Ma Afoforo Nnya Daa Nkwa Ho Anidaso
1 Ɛwom sɛ onipa ahwehwɛ akwan a ɔbɛfa so abrɛ onyin ase na wato ne nkwa nna mu de, nanso ontumi nkwatii onyin ne owu. Hwɛ aseda a yɛde ma sɛ Bible no kyerɛkyerɛ nea enti a nnipa nyinyin na wowuwu, ne sɛnea wɔbɛsesa adesɛe a onyin de ba, na wɔayi owu afi hɔ no mu. Wɔakyerɛkyerɛ saa nokware ahorow yi mu pefee wɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mu. Nhoma no ma nkwa ne owu ho nsɛmmisa a ɛkyere adwene ho mmuae fann, na ɛtwe ɔkenkanfo no adwene kɔ bere a wɔbɛsan de Paradise aba no so.
2 Wɔ March mu no, yɛde Nimdeɛ nhoma no bɛma a yɛn botae ne sɛ yebefi ofie Bible adesua ahorow ase. (Mat. 28:19, 20) Afei yɛbɛkɔ akɔsra wɔn a wɔkyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye nyinaa. Wɔ saa kwan yi so no, yebetumi ama afoforo anya daa nkwa ho anidaso. (Tito 1:2) Nyansahyɛ ahorow a edidi so yi betumi aboa wo ma woayɛ eyi.
3 Sɛ woreyɛ nsrahwɛ a edi kan a, wubetumi abisa saa asɛm yi:
◼ “So woasusuw nea enti a nnipa pɛ sɛ wɔtra ase kyɛ no ho? [Twɛn ma ommua.] Buddhafo, Kristofo, Hindufo, Nkramofo, ne afoforo nyinaa gye owu akyi asetra di.” Bue Nimdeɛ nhoma no kɔ ti 6, “Dɛn Nti na Yenyinyin na Yewuwu?,” na kenkan nkyekyem 3. Munsusuw kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho. Sɛ woreka nsɛmmisa abien a ɛwɔ nkyekyem no awiei ho asɛm a, bisa ofiewura no sɛ ebia n’ani begye ho sɛ n’ankasa behu mmuae no anaa. Sɛ ɔpɛ no saa a, toa nkɔmmɔbɔ no so wɔ nkyekyem kakra a edi hɔ no mu. Woafi adesua ase ara ne no! Fa nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔ ne nkyɛn ne no nkɔtoa so nsusuw mmuae no ho, na ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ saa wɔ da koro anaa nnanu akyi.
4 Sɛ worekɔyɛ sankɔhwɛ wɔ baabi a wode “Nimdeɛ” nhoma no bi mae a, wubetumi aka sɛ:
◼ “Masan aba sɛ yɛrebesusuw nsɛmmisa abien a ɛfa owu ho a yɛannya ho mmuae no ho.” Kae ofiewura no nsɛmmisa no. Afei ɛne no nsusuw nsɛm a ɛwɔ ti 6 no asɛmti ketewa “Pɔw Bɔne” ase no ho. Gyina sɛnea tebea no te so toa adesua no so anaasɛ fa asɛmmisa a etwa to wɔ nkyekyem 7 no di dwuma bɔ kwan ma nsrahwɛ a edi hɔ. Yɛ nhyehyɛe pɔtee san kɔ hɔ. Twe adwene si asafo nhyiam ahorow so, na kyerɛkyerɛ no sɛnea wɔyɛ no mu tiawa. Fa anigye to nsa frɛ no sɛ ɔmmra bi.
5 Wubetumi aka eyi de afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ afie afie anaa bɔnnɔ so adansedi mu:
◼ “So woasusuw nea ɛbɛba yɛn ne asase so daakye no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Bible de asɛmfua biako—Paradise—ka daakye ho asɛm tiawa! Ɛkyerɛkyerɛ mu sɛ mfiase no, Onyankopɔn yɛɛ asase fã bi paradise fɛfɛ, baabi a ɔde nnipa baanu a odii kan bɔɔ wɔn no kɔtrae. Ná ɛsɛ sɛ wɔwo hyɛ asase so ma, na wɔde nkakrankakra dan asase paradise. Hyɛ sɛnea wɔka ho asɛm sɛ anka ɛbɛyɛ yi nsow.” Bue Nimdeɛ nhoma no kɔ kratafa 8, na kenkan nkyekyem 9, wɔ asɛmti ketewa “Paradise Mu Asetra” ase. Afei munsusuw nsɛm a ɛwɔ nkyekyem 10 no ho, na kenkan kyerɛwsɛm a wɔatwe adwene asi so, Yesaia 55:10, 11, no. Yɛ nhyehyɛe toa nkɔmmɔbɔ no so wɔ nea Paradise a wɔasan de aba mu asetra bɛyɛ ase, na mommɔ nkyekyem 11-16 mu nkɔmmɔ. Anaasɛ hyɛ onipa no nkuran na ɔno ankasa nkekan, na yɛ nhyehyɛe hyia no bio na munsusuw ho.
6 Sɛ woanyɛ adesua ho nhyehyɛe wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu a, wubetumi abɔ mmɔden ayɛ saa wɔ sankɔhwɛ mu denam eyi a wobɛka so:
◼ “Sɛnea yesusuw ho wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ mu nnaano no, ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw sɛ ɔbɛdan asase nyinaa paradise. Ɛno ma asɛmmisa yi sɔre sɛ, Paradise bɛyɛ dɛn ankasa?” Bue Nimdeɛ nhoma no kɔ ti 1, na munsua nkyekyem 11-16, wɔ asɛmti ketewa “Paradise a Wɔasan De Aba Mu Asetra” ase. Ɛno akyi no, fa mfonini a ɛwɔ nkratafa 4-5 no kyerɛ onipa no, na bisa no sɛ ɔpɛ sɛ ɔtra baabi a ɛhɔ yɛ fɛ saa anaa. Afei kenkan kratafa 10 nkyekyem 17 no ɔkasamu a edi kan no. Gyina sɛnea tebea no te so toa adesua no so anaa ka sɛ wɔ wo nsrahwɛ a edi hɔ mu no wobɛkyerɛ no nea wɔhwehwɛ na ama obi anya Paradise a wɔasan de aba no mu atra no. Kyerɛ no asafo nhyiam bere nhyehyɛe no mu, na fa anigye to nsa frɛ no na ɔmmra bi wɔ Ahenni Asa so.
7 Nimdeɛ nhoma no yɛ adwinnade a ɛso nni a yɛde bɛda “daa nkwa” a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no adi akyerɛ afoforo. Ofie Bible adesua ahorow a wo ne nkurɔfo bɛyɛ no bɛma wɔanya anidaso kɛse a efi Onyankopɔn a ‘ontumi nni atoro’ home mu no bi.