Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/94 kr. 8
  • Monhyɛ Wɔn Nkuran Ma Wɔmmɛyɛ N’akyidifo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monhyɛ Wɔn Nkuran Ma Wɔmmɛyɛ N’akyidifo
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • To Nsa Frɛ Afoforo Ma Wonni Onipa a Ɔsen Biara no Akyi
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nimdeɛ a Efi Nyankopɔn Hɔ Bua Nsɛmmisa Pii
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • “Eyi Ne Daa Nkwa”
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 12/94 kr. 8

Monhyɛ Wɔn Nkuran Ma Wɔmmɛyɛ N’akyidifo

1 Paulo kyerɛwee wɔ 1 Korintofo 3:6 sɛ: “Miduae, Apolo guguu so nsu, na Onyankopɔn na ɔma enyinii.” Paulo de nsusuwii yi dii dwuma de boaa ne nuanom ma wohui sɛ ɛho hia sɛ wɔde biakoyɛ yɛ adwuma wɔ Kristo tiyɛ ase. Ɔnam saa kwan yi so nso boaa wɔn ma wohuu dwuma titiriw a wodii wɔ adwuma a ɛho hia a ɛne aba a wogu ne nsu a wɔde gugu so no mu.

2 Wɔde saa nkwagye adwuma no bɛba awiei wɔ awo ntoatoaso yi ara mu. Sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no, yɛwɔ asɛyɛde a anibere wom sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔabɛyɛ Yesu akyidifo. (Aso. 13:48) Wobɛyɛ dɛn asan akodi anigye a wutumi de Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no kanyan no ho dwuma?

3 Sɛ woresan akɔsra obi a ogyee nhoma no a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Bere a yɛbɔɔ nkɔmmɔ nnaano no, yesusuw sɛnea na Yesu Kristo te bere a na ɔyɛ onipa no ho. M’ani gyei sɛ mede Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no maa wo. Yesu nkyerɛkyerɛ ne ne nipasu ho ade bɛn na w’ani agye ho sen biara?” Twɛn ma ommua. Bue ti 113, na munsusuw ahobrɛase ho nhwɛso a ɛkyɛn so a Yesu yɛe no ho. Kenkan Filipifo 2:8 fa kyerɛ sɛnea ɔsomafo Paulo buu Yesu ahobrɛase su no. Afei wubetumi akyerɛ sɛnea obetumi asua pii denam Bible adesua a wɔyɛ no daa no so.

4 Ebia wobɛpɛ sɛ wode nnianim asɛm yi di dwuma:

◼ “Yɛbɔɔ nneɛma a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so a ɛkyerɛ sɛ odwen yɛn ho ankasa ho nkɔmmɔ. Wususuw sɛ dɛn na awiei koraa no ɔbɛyɛ na ama wɔn a wɔahu amane pii no anya ahotɔ?” Twɛn ma ommua. Bue ti 133, na munsusuw nsɛm a wɔaka wɔ nkyekyem anum no mu ho. Bue mfonini a ɛwɔ kratafa a edi hɔ no, na kyerɛkyerɛ sɛnea nneɛma bɛyɛ bere a wɔyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so sɛnea wɔyɛ wɔ soro no mu. Kyerɛ mfaso horow a obenya denam pii a obesua no so.

5 Sɛ mfiase no wankyerɛ anigye kɛse a, ebia wubetumi afi nkɔmmɔbɔ no ase wɔ saa kwan yi so:

◼ “Misusuw sɛ yɛn baanu nyinaa pene so sɛ nnipa pii bɔ wɔn bra te sɛ obi a wobu no sɛ wɔn nhwɛsofo. Yesu Kristo ne nhwɛsofo a ɔsen biara a obi betumi anya. Mɛpɛ sɛ meka asuade bi a ɛho hia yiye a minyae bere a na meresua nhwɛso a Yesu yɛe ho ade no ho asɛm kyerɛ wo. [Bue Onipa a Ɔsen Biara no ti 40, na twe adwene si ahummɔbɔ a efi ayamye mu ho asuade bi a Yesu de mae no so.] Eyi kaee me sɛnea ɛho hia sɛ miyi su yi adi kyerɛ afoforo wɔ ɔkwan a tumi wom so.” Kenkan Mateo 5:7. Bere a wonam saayɛ so akanyan anigye akyi no, fa nhoma no anaasɛ So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? brochure no ma.

6 Anaasɛ ebia wobɛpɛ sɛ wofa ɔkwan a ɛyɛ tẽẽ yi so:

◼ “Bere a mebaa ha nnaano no, yesusuw hia a ɛho hia sɛ yenya Yesu ho nimdeɛ ho. Yohane 17:3 ka sɛ ‘ɛkyerɛ daa nkwa’ sɛ yebenya nimdeɛ a ɛte saa. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?” Twɛn ma ommua. Toa so denam yɛn Bible adesua nhyehyɛe ne sɛnea obenya so mfaso a wobɛkyerɛkyerɛ mu no so.

7 Paulo ka sɛ otwa adwuma no mu odwumayeni “benya n’akatua sɛnea n’ankasa adwuma te.” (1 Kor. 3:8) Sɛ yɛyere yɛn ho denneennen boa afoforo ma wɔbɛyɛ Yesu akyidifo a, akyinnye biara nni ho sɛ yebenya akatua kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena