Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/94 kr. 2
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Mo Ahenni Asa No Te Dɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Sɛnea Yɛboa Ahenni Adwuma No Wɔ Yɛn Man Mu Ne Wiase Nyinaa
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Momma Yensiesie Beae a Yɛsom Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 2/94 kr. 2

Asemmisa Afã

◼ Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so bere a wɔde tirimbɔ ahorow reto asafo no anim no?

Tirimbɔ ho hia bere a ɛsɛ sɛ wosi nneɛma a ɛho hia te sɛ agyapade a wɔbɛtɔ, Ahenni Asa a wobesiesie no anaa wobesi, ntoboa titiriw a wɔde bɛmana Asafo ti no, anaa ɔmansin sohwɛfo hwɛ ho gyinae no. Mpɛn pii no ɛyɛ papa sɛ wɔde tirimbɔ bi bɛto asafo no anim ma wɔapene so bere biara a wɔde asafo no sika yɛ ade no.

Ɛho renhia sɛ wɔyɛ saa wɔ ahiade atitiriw bi a ɛfa nnwuma anaa dwumadi a ɛho hia ho tẽẽ no ho. Sɛ nhwɛso no, ebia asafo no bɛbɔ wɔn tirim pɛnkoro sɛ wobeyi sika pɔtee bi ɔsram biara de ama Asafo ti no de aboa Ahenni adwuma. Afei nso, enhia sɛ wɔyɛ tirimbɔ wɔ Ahenni Asa ho ka a wotua daa, te sɛ nkanea, nsu ne nea wɔde siesie so no ho.

Sɛ tirimbɔ ho hia a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no susuw asɛm no ho fefeefe. Sɛ wɔn mu dodow no ara pene so sɛ ehia sɛ wɔyɛ biribi a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no mu biako, ebia Asafo Ɔsom Boayikuw no muni kyerɛw tirimbɔ de to asafo no anim wɔ Ɔsom Nhyiam ase.

Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛ tirimbɔ no ho guamtrani no fa ɔkwantiaa so kyerɛkyerɛ nea wohia ne nea mpanyimfo kuw no kamfo kyerɛ sɛ wɔnyɛ mfa nni ho dwuma no mu pefee. Afei wɔbɛma asafo no hokwan ma wɔabisa nsɛm a ɛho hia. Sɛ asɛm no ho gyinaesi yɛ den a, ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wɔtwɛn kosi Ɔsom Nhyiam a edi hɔ no na ama obiara anya bere de asusuw ho ansa na wɔatow aba no. Wɔtow aba no ankasa denam nsa a wɔma so kyerɛ so.

Asafo no mufo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu nkutoo na wotumi tow tirimbɔ ho aba no. Ɛmfata sɛ Adansefo afoforo a wofi asafo afoforo mu tow bi.

Sɛ wogye tirimbɔ no tom a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw date wɔ so na mpanyimfo a wɔredi ho dwuma no de wɔn nsa hyɛ ase na wɔde to asafo no nneɛma mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena