɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo ne ɔdawurubɔfo a ɔpɛ sɛ onya nkɔso wɔ afie afie adwuma mu bɔ. Bere a wɔasusuw nkyekyem 3 ho awie no, ɔsom adwuma sohwɛfo no ka kyerɛ ɔdawurubɔfo no sɛ ɔmfa no nyɛ ofiwura na ɔnsɔ asɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no nhwɛ. Bere a wɔasusuw nkyekyem 4 ho awie no, ɔsom adwuma sohwɛfo no de ɔdawurubɔfo no yɛ ofiwura na ɔka asɛm a wɔahyɛ ho nyansa no kyerɛ no. Hyɛ asafo no nkuran sɛ wɔmmoa anigyefo ne Bible asuafo mma wonhu mfaso a ɛwɔ New World Translation so.

Dwom 52 ne mpaebɔ a wɔde wie

Dapɛn a Efi Ase November 8

Dwom 7

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma a aba foforo ma ho ɔyɛkyerɛ, fa asɛm a wobetumi de adi dwuma wɔ asɛnka adwuma mu wɔ dapɛn yi awiei di dwuma. Twe adwene si “Asram Atitiriw Asɛnka Adwuma” so, na fa to wɔn nyinaa anim sɛ wonsusuw sɛnea wobetumi anya asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse wɔ December ne January mu sɛ akwampaefo aboafo anaa denam akwampaefo a wɔne wɔn bɛyɛ adwuma no so ho anibere so.

15 min: “Nhoma a Ɛde Nokware Akwankyerɛ Ma.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Yɛ sankɔhwɛ a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 3 no ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran sɛ bere a ɔne nkurɔfo bɔ nkɔmmɔ wɔ afie afie asɛnka adwuma mu ne bere a ɔreyɛ sankɔhwɛ ahorow no, ɔnkyerɛ anigye wɔ mfaso a ɛwɔ Bible so ho.

20 min: “Nya 1993 ‘Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ’ Ɔmantam Nhyiam no Mu Mfaso Kɛse”—Ɔfã 1. Nkyekyem 1-16 ho nkɔmmɔ a wɔne atiefo bɔ. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo ne wɔn Bible asuafo a wɔbɛkɔ nhyiam no susuw emu nsɛm a ɛfata ho.

Dwom 134 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 15

Dwom 73

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow, ne sika ho akontaabu ne ntoboa biara a wɔkyerɛ sɛ nsa aka. Kamfo asafo no wɔ ayamye mu a wofi de sika boa mo asafo no ne Asafo ti no Ahenni Asa Foto ne Asafo ti no wiase nyinaa adwuma no ho. Ka asɛnka nhyehyɛe ma wiase no nnapɔnna bere no ho asɛm.

15 min: “Kenkan Yɛn Man Yi mu Kasa mu Nyan!” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Wɔ kratafa 8 no, yɛ ɔdawurubɔfo a ɔde Ewe anaa Twi Nyan! rema ofiwura a ɔne no yɛ ofie Bible adesua ho ɔyɛkyerɛ. Ɔdawurubɔfo no twe n’adwene si emu nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa so. Ofiwura no ho dwiriw no wɔ nneɛma pii a ɛka ho asɛm no ho. Ɔdawurubɔfo no hyɛ no nkuran sɛ ɔnkra na ɔpene so ntɛm ara. (Asafo ahorow a wɔnka Ewe anaa Twi no betumi asusuw ɔmansin sohwɛfo no amanneɛbɔ wɔ ne nsrahwɛ a etwa to no mu ho wɔ saa ɔfã yi, anaa wɔmfa asɛm yi mu nsɛm a ɛfa wɔn asafo no ho nni dwuma.)

20 min: “Nya 1993 ‘Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ’ Ɔmantam Nhyiam no Mu Mfaso Kɛse”—Ɔfã 2. Wo ne atiefo nsusuw nkyekyem 17-19 ho na munsusuw “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ” ho yiye. Fa nkaebɔ ahorow a ɛfata a egyina asɛm a ɛwɔ June 15, 1989 The Watchtower, nkratafa 10-20 so ka ho, anaa hyɛ mmusua nkuran sɛ wonsusuw saa nsɛm yi ho ansa na wɔakɔ nhyiam no.

Dwom 54 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 22

Dwom 74

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Hyɛ wɔn a wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo wɔ December mu no nkuran sɛ wɔnyɛ saa.

15 min: “Boa Bible Asuafo ma Wonsiesie Wɔn Ho mma Wɔn Adesua.” Nsemmisa ne mmuae. Kenkan nkyekyem no sɛnea bere ma kwan.

20 min: “So Wufi Kyerɛwnsɛm mu ne Nkurɔfo Susuw Nsɛm Ho?” Nsemmisa-ne-mmuae a onua a otu mpɔn wɔ afie afie ne sankɔhwɛyɛ mu de susuw ho. Bere a moasusuw nkyekyem 4 ho awie no, yɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi betumi aka kyerɛwsɛm bi ho asɛm anaa ofi ne tirim bɛfa mu asɛm aka bere a ofiwura no nni adagyew no ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no akyi no, si mfaso a ɛwɔ so sɛ yebedi saa nyansahyɛ yi akyi bere a yɛbɔ mmɔden “pae mu ka asɛm no” wɔ asasesin a nnipa pii nnya adagyew anaa da biara asetra agye wɔn adwene bere nyinaa no so dua. (2 Tim. 4:2) Bere a moasusuw nkyekyem 6 ho awie no, frɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔde Reasoning nhoma no di dwuma ɔkwan a etu mpɔn so ma ɔnka sɛnea ɔde di dwuma wɔ adansedi mu.

Dwom 108 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 29

Dwom 83

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Fa nkuranhyɛ ma sɛ wɔmfa nsɛmma nhoma a aba foforo no nni dwuma wɔ adansedi mu dapɛn yi awiei.

15 min: “Bible No—Akwankyerɛ Nhoma a Mfaso Wɔ so ma Nnɛyi Nnipa.” Ɔkasa a abusua ti ma a egyina May 1, 1993, Ɔwɛn-Aban so. Si so dua sɛ Bible nnyinasosɛm a yɛde bedi dwuma no betumi ama yɛanya abusua asetra a asomdwoe ne ɔdɔ wom. Ma otiefo biako anaa baanu a wɔasiesie wɔn ho nka sɛnea Onyankopɔn Asɛm mu afotu aboa abusua anaa obi ho asɛm.

20 min: Onipa a Ɔsen Biara Nhoma no a Yɛde Bɛboa Nnipa a Wɔte sɛ Nguan wɔ December Mu. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Bisa nsɛm te sɛ: Yesu som adwuma anaa sɛnea ɔne afoforo dii ho kyerɛwtohɔ biako bɛn na w’ani gye ho sen biara? Dɛn nti na w’ani gye saa kyerɛwtohɔ yi ho? Mfaso bɛn na woanya afi saa nhoma yi mu? Dɛn na ne sua ama woahu afa Yehowa ho? Hena na woama no nhoma no bi? Asɛm anaa nsɛm bɛn na wode adi dwuma bere a wode rema no? Ma ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw nyɛ sɛnea wɔde nhoma no ma ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ asɛnka adwuma no mu dapɛn yi awiei.

Dwom 94 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena