Boa Afoforo Ma Wonsua Nokware No
1 Yesu baa asase so bedii nokware no ho adanse. Nea ɛbɛyɛ na wɔaka nokware no akyerɛ afoforo no, ɔtetee n’asuafo no sɛ akyerɛkyerɛfo. Na ɔwɔ ahotoso kɛse sɛ wobetumi akyerɛkyerɛ afoforo araa ma ɔfrɛɛ wɔn sɛ ‘baguam akyerɛkyerɛfo.’ (Mat. 13:52, New World Translation) Ɔde wɔn mu biara toto nhomanimfo bi a ɔwɔ ademude dan ankasa a oyi nneɛma fi mu ho. Yesu asuafo a wɔwɔ hɔ nnɛ de nhoma di dwuma na ama Ahenni asɛnka adwuma no anya nkɔanim ntɛmntɛm. Sɛ nhwɛso no, asafo ahorow pii wɔ nhomawa ahorow a wɔde bɛboa afoforo ma wɔabɛyɛ asuafo. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de nnwinnade a ɛsom bo yi adwuma?
2 Nea ɛbɛyɛ na woafi nkɔmmɔbɔ a ebetumi ama wode “Daakye Dwoodwoo Asetra—Ɔkwan a Wobɛfa So Anya” nhomawa ama ase no, wubetumi aka sɛ:
◼ “So woabisa nea enti a wɔ onipa mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, ɛte sɛ nea anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya dwoodwoo asetra no mma mu? [Twɛn ma ommua.] Bible no kyerɛkyerɛ nea enti a mmɔden pii a wɔabɔ no ayɛ ɔkwa no mu.” Kenkan Dwom 146:3, 4. Sɛ wo ne ofiewura no susuw nkyekyem 6 hɔnom asɛm no ho wiei a, wubetumi abisa sɛ: “Hena ankasa na obetumi ama yɛanya dwoodwoo asetra a ɛtra hɔ kyɛ?” Wubetumi agyina ofiewura no mmuae so asi gyinae sɛ mubesusuw nkyekyem 7 mu nsɛm a ɛfata ho anaasɛ wobɛyɛ nhyehyɛe ayɛ saa akyiri yi.
3 Ɔkwan biako a ebia wubetumi afa so de “So Onyankopɔn Bi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho?” nhomawa no adi dwuma ni:
◼ “Nnipa pii abisa nsɛm a epue wɔ mfonini abien yi ase no. [Kenkan nsemmisa a ɛwɔ nkratafa 6 ne 7 ase hɔ no, na twɛn ma ommua.] Esiane sɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ remma papa ne bɔne nkɔ so bere koro mu nti, wususuw ne bɔhyɛ a ɛwɔ ha wɔ Yesaia 65:21-24 no ho dɛn?” Sɛ mmuae a ɔma no da anigye bi adi a, bue nkyekyem 37, na kyerɛkyerɛ nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ mu.
4 Sɛ wode “Pii Wɔ Asetra Mu!” nhomawa no rema a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Wɔ nnipa pii fam no, asetra abɛyɛ nea anigye nnim na afono wɔn. Wususuw sɛ dɛn na ehia na asetra anya atirimpɔw kɛse? [Ma ofiewura no nkyerɛ n’adwene.] Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ nneɛma pa wɔ hɔ ma yɛn. Hwɛ nea ɔka wɔ ha wɔ Adiyisɛm 21:4, 5.” Sɛ ɛfata a, fa nhomawa no nkyekyem 42 mu nsɛm toa nkɔmmɔbɔ no so.
5 Sɛ ɔdawurubɔfo kumaa bi de “Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!” “brochure” no redi dwuma a, obetumi aka sɛ:
◼ “So wobɛpɛ sɛ wotra paradise asase a ɛte sɛ eyi so? [Fa anim ne akyi mfonini no kyerɛ na twɛn ma ommua.] Me ne m’abusua hwɛ kwan sɛ yɛbɛtra hɔ esiane nea Bible no ka wɔ ha wɔ Yohane 17:3 nti.” Sɛ wokenkan kyerɛw nsɛm no wie a, fa brochure no ma onipa no ma ɔnkenkan.
6 Sɛ wode nhomawa anaa brochure afoforo redi dwuma wɔ wo som adwuma no mu ɔsram yi a, wubetumi ama wo nnianim nsɛm ne nsɛm a woka kyerɛ no ayɛ te sɛ atifi hɔ nyansahyɛ ahorow no. Kae sɛ womma wo kasa nyɛ tenten na wobɛka nsɛm a ɛma denhyɛ de akanyan afiewuranom anigye.
7 Yehowa ama yɛn nokware no. Ɛsɛ sɛ yɛde hokwan a wɔde asi yɛn anim no di dwuma de ka ho asɛm kyerɛ afoforo, denam nhoma so ne wɔ nkɔmmɔ a yɛne nkurɔfo bɔ no mu. Wɔ saa kwan yi so no, yɛbɛda yɛn ho adi sɛ yɛyɛ baguam akyerɛkyerɛfo a yɛhwehwɛ afoforo yiyedi a ɛtra hɔ daa.—Mat. 28:19, 20.