Asɛmmisa Afã
◼ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie ho titiriw bere a yɛrekɔsra Asafo ti no nnwumayɛbea a ɛwɔ Brooklyn, Patterson, ne Wallkill, New York, ne baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no?
Wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo bekura ahosiesie a ɛfata mu. Bere nyinaa ɛsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie yɛ nea ɛho tew na nidi wom a ɛfata Yehowa Nyankopɔn asomfo. Eyi te saa titiriw bere a yɛrekɔsra Asafo ti no dwumadibea a ɛwɔ New York no ne baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no.
Wɔ 1998 mu no, wɔbɛyɛ amantam ne amanaman ntam nhyiam ahorow. Anuanom mpempem pii a wofi nsase pii so bɛkɔ akɔsra Asafo ti no adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York ne baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ aman foforo mu no. Ehia sɛ ‘yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo akwan nyinaa mu,’ a yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata ka ho, ɛnyɛ bere a yɛrekɔsra saa dwumadibea ahorow yi nko, na mmom mmere foforo nso.—2 Kor. 6:3, 4.
Bere a Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma nhoma no reka hia a ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata ho hia ho asɛm no, ɛka hia a honam fam ahotew, ntadehyɛ a ɛfata, ne ahosiesie pa ho hia bere a yɛyɛ asɛnka adwuma na yɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow no. Afei, wɔ kratafa 131 nkyekyem 2 no, ɛka sɛ: “Saa ara na ɛte bere a yɛresrasra Betel fie wɔ Brooklyn anaa Asafo no baa dwumadibea biara no. Kae, edin Betel no kyerɛ ‘Yehowa Fie,’ enti ɛsɛ sɛ yɛn ntade, ahosiesie ne abrabɔ yɛ te sɛ nea wɔhwehwɛ wɔ yɛn ho bere a yɛkɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa so no.” Ɛsɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ mpɔtam hɔ ne wɔn a wofi akyirikyiri a wobehu na wɔde wɔn ho bɔ Betel abusua no mufo na wɔkɔsra baa dwumadibea ahorow no da saa gyinapɛn koro yi a ɛkorɔn no adi.
Ɛsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ nya afoforo so nkɛntɛnso pa wɔ adwene a wokura wɔ Yehowa nokware som ho no ho. Nanso, wɔahyɛ no nsow sɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea bi rekɔsra Asafo ti no nnwumayɛbea hɔ a, wɔnhwɛ wɔn ahosiesie yiye koraa. Sɛ yɛrekɔsra Betel afie mu a, ahosiesie a ɛte saa no mfata. Wɔ saa asɛm yi mu no, sɛnea ɛte wɔ yɛn Kristofo asetra afã a aka nyinaa mu no, yɛpɛ sɛ yekura nnyinasosɛm koro no ara a ɛkorɔn a ɛma Onyankopɔn nkurɔfo da nsow wɔ wiase no ho no mu denam nneɛma nyinaa a yɛbɛyɛ ama Onyankopɔn anuonyam no so. (Rom. 12:2; 1 Kor. 10:31) Ɛyɛ papa nso sɛ yɛne yɛn Bible asuafo ne afoforo a ebia wɔrekɔsra Betel bere a edi kan no bɛkasa, na yɛakae wɔn hia a ehia sɛ wɔde adwene si ntadehyɛ ne ahosiesie a ɛfata so.
Enti sɛ worekɔsra Asafo ti no nnwumayɛbea hɔ a, bisa wo ho sɛ: ‘So me ntadehyɛ ne m’ahosiesie fata?’ (Fa toto Mika 6:8 ho.) ‘So ɛka Onyankopɔn a mesom no no ho asɛmpa? So sɛnea m’ahosiesie te no bɛtwetwe afoforo adwene anaa ɛbɛhyɛ wɔn abufuw? So mereyɛ nhwɛso pa ama afoforo a ebia ɛno ne bere a edi kan a wɔrekɔsra hɔ no?’ Ɛmmra sɛ yɛnam yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie so ‘bɛhyehyɛ yɛn agyenkwa Nyankopɔn kyerɛ ade nyinaa mu.’—Tito 2:10.