Asɛmmisa Afã
◼ So ɛda so ara fata sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no muni bi bɛma ɔdawurubɔfo bi ne onua anaa onuawa bi a wayɛ mmerɛw ayɛ ofie Bible adesua?
Ɛyɛ mpanyimfo no asɛyɛde sɛ wɔhwɛ asafo no so, a asafo no mufo a wɔayɛ mmerɛw ka ho. Wɔsra saafo no de hu mmoa ko a wobehia. Baabi a ɛfata no, nea ebetumi aka eyi ho ne sɛ wɔne nea wayɛ mmerɛw no bɛyɛ Bible adesua de aboa no. Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma No, kratafa 103 kyerɛkyerɛ mu sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw no na wɔbɛkyerɛ wɔn a wobetumi anya mmoa a ɛte saa.
Ɔsom adwuma sohwɛfo no na ɔkyerɛ onipa a ɔfata a obetumi aboa, nneɛma a ɛsɛ sɛ wosua ho ade, ne nhoma ko a ɛbɛyɛ mmoa kɛse. Ebia onii a ɔne onipa no suaa ade nea edi kan anaasɛ obi a onim no na obu no na ɛbɛyɛ papa sɛ ɔboa no. Onuawa a ne ho akokwaw na ɔwɔ suahu betumi aboa onuawa a wayɛ mmerɛw. Mpɛn pii no, ɛho renhia sɛ ɔdawurubɔfo foforo bɛka nea ɔreyɛ adesua no ho akɔ. Sɛ wɔkyerɛ ɔdawurubɔfo bi sɛ ɔnyɛ adesua no a, obetumi abu bere, sankɔhwɛ, ne Bible adesua ho akontaa.—Hwɛ December 1987 Yɛn Ahenni Som, Engiresi de no nkratafa 1, 3.
Esiane sɛ osuani no yɛ obi a wɔabɔ no asu nti, mpɛn pii no, ɛho nhia sɛ wɔyɛ adesua no bere tenten. Botae no ne sɛ wɔbɛboa nea wayɛ mmerɛw no ma wɔasan afi ase akɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa na wabɛyɛ asɛmpa no ho dawurubɔfo daa. Ɔsom adwuma sohwɛfo no bɛhwɛ sɛnea adesua a ɛtete saa no renya nkɔso. Nea ebetumi afi mmoa a ɔdɔ wom yi mu aba ne sɛ saa anuanom mmarima ne mmea yi betumi asoa wɔn ankasa nnesoa wɔ Yehowa anim, na ‘wɔatim’ nokware no mu pintinn.—Efe. 3:17; Gal. 6:5.