Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban July 15
“So wususuw sɛ wɔtwe abɔnefo aso wɔ hell? [Ma ommua.] Bible kyerɛ bɔne ho asotwe pefee. [Kenkan Romafo 6:23a.] Ɛnde, so hell yɛ baabi a wɔde ogya yɛ nkurɔfo ayayade? So ɛyɛ tebea a ama obi atwe ne ho afi Onyankopɔn ho kɛkɛ? Nsɛmma nhoma yi de saa nsɛmmisa yi ho mmuae a egyina Kyerɛwnsɛm so ma.”
Nyan! Aut. 8
“Nnipa pii bu kyakyatow sɛ anigyede a wogye tom wɔ asetram. Afoforo te nka sɛ edi mmusua ne nnipa dodow no ara awu. Nyan! yi gyina nhwehwɛmu bi a wotintim no nnansa yi so pɛɛpɛɛ kyakyatow mu. Ebia wo nso w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan sɛnea Bible nnyinasosɛm fa asɛm yi ho no.” Sɛ nhwɛso no, kenkan 1 Timoteo 6:10.
Ɔwɛn-Aban Aug. 1
“Nnipa pii te nka sɛ gyidihunu ne amanne ahorow yɛ anigyede bi kɛkɛ. [Fa adaka a ɛwɔ kratafa 5 no mu asɛm biako anaa abien kyerɛ.] So woasusuw nea ɛma wonya nsusuwii a ɛte saa no ho pɛn? [Sɛ obua wie a, kenkan 2 Korintofo 11:14.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ nea Bible ka wɔ gyidihunu ho.”
Nyan! Aug. 8
“Nnipa pii ahaw yiye wɔ basabasayɛ ne amumɔyɛ a ɛredɔɔso no ho. Ebia wugye nsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 8:9 no tom. [Kenkan na ma ɔnka ho biribi.] Nyan! yi ka asuade a yebenya afi tete na ɛkyerɛ sɛnea nhyɛso a ɛte saa no bɛba awiei ho asɛm.”