Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/01 kr. 1
  • ‘Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi’
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Onyankopɔn Asɛm, Tumi Wɔ Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Ma Wo Nkyerɛkyerɛ Ntɔ Asom
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Fa Bible no Di Dwuma Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • So Wokamfo Onyankopɔn Asɛm Kyerɛ?
    Yɛn Ahenni Som—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2001
km 5/01 kr. 1

‘Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi’

1 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Onyankopɔn Asɛm wɔ nkwa, na tumi wɔ mu.’ (Heb. 4:12) Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Bible mu no betumi anya nkurɔfo so nkɛntɛnso pa. Nyansa a ɛwɔ Bible mu no betumi asesa obi asetra ma asi no yiye. Awerɛkyekye ne anidaso a ɛde ma no ma nnipa nyinaa tumi bɛn Yehowa Nyankopɔn, Nkwamafo no. Asɛm a ɛwom no betumi aboa obi ma wafa nkwa kwan no so. Nanso, sɛ eyi betumi aba saa a, ɛsɛ sɛ yɛde Bible no di dwuma bere a yɛredi afoforo adanse no.

2 Kenkan Kyerɛwsɛm Bere Biara: Ɛte sɛ nea adawurubɔfo pii mfa Bible no nni dwuma bere a wɔakɔ nkurɔfo nkyɛn no. So ɛte saa wɔ wo fam? Esiane sɛ nkurɔfo pii mpɛ nkɔmmɔ tenten nti, ebia wode ayɛ wo su sɛ wode nhoma bɛma anaa wobɛka kyerɛw nsɛm bi mu asɛm kɛkɛ. Yɛhyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ anyɛ yiye koraa no, wɔmmɔ mmɔden nkenkan kyerɛwsɛm biako wɔ Bible mu bere a wɔreka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo no, na ama wɔahu sɛ asɛm a yɛka no fi Onyankopɔn Asɛm mu.

3 Ɛwom sɛ nnipa kakraa bi pɛ na wɔkenkan Bible no de, nanso ɛyɛ nhoma a nnipa pii ani da so gye ho. Wɔn a wonni adagyew koraa mpo gye bere kakra de tie asɛm a yɛkan fi Onyankopɔn Asɛm mu tee no. Sɛ yɛde anigye kan kyerɛwsɛm bi na yɛkyerɛkyerɛ mu tiawa ma emu da hɔ a, tumi a ɛwɔ Yehowa asɛm mu no betumi anya wɔn a wotie no so nkɛntɛnso pa. Nanso, wobɛyɛ dɛn atumi akenkan Bible no bere a worekasa no?

4 Yɛ Eyi Bere a Worekyekyɛ Nsɛmma Nhoma No: Ɔhwɛfo kwantuni bi de Kyerɛwnsɛm no di dwuma ɔkwan pa so bere a ɔrekyekyɛ nsɛmma nhoma no. Ɔde Bible ketewa bi hyɛ ne kotoku mu. Bere a ɔde nsɛmma nhoma no ama na watwe adwene asi emu asɛm bi so no, ɔyɛ no ntɛm bue kyerɛwsɛm bi a ɛfa asɛm no ho na ɔkenkan. Wubetumi ayɛ eyi denam asɛmmisa tiawa yi so: “Wususuw bɔhyɛ a edi mu yi ho dɛn?” na afei woatoa so akenkan kyerɛwsɛm a woayɛ w’adwene sɛ wobɛkan no.

5 Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkenkan Bible mu asɛm biako anaa abien bere a wo ne obi rekasa no. Tumi a ekura no betumi ama nnipa pii abehu Nyankopɔn.—Yoh. 6:44.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena