Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
1 Yɛn da koro nhyiam titiriw dwumadi a ebefi ase July no asɛmti ne “Monkɔ so Nni Nokware no Ho Adanse.” Dwumadi no nyinaa bɛtwe adwene asi nhwɛso a Yesu de gyaw yɛn ne sɛnea ɔde hokwan biara dii dwuma de kaa nokware no kyerɛɛ afoforo no so. Sɛ́ Kristo asuafo no, ebesi asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yesuasua sɛnea odii nokware no ho adanse no so dua.—1 Kor. 11:1.
2 Yebesusuw dwuma a asafo no di de hyɛ nokware no ho nkuran ho. Wobesi yɛn nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo a yɛde bedi dwuma yiye no nso so dua.
3 Ɔkasa titiriw a ɔkasafo a Asafo ti no apaw no bɛma no asɛmti ne “Nokware no Ho Adanse a Yedi—Nea Ɛde Ba.” (Yoh. 8:32) Akyinnye biara nni ho sɛ saa da koro nhyiam titiriw dwumadi yi bɛma anisɔ a yɛwɔ ma nokware no ayɛ kɛse, na aboa yɛn nyinaa ma yɛatumi akɔ so agyina ‘pintinn wɔ nokware no mu.’—2 Pet. 1:12; 1 Kor. 15:58.