Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/03 kr. 8
  • Onyankopɔn Asɛm Yɛ Nokware

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm Yɛ Nokware
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Onyankopɔn Asɛm, Tumi Wɔ Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • ‘Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi’
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • So Wokamfo Onyankopɔn Asɛm Kyerɛ?
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nokware No Ho Adanse A Yebedi
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2003
km 5/03 kr. 8

Onyankopɔn Asɛm Yɛ Nokware

1. Nsɛm a ɛho hia bɛn na ɛwɔ Bible mu?

1 Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “W’asɛm ntoano yɛ nokware.” (Dw. 119:160) Yehowa nam N’asɛm a efi honhom mu no so de asetra mu nsɛmmisa a ehia paa ho mmuae a ɛtɔ asom ma. Ɔma nnipa a wɔahaw nya awerɛkyekye ne anidaso. Na ɔkyerɛ yɛn sɛnea yebetumi abɛn no. Ɔbea bi a ɔkyerɛ anigye kae sɛ: “Bible mu nokware a obi sua no te sɛ nea ofi baabi a esum wɔ paa na ɔba ɔdan a hann wom mu.” So wobɔ mmɔden sɛ wode hokwan biara a wubenya no bɛka Onyankopɔn Asɛm mu nokware akyerɛ?

2. Ɔkwan bɛn so na Bible tumi ma nkurɔfo asetra tu mpɔn?

2 Tumi a Ɛwɔ sɛ Ɛsakra Afoforo ne Gye a Wogye Tom Wɔ Baabiara: Bible mu nokware tumi ka koma na ɛsakra nnipa asetra. (Heb. 4:12) Ababaa bi a wɔfrɛ no Rosa de ne ho hyɛɛ tuutuusi ne afei asabow ne nnubɔnenom mu. Ɔka sɛ: “Da bi a na mahaw paa no, Adansefo awarefo bi ne me bɛkasae wɔ sɛnea Bible no betumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn nsɛnnennen ho dwuma ho. Mifii ase suaa Onyankopɔn Asɛm, na m’ani gyee ho. Wɔ ɔsram biako ntam no, mitumi sakraa m’asetra fii ase bɔɔ bra pa. Afei a mibenyaa atirimpɔw wɔ asetra mu no, na minhia sɛ mɛnom nsa anaa nnubɔne bio. Na esiane sɛ na mepɛ sɛ meyɛ Yehowa adamfo denneennen nti, na masi me bo sɛ mede ne mmara bɛbɔ me bra. Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm mu nyansa a mfaso wɔ so no a, migye di sɛ anka sesɛɛ mawu.”—Dw. 119:92.

3. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛde Bible mu asɛm kame obiara?

3 Nea ɛnte sɛ nnɛ nhoma dodow no ara no, nnipa “a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” kyerɛ Bible ho anigye. (Adi. 7:9) Onyankopɔn pɛ ne sɛ “wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu.” (1 Tim. 2:4) Ne saa nti, ɛnsɛ sɛ yesusuw da sɛ esiane tebea a obi wom nti, ɔrentie asɛmpa no. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni asɛmpa no kyerɛ obiara, na bere biara a yebenya ho kwan no, yɛafi Bible no mu tẽe ayɛ saa.

4. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Bible no adi dwuma bere a yɛredi adanse no?

4 Si Kyerɛwnsɛm so Dua: Hokwan pii wɔ hɔ a yebetumi de Bible no adi dwuma wɔ asɛnka mu. Sɛ wode nsɛmma nhoma rema a, bɔ mmɔden sɛ wode kyerɛwsɛm a epue wɔ asɛm a wɔka a wɔahyɛ ho nyansa no mu no bedi dwuma. Sɛ ebinom de nhoma a wɔde ma ɔsram no redi dwuma a, wohu sɛ sɛ wɔkenkan kyerɛwsɛm bi a wɔahyɛ da apaw afi mu de fi ase a, ɛma wotu mpɔn. Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, bere biara wo ne ofiewura no nkenkan Bible kyerɛwsɛm biako anaa nea ɛboro saa na aboa no ma ɔde nkakrankakra anya nokware nimdeɛ. Sɛ woreyɛ Bible adesua a, fa nkɔmmɔbɔ no gyina kyerɛw nsɛm atitiriw a ɛwom no so. Fa Bible hyɛ wo ho na sɛ wunya kwan sɛ wubedi adanse bɔnnɔ so a, wode adi dwuma.—2 Tim. 2:15.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Bible no bedi dwuma wɔ asɛnka mu?

5 Ɛmmra sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔanya Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no mu ahoɔden a etumi kanyan nnipa no so mfaso, denam Bible no a yɛde bedi dwuma bere biara a yebenya hokwan wɔ yɛn asɛnka mu no so.—1 Tes. 2:13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena