Kristo Yɛ Nhwɛso Ma Mmofra
1 Bere a obi ne wiaseni abofra bi bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ bere tenten no, ɔkae sɛ: “Yesu Kristo nipasu a tumi wom no yɛɛ me ahodwiriw. Ɔkannifo a metumi agye no adi ni.” Wontumi nka saa asɛm no mfa ɔmanyɛfo anaa agumadi ne anigyede mu ɔkatakyi biara ho. Wiase gyinapɛn ahorow ne asetra kwan a ɛnsɛ Kristofo a wogye tom pefee no mma wɔmfata sɛ yɛn nhwɛsofo.—Dw. 146:3, 4.
2 Mmofra betumi anya awerɛhyem sɛ sɛ wobenya Yesu Kristo mu gyidi a, wɔbɛyɛ Onyankopɔn nguan a Yesu nim wɔn. Oguanhwɛfo Pa no dwen wɔn ho. (Yoh. 10:14, 15, 27) Mmofra a wodi Kristo akyi sɛ wɔn Nhwɛsofo no nya nhyira.
3 Onua bi a seesei ɔsom wɔ Brooklyn Betel de saa ɔsom hokwan yi sii n’ani so fi bere a odii mfe awotwe. Wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ommu Betel som adwuma sɛ ɔkwampa a sɛ onyin kakra a obetumi afa so asuasua Kristo nhwɛso no. N’awofo ne ahwɛfo akwantufo de eyi sii n’ani so. Nea ɛbɛboa no ma wasiesie ne ho no, wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔmmɔ ne ho mmɔden te sɛ Betelni ara pɛ, nyɛ fie nnwuma, mmoa Ahenni Asa so asiesie, na ɔmma ne ho nkokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu. Bere a seesei wayɛ Betel som adwuma no mfe pii no, ɛyɛ no anigye sɛ ɔbɔɔ mmɔden suasuaa Kristo nhwɛso no bere a na ɔyɛ abofra no.
4 Yesu anni wiase dwumadi bi akyi; ɔpaw ɔsom adwuma no. Bere a onuawa kumaa bi wiee sukuu no, ɔpɛe sɛ ɔyɛ akwampae adwuma, nanso ɔtwentwɛn ne nan ase esiane sɛ na onni adwuma a wɔde bere fã yɛ a ɛfata nti. Ɔkɔɔ so nyaa adwene no sɛ: ‘Nea edi kan no, mɛhwehwɛ adwuma, na afei mahyehyɛ akwampae ho akwammisa no.’ Ɔpanyin bi daa no adi kyerɛɛ no sɛ bere dodow a ɔtwɛn no, dodow no ara na n’ani begye adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ ho esiane sɛ biribiara nsiw no kwan sɛ ɔbɛyɛ nti. Abeawa no kae sɛ: “Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ne honhom nkyerɛ me kwan.” Ntɛm ara na ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo boafo, na akyiri yi, ɔbɛyɛɛ daa ɔkwampaefo. Ɛno akyi bere tiaa bi no, onyaa adwuma a ɛfata a ɛma onyaa bere de yɛɛ akwampae adwuma no.
5 Yesu de akokoduru kaa Ahenni asɛm no kyerɛɛ obiara. (Mat. 4:23) Kristofo nkumaa nso betumi asua sɛ wobenya akokoduru wɔ asɛnka mu, a wɔmma afoforo nhunahuna wɔn. Ɔdansefo bi a wadi mfe 14 bɔɔ amanneɛ sɛ: “Obiara nim me gyinabea sɛ Kristoni wɔ sukuu. . . . Wonim no yiye ma enti sɛ mereyɛ asɛnka adwuma na sɛ mihyia me yɔnko sukuuni bi a, memfɛre. Me mfɛfo sukuufo taa tie, na mpɛn pii no, wogye nhoma ahorow.”
6 Kristo nhwɛso no a mmofra besusuw ho no betumi aboa wɔn ma wɔasi wɔn daakye ho gyinae a nyansa wom. Sɛ́ anka wɔbɛma wiase nneɛma agye wɔn adwene no, ‘wɔkae wɔn Bɔfo’ denam nsiyɛ a wɔda no adi wɔ Yehowa som mu no so. (Ɔsɛnk. 12:1) Te sɛ Kristo Yesu no, wɔrebɔ mmɔden anya “agya no dɔ” a ɛde nhyira a ɛyɛ anigye ba sen nea wiase no de ma biara no. Sɛ́ anka wɔne wiase dedaw no ‘betwam’ akɔ no, wobetumi ahwɛ kwan sɛ ‘wɔbɛtra hɔ daa.’—1 Yoh. 2:15-17.