Sɛ Yɛansan Ankɔ a, Ɛbɛyɛ Dɛn na Wɔbɛte?
1 ‘Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte sɛ obi anka asɛm no a?’ (Rom. 10:14) Sɛ yɛanyɛ sankɔhwɛ ahorow a etu mpɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte nokware no ase? Ɛfata sɛ yɛsan kɔsra ofiewura biara a yetumi ne no bɔɔ Ahenni nkrasɛm no ho nkɔmmɔ no. Ɔsram yi yebetumi de nhomawa biara a yɛde mae no mu Kyerɛwnsɛm mu nsɛm afoforo akɔtoa nkɔmmɔbɔ a edi kan no so, na ebetumi ama yɛayɛ Bible adesua.
2 Sɛ wode “Daakye Dwoodwoo Asetra—Ɔkwan a Wobɛfa So Anya” nhomawa no mae a, ebia wubetumi afi nkɔmmɔbɔ a ɛbɛdan ayɛ Bible adesua ase saa kwan yi so. Bere a wode anim no kyerɛ no, wubetumi abisa sɛ:
◼ “So wobɛpɛ sɛ wotra wiase a wo ne w’abusua benya daakye dwoodwoo asetra ɔkwan biara so mu? [Twɛn ma ommua. Afei dan kɔ nkyekyem 2.] Yɛn nyinaa pɛ sɛ yenya eyi, ɛwom sɛ pii nnye nni sɛ ebetumi aba de. Nanso, Onyankopɔn a ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛma eyi aba no fam no, ɛbɛba.” Kenkan Yesaia 32:17, 18 sɛnea wɔafa aka wɔ nkyekyem 2 no, anaasɛ kenkan fi wo Bible mu. Toa so, kyerɛkyerɛ mu sɛ nkurɔfo wɔ wiase nyinaa a wɔrenya anigye ne asomdwoe a daakye ho nokware anidaso de ba no dedaw. Munsusuw Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛwɔ nkyekyem 3 no ho, na afei kyerɛkyerɛ sɛnea nhomawa no sua betumi aboa ofiewura no ma wahu pii no mu. Sɛ onipa no ani gye ho a, yɛ nhyehyɛe san kɔsra no ntɛm kɔtoa nkɔmmɔbɔ no so.
3 Sɛ wosan kɔ hɔ bere a wode “So Onyankopɔn Bi Wɔ Hɔ a Odwen Yɛn Ho?” nhomawa no ama akyi a, ebia biribi te sɛ eyi betu mpɔn:
◼ “Wɔ nnaano nsrahwɛ no mu no, yesusuw asemmisa, So Onyankopɔn bi wɔ hɔ a odwen yɛn ho? no ho. So wususuw sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho yiye ma enti ɔbɛma amanehunu ne basabasayɛ aba awie? [Sɛ onipa no bua wie a, dan kɔ nkyekyem 32, na toa so.] Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde wiase foforo a nnipa pa a wobetumi atra ase asomdwoem te mu besi wiase bɔne yi ananmu. [Kenkan Dwom 37:11.] Me ne wo nso betumi anya asetra mu anigye wɔ saa wiase foforo no mu sɛ yegye Bible no di na yɛde emu afotu di dwuma a.” Kyerɛkyerɛ yɛn nhyehyɛe a yɛde boa nkurɔfo ma wosua Bible no mu.
4 Sɛ woyɛ sankɔhwɛ bere a wode “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” “brochure” no ama akyi a, wubetumi de akyi mfonini no akyerɛ de afi ase na afei woabisa sɛ:
◼ “Wususuw sɛ wiase a ɛyɛ pɛ mu tra bɛyɛ te sɛ dɛn? [Ma ofiewura no mmua.] Nea wuhu wɔ mfonini yi mu no nyɛ adwenem mu mfonini kɛkɛ; egyina nokware bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu so. [Kenkan Adiyisɛm 21:4 ne Dwom 37:11, 29.] Mepɛ sɛ mekyerɛkyerɛ sɛnea wo ne w’abusua betumi anya nhyira yi mu.” Gyina ofiewura no mmuae so toa nkɔmmɔbɔ no so, na ka Bible adesua ho asɛm kyerɛ no.
5 Sɛ yehu nnipa komapafo a wɔrehwehwɛ nokware no a, yɛda nokware dɔ a yɛwɔ no adi kyerɛ denam wɔn nkyɛn a yɛsan kɔ kɔboa wɔn ma wodi nea wɔate no ho dwuma so. Yɛde nokware kronn a wɔde ahyɛ yɛn nsa no di dwuma na ɛde daa nhyira abrɛ yɛn ankasa ne wɔn a wotie yɛn no.—1 Tim. 4:16.