Ɔsom Hyiam Ma July
Dapɛn a Efi Ase July 4
Dwom 141
10 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata. Bobɔ nhomawa ahorow a mo asafo no wɔ din, sɛ mowɔ bi a; hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wonkogye bi nkɔ asɛnka. Sɛ mo asafo no nni nhomawa a, kyerɛ brochure ahorow a wobetumi de adi dwuma.
10 min: “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” ho nkɔmmɔbɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonni kan nyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔakotie da koro nhyiam titiriw dwumadi a efi ase July no. Sɛ wunim bere ne beae a wɔbɛyɛ a, fa to gua.
8 min: Asemmisa Afã. Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw ho.
17 min: “Afie Afie Daa.” Nsemmisa ne mmuae. Ma atiefo no bi a wodii kan huu wɔn denam afie afie adwuma no so nka anisɔ nsɛm nkyerɛ.
Dwom 120 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 11
Dwom 115
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho amanneɛbɔ ne ntoboa a Asafo ti nsa aka ho krataa biara. Fa ntoboa ahorow ho nkamfo ma. (Ex. 35:29) Hyɛ adawurubɔfo nkuran sɛ wonsusuw anwummere adansedi kɔ ho—ɛyɛ bere pa ma afie afie adwuma ne sankɔhwɛ.
15 min: Mo asafo no ahiade ahorow. Anaasɛ momma ɔpanyin a ne ho akokwaw mma “Sɛ Wuhu Asiane Ho Mpopoe a, Twe Wo Ho” a ɛwɔ February 15, 1994, Ɔwɛn-Aban nkratafa 22-5 no ho ɔkasa.
18 min: “Boa Afoforo Ma Wonsua Nokware No.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo a wɔfata nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no abien anaa abiɛsa ho ɔyɛkyerɛ. Si mfaso a ɛwɔ ɔkwantiaa a asete nyɛ den so dua.
Dwom 123 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase 18
Dwom 125
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka dapɛn awiei asɛnka nhyehyɛe, na hyɛ wɔn nkuran sɛ wonnya nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa.
18 min: “Sɛ Yɛansan Ankɔ a, Ɛbɛyɛ Dɛn na Wɔbɛte?” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Yɛ nkyekyem 3 ne 4 mu nyansahyɛ ahorow no ho ɔyɛkyerɛ. Ka nsɛm afoforo a ɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde botae a ɛne sɛ yebefi Bible adesua ase yɛ sankɔhwɛ.
22 min: “Anigyefo a Yɛbɛhwehwɛ Wɔn Denam Mmɔten so Adansedi a Etu Mpɔn So.” Ɔsom adwuma sohwɛfo ne ɔpanyin foforo a ɔfata a otu mpɔn wɔ mmɔnten so adansedi mu ne adawurubɔfo baanu anaa baasa a wɔn nso wɔn ho akokwaw wɔ mmɔnten so adansedi mu susuw asɛm no ho. Wobetumi de osuahu tiawa abien anaa abiɛsa aka nkɔmmɔbɔ no ho. Yɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma kɔ wɔn nkyɛn ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 134 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase July 25
Dwom 140
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Teokrase Nsɛmmansɛmma. Yɛ nsɛmma nhoma a aba foforo ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya nsɛmma nhoma kyekyɛ mu kyɛfa.
15 min: “Mmofra Hia Nhwɛso Pa.” Nsemmisa ne mmuae. Bisabisa abofra biako anaa baanu a wɔyɛ nhwɛso pa nsɛm. Ma wɔnkyerɛkyerɛ honhom fam botae horow a wɔde asisi wɔn anim ne sɛnea wɔn mmɔdenbɔ ama wɔanya nhyira pii no mu.
20 min: Nsɛm a Yɛka Kyerɛ a Yɛbɛma Atu Mpɔn. Abusua bi bobɔ School Guidebook no kratafa 99 nkyekyemn 9 nyansahyɛ ahorow no so. Abusua no muni biako yɛ asɛm a wɔka kyerɛ no ho ɔyɛkyerɛ, afoforo de nkamfo ne nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma wanya nkɔso ma. Fa anoyi a motaa hyia wɔ mo mpɔtam hɔ ka ho, na munsusuw sɛnea mubetumi adi so ho.
Dwom 187 ne mpaebɔ a wɔde wie.