Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/95 kr. 8
  • Yehowa Ne Yɛn Bɔfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ne Yɛn Bɔfo
  • Yɛn Ahenni Som—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn ma Wɔahyɛ Yɛn Bɔfo No Anuonyam
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nhoma a Wɔde ma Wɔ Asɛnka Mu Ho Nyansahyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nimdeɛ a Efi Nyankopɔn Hɔ Bua Nsɛmmisa Pii
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Adwempa a Yɛde Bɛka Asɛmpa No
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1995
km 6/95 kr. 8

Yehowa Ne Yɛn Bɔfo

1 Nnipa ɔpepem pii gye di sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nkwa. Afoforo pii nso gye adannandi di. Afei wɔn a wonhu nea wonnye nni nso wɔ hɔ. Wɔyɛɛ nhoma Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? maa nnipa a wɔte saa nyinaa. Saa nhoma yi de sɛnea ɛyɛe a nkwa baa ha ne nea eyi kyerɛ ma yɛn daakye ho nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri ho nkyerɛkyerɛmu ma. Yɛde saa nhoma fɛfɛ yi bɛma wɔ June mu.

2 Nyansahufo mu atitiriw mpo agye nimdeɛ a nhoma no da no adi no atom. Nyansahu mu nhwehwɛmufo bi a ɔwɔ Netherlands kyerɛwee sɛ: “Nokwarem no, nea saa nhoma yi de ma boro nea wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ no so. Nkyerɛkyerɛmu a ntease wom a wɔde ama wɔ atiri ahorow no mu ne mfonini ahorow no yɛ nnɛyi nyansahu mu de araa ma gye sɛ woyɛ obi a wompɛ sɛ wote ase na wubegye ho kyim.” Mmaranimfo bi kae sɛ: “Makenkan no mpɛn anan na nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri, ahokokwaw, ne nsɛm anoboaboa a egyei ansa na wɔyɛe no da so araa yɛ me nwonwa.” Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ afoforo nso bɛkyerɛ saa nhoma yi ho anisɔ.

3 Wubetumi aka asɛm no tiawa wɔ saa kwan yi so:

◼ Bue kratafa 6, na ka sɛ: “Nnipa pii susuw sɛ yɛn asase fɛfɛ yi ne nkwa a ɛwɔ so bae mpofirim ara kwa. Sɛnea ɛyɛe a eyinom nyinaa bae ho nkyerɛkyerɛmu bɛn na wususuw sɛ ɛyɛ nea ntease wom? [Twɛn ma ommua.] Adanse pii wɔ hɔ a esi Bible kyerɛwtohɔ a ɛka sɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɛnyɛ tumi kɛse nko na ɔwɔ, na mmom ɔwɔ ɔdɔ kɛse ma yɛn wɔ hɔ no so dua. Ɔno ne nokware Nyankopɔn no, na ne din ne Yehowa.” Kenkan Dwom 83:18, na kyerɛkyerɛ sɛnea ɛyɛ n’atirimpɔw sɛ ɔbɛma asase nyinaa adan paradise no mu tiawa.

4 Sɛ wopɛ sɛ woda asɛntitiriw no adi prɛko pɛ a, wubetumi aka sɛ:

◼ “Woasusuw saa asemmisa yi ho pɛn?” Twe adwene si nhoma no asɛmti so, dan kɔ kratafa 7, kenkan nsemmisa a ɛwɔ nkyekyem 2, na kyerɛkyerɛ mu sɛ nhoma no de Bible mu mmuae a abotɔyam wom ma. Fa nhoma no ma na kyerɛkyerɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe no mu.

5 Anaasɛ wubetumi asɔ eyi ahwɛ:

◼ “Woasusuw sɛnea ɛyɛe a asase bae ho pɛn? Nnipa pii kyerɛ sɛ ɛdenam biribi kɛse bi a ɛpaee so. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ asase sɛ ɛnyɛ yɛn fie daa. Ɛyɛ soronko wɔ yɛn owia nsoromma kuw no mu okyinnsoromma no ho. Sɛnea yenim no, ɛno nkutoo ne nea ɛwɔ yɛn amansan yi mu a nsiesiei ahorow nyinaa a ɛyɛ nwonwa a ɛho hia na ama nkwa atumi atra hɔ wɔ so.” Dan kɔ kratafa 130 nkyekyem 5 so, na kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ asase no yɛ Odwumfo Ɔbenfo bi nsaano adwuma no mu.

6 Ebia ɔkwan foforo a wubetumi afa so bɛyɛ biribi te sɛ eyi:

◼ “Nnipa binom susuw sɛ yɛdannan fii kontromfi-nnipa mu. Wɔkyerɛ sɛ na yɛn nananom te sɛ oyi. [Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 89 no kyerɛ no.] Dɛn na wudwen wɔ ɛno ho?” Twɛn ma ommua. Ka nea wɔaka wɔ kratafa 20 no ho asɛm, na afei kenkan Asomafo no Nnwuma 4:24 a ɛka Yehowa ho asɛm sɛ ɔne yɛn Bɔfo ne yɛn Nkwamafo no. “Saa nhoma yi gyina Bible mu nsɛm so pɛɛpɛɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no nyinaa mu.” Dan adwene kɔ emu nsɛmti a ɛwɔ kratafa 5 no so, na twe adwene si nsɛmti te sɛ atiri 1, 7, 15, ne 19 so.

7 Saa nhoma yi betumi ayɛ nhyira ama nnipa komapafo a wɔn a wonni Yehowa anaa n’Asɛm mu gyidi adaadaa wɔn no. Nokwasɛm a ɛwɔ Creation nhoma no mu betumi aboa saafo no ma wɔakɔ so anya anisɔ ama yɛn Bɔfo a ofi ɔdɔ mu dwen yɛn ho no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena