Boa Mo Asafo no Baguam Nhyiam Dwumadi Kosi Ase
1 Mfe bi a atwam ni no, aberante bi nyaa ne hɔnom asafo no nhyiam horow ho dawurubɔ krataa. Esiane sɛ na ɔrehwehwɛ nokware no nti, osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ Baguam Nhyiam no saa Kwasida a edi hɔ no, na oduu Ahenni Asa no so ntɛm. Ɔdawurubɔfo bi kyiaa no anigye so, na bere a na wɔrebɔ nkɔmmɔ no, ɔdawurubɔfo no kae sɛ ɔne no bɛyɛ Bible adesua, nanso wampene. Nanso, n’ani gyee baguam ɔkasa a wosiesiee no yiye no ho araa ma ɔsakraa n’adwene, na nhyiam no akyi no ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ adesua no. Aberante yi nyaa nkɔso ntɛmntɛm na asram bi akyi no, wɔbɔɔ no asu. Anyɛ yiye koraa no, yebetumi asua nneɛma abiɛsa a mfaso wɔ so afi osuahu yi mu.
2 Nea edi kan ne sɛ na wɔabɔ Baguam Nhyiam no ho dawuru. So wode w’ano bɔ mo asafo no nhyiam nhyehyɛe no ho dawuru? Bere a oguamtrani no de baguam ɔkasa a wɔbɛma no dapɛn a edi hɔ asɛmti to gua no, susuw mo asasesin no mu nnipa a wɔn ani betumi agye asɛmti no ho titiriw ho, sɛ ebia wɔkenkan yɛn nhoma mprempren anaa wɔnkenkan no. Nnipa binom mpɛ akenkan, anaasɛ wɔbrɛ kɛse ansa na wɔatumi akenkan ade, nanso ebia wɔbɛpɛ sɛ wotie ɔkasa a ɛfa Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi ho.
3 Nea ɛto so abien ne sɛ wɔmaa ɔfoforofo no akwaaba anigye so. Sɛ woyɛ nhyehyɛe sɛ wobɛbɔ mmɔden biara a wubetumi adu asa no so ntɛm a, wubetumi akyiakyia wo nuanom ne onigyefo biara nso. (Heb. 10:24) Sɛ ɛne bere a edi kan a ɔfoforofo bi reba nhyiam no a, ebia ontumi nhu nea wɔbɛyɛ. Kyerɛkyerɛ mu sɛ yɛde dwom ne mpaebɔ fi yɛn nhyiam horow no ase, na kyerɛ no sɛnea wɔbɛyɛ nhyiam no. Sɛ ɛfata a, to nsa frɛ no ma ɔmmɛtra wo nkyɛn na wo ne no ahwɛ wo Bible ne wo dwom nhoma mu. Ka kyerɛ no sɛ ɔne wo nsusuw nsemmisa biara a ebia ɔwɔ no ho bere a nhyiam no ba awiei pɛ no.
4 Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ na wɔasiesie ɔkasa no yiye. Wɔn a wonya hokwan gyina asafo no ananmu sɛ baguam akasafo no de nnɔnhwerew pii siesie wɔn asɛm no sua na ama wɔakanyan atiefo ma wɔada ɔdɔ kɛse ne nnwuma pa adi. Yɛn nyinaa hyia nhyɛso nnɛ, na nea yehia ara ne Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛma ahomeka no na aboa yɛn ma yɛagyina ano. Nokwarem no, nkyerɛkyerɛ a ɔkasa no ma yenya no mfa ho, sɛ yɛantie no yiye a, yɛn ankasa rennya mu mfaso kɛse. Ɛtɔ mmere bi a, so ɛyɛ den ma wo sɛ wode w’adwene besi ɔkasa no so? Sɛ wokyerɛw nsɛm ntiantiaa te sɛ nea yɛtaa yɛ wɔ yɛn ɔmantam nhyiam horow ase no a, ebetumi aboa wo. Hwɛ hu sɛ wobɛhwɛ wo Bible mu bere a wɔkenkan Kyerɛwnsɛm no mu asɛm biara na wɔkyerɛkyerɛ mu no.
5 Asafo ti no de baguam ɔkasa ahorow a ɛfa Kyerɛwnsɛm mu nsɛm pii ho ama. Mpanyimfo kuw no nam ɔhwɛfo guamtrani no anaa onua bi a wapaw no so hwɛ asafo no Baguam Nhyiam dwumadi no so. Wɔpaw nsɛmti a Asafo ti no de ama no na adi yɛn mprempren ahiade ahorow ho dwuma. Mma nsɛm a ɛho hia yi mu bi mpa wo ti so, na boa mo asafo no dapɛn dapɛn Baguam Nhyiam kosi ase.