Ɔsom Nhyiam Horow Ma February
Dapɛn a Efi Ase February 7
Dwom 131
12 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw. Yɛ nsɛmma nhoma a aba foforo ho ɔyɛkyerɛ. Ka Asemmisa Afã mu nsɛntitiriw ho asɛm.
18 min: “Kanyan Anigye wɔ Onyankopɔn Asomdwoe Ahenni no Ho.” Wo ne atiefo nsusuw asɛm no ho. Ɔyɛkyerɛ abien. Bere a moasusuw nkyekyem 2 ho awie no, kyerɛ sɛnea wɔde kratawa bɛma ofiewura a onni adagyew. Ma ɔdawurubɔfo no mfa obu mmisa nsɛm a ɛbɛto nhyɛase ama sankɔhwɛ. Ma ɔdawurubɔfo mfa brochure nyɛ nkyekyem 3 mu asɛm a wɔka kyerɛ ho ɔyɛkyerɛ. Bio nso, ɛsɛ sɛ wɔto nhyɛase ma sankɔhwɛ.
15 min: “Boa Mo Asafo no Baguam Nhyiam Dwumadi Kosi Ase.” Ɔkasa nanso wubetumi abisa atiefo asɛm biako anaa abien. Kyerɛ sɛnea wobetumi ama anigyefo a wɔba Baguam Nhyiam nea edi kan no ani agye. Ma ɔdawurubɔfo biako nsiesie ne ho nka sɛnea wanya Baguam Nhyiam a ɔba daa no mu mfaso.
Dwom 137 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 14
Dwom 126
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka anisɔ a Asafo ti no kyerɛ wɔ ntoboa a mode manae ho no ho asɛm, na kamfo asafo no wɔ nokwaredi a wɔde boa ma wodi asafo no ahiade ho dwuma no ho. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ dapɛn awiei asɛnka adwuma mu.
20 min: “Kanyan Afoforo ma Wonnyin Denam Sankɔhwɛ a Ɛsow Aba So.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw ho. Yɛ sankɔhwɛ a egyina nkyekyem 3 mu asɛm a wɔka kyerɛ so no ho ɔyɛkyerɛ. Si so dua sɛ ɛho hia sɛ wɔhwɛ yiye na wɔansusuw nsɛm pii ho wɔ nsrahwɛ no mu, na si sɛnea ɛho hia sɛ wɔkanyan wɔn ma akyiri yi nsrahwɛ so dua.
15 min: “Hwɛ Mfaso a Ɛwɔ so sɛ Yɛbɛka Nea Yehowa Ayɛ Akyerɛ!” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ehyem no nkyekyem 1-11 ho. Ma anuanom baanu a wɔn ankasa anaa wɔn abusua wɔ nhyehyɛe a wɔde sua Proclaimers nhoma no nsiesie wɔn ho nka ho asɛm. Bisa wɔn ma wɔnka biribi a wɔn ani gyei sɛ wosuae ho asɛm.
Dwom 122 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 21
Dwom 198
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: “Kamfo Yehowa Abakan No!” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm no ho. Ɔkasa a ɔhyew ne anigye wom a ɔpanyin ma, a ɔhyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkyerɛw nnipa a ɔbɛto nsa afrɛ wɔn aba Nkaedi no ne dapɛn biara baguam ɔkasa a edi hɔ no din. Yɛ nkyekyem 7 mu nsɛm ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɔdawurubɔfo bi nkɔ obi a ɔba Ahenni Asa so a ɔtoto n’ani nkyɛn. Ɔdawurubɔfo no hu sɛ onipa no busuani a ɔwɔ kurow foforo mu na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔmmra. Ɔdawurubɔfo no ka kyerɛ no sɛ ɔmmɛtra ɔne n’abusua nkyɛn na ɔne no atumi ahwɛ ne Bible ne ne dwom nhoma mu. Ɔdawurubɔfo no ka sɛ obebua nsemmisa biara a ebia onipa no wɔ no wɔ nhyiam no akyi. Ka bere a asafo no bɛyɛ Nkaedi no ne ho nsɛm afoforo a ehia fa wie.
10 min: Bible No—Yɛn Nkuranhyɛ Fibea a Ɛsen Biara. Reasoning nhoma no nkratafa 117-21. Ɔkasa a ɔpanyin ma. Asafo no mu nnipa ne wɔn a wonni mu no mu pii hia nkuranhyɛ. Kyerɛ sɛnea asafo no mu ɔdawurubɔfo biara betumi de Onyankopɔn Asɛm ahyɛ afoforo nkuran.
15 min: “Aman Nyinaa Bɛtan Mo.” Ɔkasa a ɔpanyin a ne ho akokwaw ma.
Dwom 208 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 28
Dwom 219
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma.
15 min: “Hwɛ Mfaso a Ɛwɔ so sɛ Yɛbɛka Nea Yehowa Ayɛ Akyerɛ!” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ehyem no nkyekyem 12-20 ho. Ma adawurubɔfo baanu a wɔanya Proclaimers nhoma no mu mfaso nka nsɛm a wɔasiesie nkyerɛ.
15 min: Nya 1994 Yearbook no mu Mfaso. Ɔpanyin ne asafo mu ɔsomfo de 1994 Yearbook no nkratafa 10-18 nsɛm bɔ nkuranhyɛ nsɛm a wobetumi de akanyan teokrase ahyehyɛde no ho anisɔ ho nkɔmmɔ.
10 min: “Hwɛ Wo Ho Yiye wɔ Ayamye a Ɛnteɛ Ho.” Ɔkasa.
Dwom 197 ne mpaebɔ a wɔde wie.