Asɛm a Yɛbɛka Wɔ Wiase a Ɛsakra Daa Mu
1 Hwɛ sɛnea nneɛma betumi asakra ntɛmntɛm! Bere kakraa bi mu no, atoyerɛnkyɛm, sikasɛm mu ahokyere, amammuisɛm mu ntawntawdi, anaa asiane bi a wɔbɔ ho dawuru kɛse betumi abɛyɛ asɛmti a obiara susuw ho. Nanso, ɛnkyɛ koraa na nkurɔfo adwene asan adan akɔ biribi foforo so. (Aso. 17:21; 1 Kor. 7:31) Wɔ wiase a ɛsakra daa yi mu no, ɔkwan bɛn so na yebetumi atwe afoforo adwene na ama yɛaka Ahenni asɛm no akyerɛ wɔn?
2 Hu Nea Ɛhaw Afoforo: Ɔkwan biako a yebetumi afa so atwe afoforo adwene ne sɛ yɛbɛtwe adwene asi nsɛm a ɛresisi mprempren so. Bere a Yesu rehyɛ n’atiefo nkuran sɛ wonsusuw gyinabea a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim ho anibere so no, bere bi ɔkaa asiane ahorow bi a na asisi foforo a na ɛwɔ wɔn adwenem no ho asɛm. (Luka 13:1-5) Saa ara na sɛ yɛreka asɛmpa no a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛma afa nsɛm a ɛresisi mprempren anaa beae a yɛte hɔ nsɛm a ɛka wɔn a wɔte yɛn asasesin mu no asetra no ho. Nanso, sɛ yɛresusuw nsɛm a ɛte saa ho a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannyina ɔfã bi akyi wɔ amammuisɛm anaa asetram nsɛm mu.—Yoh. 17:16.
3 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu nea nkurɔfo resusuw ho mprempren? Ebia ɔkwan a eye sen biara ne sɛ yebebisa asɛm bi kɛkɛ na yɛatie nea wɔbɛka. (Mat. 12:34) Nkurɔfo ho anigye a yɛbɛkyerɛ no bɛka yɛn ma yɛahu afoforo adwene na yɛakɔ so de anifere ahu nneɛma foforo pii a ɛhaw wɔn. Asɛm a ebepue afi ofiewura no ano no betumi ama yɛahu adwene a nnipa pii kura wɔ saa beae no na ebetumi abue adansedi ho kwan.
4 Nsɛm a Wɔka Kyerɛ a Yebesiesie: Sɛ yɛresiesie yɛn ho akɔ asɛnka wɔ wiase a nneɛma sakra daa yi mu a, yebetumi de Sɛnea Wofi Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no adi dwuma. Wɔada nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a ɛfa sɛnea yɛde nsɛm a esisi mprempren bɛka nsɛm a yɛka kyerɛ ho no adi wɔ kratafa 5-6 wɔ asɛmti a ɛne “Nsɛm a Asisi Nnansa Yi” ne “Nsɛmmɔnedi/Ahobammɔ” no ase. Yebetumi anya nsɛm a ɛte saa ara wɔ September 2000 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4. Sɛ woresiesie nsɛm a wobɛka akyerɛ a, hwɛ hu sɛ wode kyerɛwsɛm a ɛfata bi bɛka ho.
5 Bere a yehu sɛ wɔn a wɔte yɛn asasesin mu haw sakra daa no, ɛsɛ sɛ yɛsakra asɛmpa a yɛka kyerɛ no mu ma ɛne no hyia. Saa kwan no so no, yɛka nea ɛda nkurɔfo koma so ho asɛm kyerɛ wɔn. Yɛnam saayɛ so boa afoforo pii ma wobehu Onii a ne su ne ne gyinapɛn ahorow nsakra no.—Yak. 1:17.