To Nsa Frɛ Afoforo Ma Wonni Onipa a Ɔsen Biara no Akyi
1 Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 5:14 no, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Mone wiase hann.” Ná ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo ka Yehowa Ahenni ne Ne nkwagye ho nsiesiei a ɔdɔ wom a ɔnam Yesu so ayɛ no ho asɛm kyerɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa. Bere a saa adwuma no wɔ yɛn adwene mu no, yɛhwɛ kwan sɛ yɛde Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no bɛma wɔ December ɔsram mu. Nyansahyɛ ahorow a ebia wobɛpɛ sɛ wode di dwuma bi ni.
2 Woda wo ho adi wie a, wubetumi de w’ankasa wo nsɛm aka nea edi so yi:
◼ “Nnipa pii asusuw sɛnea na Yesu te bere a ɔtraa asase yi so sɛ onipa no ho. Wususuw sɛ akwan bɛn so na na ɔyɛ soronko wɔ afoforo ho? [Twɛn ma ommua.] Saa nhoma a emu yɛ anigye yi, Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, ka n’asetra ne ne som adwuma ho nsɛntitiriw, na ɛma yenya onipa ko a na ɔyɛ ho nhumu. Bere a ebinom akenkan awie no, wɔte nka te sɛ nea wɔanya hokwan ne ɔno ankasa abɔ, ne no abom ahu amane, na wɔde wɔn aniwa ahu ne som adwuma no.” Twe adwene si nhoma no mu mfonini a edi kan a nhoma no din ka ho no so. Afei dan kɔ nnianim asɛm no so na kenkan nkyekyem a ɛto so abien wɔ asɛmti ketewa “Sua Ne Ho Ade Na Nya Mfaso” no ase. Afei, fa nhoma no ma ahotoso mu.
3 Anaasɛ wubetumi aka biribi te sɛ eyi:
◼ “Wɔ saa afahyɛ bere yi mu no, nkurɔfo resusuw Yesu ho. Nanso, esiane sɛ nnebɔne pii rekɔ so wɔ wiase nyinaa nti, ebetumi aba sɛ ebinom besusuw ho sɛ ebia Yesu dwen yɛn ho ankasa anaa. Wote nka dɛn wɔ ɛno ho?” Twɛn ma ommua. Dan kɔ Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ti 24, na munsusuw nea enti a Yesu baa asase so ho tiawa. Afei kenkan Yohane 15:13, na si ɔdɔ a efi komam a na Yesu wɔ ma afoforo so dua. Kae sɛ wode nsɛmma nhoma a aba foforo, brochure, anaa kratawa bi a ɛfata bɛkɔ na sɛ ɛba sɛ wɔannye nhoma no a, wode ama.
4 Nyansahyɛ foforo ni:
◼ “Mmofra dodow no ara rehwehwɛ nnipa a wobetumi ahwɛ wɔn asua wɔn, nanso wonnya wɔn a wɔyɛ nhwɛso pa. Yesu Kristo na ɔyɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ maa obiara. [Kenkan 1 Petro 2:21.] Ná n’asetra nyinaa gyina ɔsom a ɔde bɛma ne soro Agya no so. Sɛ nnipa bebree bɔɔ mmɔden sɛ wobesuasua no a, anka wususuw sɛ dɛn na ɛbɛba?” Twɛn ma ommua. Twe adwene kɔ nkyekyem a ɛto so abiɛsa wɔ kratafa a edi nea etwa to wɔ nhoma no mu anim, a ɛka ne su ahorow a ɛyɛ soronko ho asɛm no so. Kyerɛ sɛnea Onipa a Ɔsen Biara nhoma no betumi aboa yɛn nyinaa ma yɛayɛ Kristofo a woye kyɛn so.
5 Ebia wobɛpɛ sɛ woka biribi te sɛ eyi:
◼ “Sɛ obi bɔ Yesu Kristo din a, nnipa pii bu no sɛ akokoaa bi anaa ɔbarima bi a ɔrehu amane a aka kakra ma wawu. Yesu ho adwene a wɔwɔ no fa n’awo ne ne wu nkutoo ho. Wɔntaa nsusuw nneɛma a ɔyɛe ne nsɛm a ɔkae wɔ ne nkwa nna mu a na ɛyɛ nwonwa no ho. Nea ɔyɛe no fa onipa biara a watra asase yi so pɛn ho. Ɛno nti na ɛho hia sɛ yesua nea yebetumi biara wɔ anwonwade a ɔyɛ maa yɛn no ho.” Kenkan Yohane 17:3. Dan kɔ Onipa a Ɔsen Biara nhoma no nnianim asɛm no kratafa a edi kan so, na kenkan nkyekyem a ɛto so anan no. Kyerɛ sɛnea wobetumi de nhoma no ayɛ kokoam adesua.
6 Hwɛ hu sɛ wobɛyɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye ne wɔn a woma wɔn nhoma no ho kyerɛwtohɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akɔhwehwɛ wɔn bio denam sankɔhwɛ ahorow a wobɛyɛ so. Bere dodow a bere da so wɔ hɔ no, momma yɛmfa nnamyɛ nhwehwɛ nnipa komapafo na yɛmmoa wɔn ma wɔmmɛyɛ yɛn Gyefo, Yesu Kristo, akyidifo.—Mat. 16:24.