Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/95 kr. 2
  • June Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • June Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase June 5
  • Dapɛn a Efi Ase June 12
  • Dapɛn a Efi ase June 19
  • Dapɛn a Efi Ase June 26
Yɛn Ahenni Som—1995
km 6/95 kr. 2

June Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase June 5

Dwom 7

13 min: Asafo mu nkaebɔ ne Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Ka “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” ho asɛm. Sɛ wunim da a wɔbɛyɛ da koro nhyiam titiriw a edi hɔ no a, fa to gua, na hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe nkɔ bi.

15 min: “Yehowa Ma Ahoɔden.” Nsemmisa ne mmuae. Ka osuahu a ɛwɔ February 1, 1992, Ɔwɛn-Aban, kratafa 32 no kyerɛ.

17 min: “Yehowa Ne Yɛn Bɔfo.” Wo ne atiefo mmɔ ho nkɔmmɔ. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa no bedi dwuma ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien. Fa sɛnea wobetumi akɔyɛ sankɔhwɛ wɔ Ahenni Asɛm no a yɛkyekyɛe wɔ April ne May mu no ho nyansahyɛ ntiantiaa bi ma.

Dwom 17 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 12

Dwom 221

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

17 min: “Kristo Yɛ Nhwɛso Ma Mmofra.” Nsemmisa ne mmuae. Fa September 1, 1986, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 4-6 mu nsɛm ka ho.

18 min: “Boa Wɔn a Wonni Gyidi.” Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo ne adawurubɔfo baanu anaa baasa susuw asɛm no ho, na afei wɔbɔ sɛnea wɔde bedi dwuma no ho nkɔmmɔ. Wɔbobɔ ɔyɛkyerɛ so de ka nsɛm a wɔka kyerɛ no kyerɛ wɔn ho wɔn ho.

Dwom 122 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi ase June 19

Dwom 83

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

23 min: “Yehowa Adansefo 1995 ‘Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye’ Ɔmantam Nhyiam.” Nsemmisa ne mmuae a ɔkyerɛwfo de susuw ho. Kenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm atitiriw no nkutoo. Kanyan anuanom anigye wɔ Tamale nhyiam no ho. Asafo ahorow a wɔwɔ ayarefo wɔ wɔn mu betumi asi ɔfa a ɛne Ahiade Atitiriw, nkyekyem 5-8 no so dua.

17 min: “Fa Wo Bere Di Dwuma Yiye.” Nsemmisa ne mmuae. Ɛdefa bere a wɔsɛe no wɔ TV hwɛ ho no, munsusuw nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ asɛmti ketewa “Wo Ho So a Wubedi,” a ɛwɔ May 22, 1991, Engiresi Nyan! kratafa 11 no ho.

Dwom 208 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 26

Dwom 75

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka hia a sankɔhwɛ ahorow ho hia ho asɛm tiawa: Yɛyɛ yɛn nkyerɛkyerɛ adwuma no fã titiriw bere a yɛsan kɔkanyan anigye no. Nnipa kakraa bi pɛ na wɔnam nhoma ahorow nkutoo so betumi anya nkɔso. Sɛ yɛansan ankɔ a, yɛhwere hokwan a ɛfata kɛse a yebetumi de aboa wɔn no. Sankɔhwɛ ahorow ma yenya Bible adesua. Adawurubɔfo pii ahu sɛ biribi pa fi sankɔhwɛ a wɔkɔyɛ wɔ da koro anaa nnanu akyi no mu ba sen sɛ wɔbɛtwɛn dapɛn biako ansa.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma, nkratafa 88-9.

15 min: Asemmisa Afã. Nsemmisa ne mmuae a Ɔwɛn-Aban Adesua Sohwɛfo di ho dwuma. Ka nsɛm foforo a egyina School Guidebook, nkratafa 91-2 so.

15 min: Ka nhoma a yɛde bedi dwuma July ho asɛm. Mommɔ brochure a asafo no wɔ bi wɔ hɔ no mu nneɛma atitiriw ho nkɔmmɔ. Ma adawurubɔfo nyɛ sɛnea wobetumi de ama wɔ ɔpon ano ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa. Nhwɛso ahorow: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? (Dan kɔ nkratafa 26-7, na twe adwene si mfonini ahorow no so, na munsusuw kyerɛw nsɛm a ɛfa Paradise a ɛreba ho no biako ho.) Dɛn ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu? (Dan kɔ nkratafa 30-1, na munsusuw kyerɛw nsɛm a wɔafa emu nsɛm aka no biako ho.) Bere a Obi a Wodɔ No Awu. (Twe adwene si nsemmisa a ɛwɔ kratafa 2 so, na afei ka Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a awerɛkyekye wom a ɛwɔ kratafa 31 no biako anaa abien ho asɛm.) Ma asafo no nhu brochure ahorow a mowɔ bi wɔ hɔ mprempren no.

Dwom 225 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena