So Wufi Kyerɛwnsɛm mu ne Nkurɔfo Susuw Nsɛm Ho
1 Ɔsraani a ne ho akokwaw a ɔrekɔ ɔko no bemia akode na wabɔ ne ho ban. Odwumfo a ne ho akokwaw a ɔresiesie ne ho akɔyɛ ɔdansi adwuma kɛse bi no bɛfa nnwinnade a ohia na ɔde awie adwuma no. Yehowa somfo a ɔreyɛ asɛnka adwuma no bɛfa ne “nkrante” akura na ɔde bedi dwuma wɔ ahokokwaw mu bere biara a obenya hokwan no. (Efe. 6:17) So eyi te saa wɔ w’ankasa wo fam? Sɛ wokɔ asɛnka a, so woma Onyankopɔn Asɛm kasa sɛnea ɛbɛyɛ a honhom kronkron betumi aka w’atiefo koma?—Mmeb. 8:1, 6.
2 Asɛnka adwuma nyɛ mmerɛw bere nyinaa. Wɔ nsasesin bi mu no, wɔntaa nto nnipa wɔ fie, na mpɛn pii no wɔn a yehyia wɔn wɔ fie no nni adagyew, na ɛmma yennya hokwan kɛse ne wɔn mmɔ Bible mu nkɔmmɔ nkɔ akyiri. Esiane sɛ Bible no ne yɛn nhoma titiriw nti, ɔkwan bɛn na yebetumi afa so de adi dwuma kɛse wɔ asɛnka mu na yɛama ne nsɛm a wɔde honhom kyerɛwee no akanyan yɛn atiefo?
3 Hokwan Biara a Yebenya: Ofi biara a yɛbɛkɔ mu no, yɛbɛpɛ sɛ yɛde Bible no kanyan ofiwura no. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ eyi ɛmfa ho nhoma ko a yɛde rema. Sɛ onii no nni adagyew na bere no sua sɛ wubebue Bible no akenkan nkyekyem biako anaa abien a, so wubetumi afa kyerɛwsɛm bi mu asɛm aka anaa wubetumi aka ho asɛm ansa na wode nhoma ama? Ɛno nkutoo betumi ama onii no agyae nea ɔreyɛ atie.—Heb. 4:12.
4 Sɛ nhwɛso no, sɛ wode December 8, 1993 Awake! no a ese “Wiase a Ɔyare Nnim” no redi dwuma a, bere a wode anim mfonini no akyerɛ awie no, bisa sɛ, “So wugye di sɛ bere bi bɛba a ɔyare befi hɔ, na obiara anya akwahosan pa?” Ɛmfa ho nea ɔbɛka biara no, wubetumi akenkan kyerɛwsɛm bi te sɛ Yesaia 33:24 anaa Adiyisɛm 21:4 afi Bible no mu tee anaa woaka ho asɛm. Ɛmfa ho sɛ nsɛmma nhoma bɛn na wowɔ no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den sɛ wode emu asɛm bi bɛba nkɔmmɔbɔ no mu denam kyerɛwsɛm biako anaa abien a wubetumi akenkan akyerɛ no anaa woaka ho asɛm no so. Wɔ saa kwan yi so no, woma Onyankopɔn Asɛm no kasa.
5 Wɔ Sankɔhwɛ Ahorow Mu: Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ansa na yɛakɔyɛ sankɔhwɛ ahorow. Nanso, mpɛn pii no, nsɛm a yɛnyɛɛ ho ahosiesie sɔre. Saa bere yi na Reasoning From the Scriptures betumi ayɛ adwinnade a ɛso wɔ mfaso. Reasoning nhoma no mu kyerɛw nsɛm a esisi nsɛm so dua a yɛbɛfa mu asɛm aka anaa yɛbɛkenkan no bɛboa nkurɔfo ma wɔahu sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo na yɛnyɛ Asɛm no ho aguadifo.—2 Kor. 2:17.
6 Bere a woresan akɔ obi a wo ne no ammɔ asɛm pɔtee biara ho nkɔmmɔ nkyɛn no, wubetumi abue Reasoning nhoma no asɛmti bi a ɛfata kɛkɛ, te sɛ “Jesus Christ,” “Last Days,” anaa “Resurrection,” na fa n’asɛmti nketewa no biako fi nkɔmmɔbɔ ase. Wubetumi aka akyerɛ ofiwura no ma wakenkan kyerɛw nsɛm no bi afi n’ankasa Bible mu. Wɔ saa kwan no so no, wobenya Bible no ho anigye na wɔate ase, na sɛ wɔdɔ trenee a, Yehowa honhom bedi dwuma wɔ wɔn mu.
7 Asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛka asɛmpa no na yɛabɔ abɔnefo kɔkɔ no yɛ nea anibere wom. Ɛyɛ Yehowa nkrasɛm, ɛnyɛ yɛn de. Ma n’Asɛm no, honhom nkrante no, mmoa wo.