Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/95 kr. 1
  • Yehowa Ma Ahoɔden

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ma Ahoɔden
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Mpaebɔ So
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛbɔ Mpae Daa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Yehowa Hyɛ Yɛn Den
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Bata Yehowa Ahyehyɛde No Ho
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 6/95 kr. 1

Yehowa Ma Ahoɔden

1 Sɛ́ Yehowa nkurɔfo no, wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnka asɛmpa no na bere koro no ara yemmu “ɔbra pa amanaman mu.” (1 Pet. 2:12; Mat. 24:14) Esiane sɛnea mmere no mu yɛ den ne yɛn ankasa mmerɛwyɛ ne sintɔ ahorow nti, yentumi mfa yɛn ahoɔden nyɛ adwuma yi da. (2 Tim. 3:1-5) Hwɛ sɛnea yɛn ani gye sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so ma waboa yɛn!

2 Ɔsomafo Paulo gyinaa sɔhwɛ ahorow pii ano. (2 Kor. 11:23-27) Ɛyɛɛ dɛn na otumi gyinaa eyinom ano wiee adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no? Yehowa maa no “tumi a ɛboro so.” (2 Kor. 4:7) Paulo gye toom sɛ onyaa Onyankopɔn mmoa a ɛte saa bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Fil. 4:13) Yehowa bɛboa yɛn saa ara. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya saa mmoa yi?

3 Denam Mpae a Yɛbɛbɔ no Daa So: Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnkɔ so mmisa, yɛnhwehwɛ, na yɛmpem,’ na yɛmmpa abaw. (Luka 11:5-10) Mpae a yɛkɔ so bɔ no ma Yehowa hu baabi a biribi hia yɛn kodu, sɛnea ɔpɛ a yɛwɔ no mu yɛ den fa, ne fata a adwene a yɛwɔ no fata. (Dw. 55:17; 88:1, 13; Rom. 1:9-11) Paulo huu hia a mpae a wɔkɔ so bɔ ho hia bere a ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yennnyae mpaebɔ mu da’ no. (1 Tes. 5:17) Mpaebɔ yɛ akwan atitiriw a yɛnam so nya Yehowa hɔ mmoa no biako.

4 Denam Teokrase Akwankyerɛ a Yedi Akyi So: “Teokrase” kyerɛ Onyankopɔn, a ɔyɛ ɔdɔ no, nniso. Yenya ne nniso so mfaso denam ne tumidi a ɔdɔ wom no a yegye tom ne n’akwankyerɛ akyi a yedi wɔ gyinaesi akɛse ne nketewa nyinaa mu no so. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no gyina hɔ ma teokrase nniso wɔ asase yi so. (Mat. 24:45-47) Sɛ yebenya Yehowa nhyira a, ɛho hia sɛ yɛne ahyehyɛde a “akoa” no de di dwuma no yɛ biako. (Fa toto Hebrifo 13:17 ho.) Yehowa betua yɛn nokwaredi ne ɔpɛ a yɛwɔ no so ka denam ahoɔden a yehia a ɔde bɛma yɛn bere a ɛsɛ mu no so.—Heb. 4:16.

5 Denam Yɛn Nuanom a Yɛbɛbɛn Wɔn So: Ɔdɔ ne Yesu asuafo agyiraehyɛde. (Yoh. 13:34, 35) Esiane sɛ nipasu gu ahorow pii nti, nneɛma a yɛne afoforo adwene nhyia wɔ ho betumi ama akameakame asɔre wɔ yɛn mu. Ɛho hia sɛ yenya ayamhyehye, na yɛde firifiri yɛn ho yɛn ho. (Efe. 4:32) Eyi ma yetumi bɛn yɛn nuanom wɔ ɔsom no mu, na sɔhwɛ mu a wogyina pintinn no hyɛ yɛn nkuran. Esiane sɛ ‘yenim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato yɛn nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa so’ nti, yenya ahoɔden fi Onyankopɔn hɔ de gyina ɔhaw ahorow a ɛtete saa ano.—1 Pet. 5:9.

6 Denam Kokoam Adesua Ho Nhyehyɛe Pa a Wubekura Mu So: Yɛn adwene ne yɛn koma a yɛbɛhyɛ no den honhom mu no ma yetumi ko tia Satan ntua. (1 Pet. 5:8) Kokoam adesua ho nhyehyɛe pa a yɛbɛyɛ adi akyi daa bɛma Onyankopɔn ho nimdeɛ a yɛwɔ no anya nkɔanim. Eyi betumi aboa yɛn bere a yɛrehyia da biara da mu ɔhaw ahorow no. Paulo sii so dua sɛ “nokware nimdeɛ” ho hia kɛse na yɛanya nkwagye. (1 Tim. 2:3, 4) Ɛho hia sɛ yenya honhom mu aduan daa.

7 Yɛnam Kristofo asafo no so betumi anya nsiesiei a ɛho hia a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ den no nyinaa ntɛm. Ne dwumadi nyinaa a yebefi koma nyinaa mu aboa no bɛma ‘yɛanantew a yɛmmrɛ.’—Yes. 40:29-31.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena