Anigyefo a Yɛbɛhwehwɛ Wɔn Denam Mmɔnten so Adansedi a Etu Mpɔn So
1 Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔnhwehwɛ wɔn a wɔfata sɛ wɔte Ahenni asɛmpa no. (Mat. 10:11) Nanso, wɔ mmeae pii nnɛ no, ɛkɔ so yɛ den kɛse sɛ yɛbɛto nnipa wɔ wɔn afie mu. Enti, dɛn na yebetumi ayɛ na yɛn nsa aka wɔn a wɔfata a ebia yɛnto wɔn no?
2 Mmɔnten so adansedi betumi ayɛ ɔkwan a etu mpɔn a yɛbɛfa so ahwehwɛ nnipa a yɛanto wɔn wɔ afie afie adwuma no mu no. Yebetumi ayɛ mmɔnten so adansedi wɔ lɔre gyinabea, ahomegyebea, ne mmeae afoforo a nkurɔfo taa hyia yɛ nneɛma da biara no.
3 Sɛ wɔka sɛ yɛnyɛ mmɔnten so adansedi a, na ebinom yam hyehye wɔn. Ebia wobɛtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma no bi, efisɛ wɔfɛre anaasɛ wɔhwɛ kwan sɛ nnipa a wɔmpɛ Ahenni nkrasɛm no de animtiaabu bɛpow asɛm no. Saa adwennwenne yi ntaa nni nnyinaso. Wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ dwumadi yi mu no ka sɛ ɛte sɛ afie afie adansedi ara pɛ. Nokwarem no, wɔahu sɛ ntease ahorow bi nti, nkurɔfo pɛ sɛ wɔne wɔn bɛkasa wɔ mmɔnten so, na ebia ebinom wɔ ɔpɛ kɛse sɛ wɔne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ anaa wobetie sen sɛnea wɔbɛyɛ, sɛ yɛkɔbɔ wɔn pon mu a. Enti sɛ ‘yɛyɛ nnam’ a, nnepa a ebefi mu aba no bɛma yɛn ho adwiriw yɛn.—1 Tes. 2:2.
4 Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ mmɔnten so adansedi ma atu mpɔn? Ɛho hia sɛ wusiesie wo ho yiye. Di kan kenkan nsɛmma nhoma ahorow no, na paw asɛm biako anaa abien a wobɛka a wote nka sɛ nnipa a wuhyia wɔn no ani begye ho. Asɛm a wobɛka akyerɛ wɔ anibu 30 mu fata. Esiane sɛ yɛn botae ne sɛ yɛne afoforo bedi nkitaho nti, paw baabi a nnipa twam fa hɔ daa. Ɛwom sɛ ebia ɛbɛyɛ papa sɛ ɔdawurubɔfo foforo bi bɛbɛn wo de, nanso ɛtaa yɛ papa sɛ wo nkutoo wobɛyɛ adwuma. Ebia adawurubɔfo a wɔbom gyina faako no de bere no bɛbɔ nkɔmmɔ na wɔmfa wɔn adwene nkɔ ɔmanfo a ebia wɔpɛ sɛ wotie Ahenni nkrasɛm no so.
5 Faako a wubegyina de nsɛmma nhoma no akyerɛ no ntu mpɔn te sɛ wo pɛ mu a wubefi akɔ ankorankoro nkyɛn. Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ n’anim. Da ɔhyew ne anigye adi na ka wo nsɛm no tẽẽ bere a wobɔ mmɔden sɛ wubefi nkɔmmɔbɔ ase no. Wɔ tebea horow no bi mu no, ebia ɛsɛ sɛ wo ne onipa no bɔ anan nantew kakra bere a wo ne no kasa no. Fa nsɛmma nhoma no ma wɔ ahotoso mu. Sɛ wannye nsɛmma nhoma no a, ebia wobɛpɛ sɛ wode kratawa ma no.
6 Ɛtaa ye sen biara sɛ wubesiesie asɛm a wobɛka tiawa bi a ebisa anaa ɛka asɛm bi a ɛbɛkanyan anigye. Sɛ ɔyɛ ho biribi pa a, bɔ mmɔden sɛ wubegye ne din, n’address ne ebia ne telefon nɔma na woatumi akodi anigye no ho dwuma. Wubetumi aka sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wuhu pii a, ɛbɛyɛ m’anigye sɛ mɛba abɛsra wɔ fie anaasɛ mɛyɛ nhyehyɛe ma Ɔdansefo foforo abɛsra wo.”
7 Ɔpanyin bi a na ɔreyɛ mmɔnten so adansedi kɔɔ ɔbea bi nkyɛn na ohui sɛ ɔne Adansefo no nkasa da wɔ ne fie. Ogyee nhoma biako na ɔpenee so sɛ ɔbɛma onuawa bi abɛsra no wɔ fie bere a eye ma no. Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi ahu afoforo a wɔfata pii aboa wɔn sɛ yetu mpɔn wɔ mmɔnten so adansedi mu a.—Aso. 17:17.