Wowɔ Ɔpɛ sɛ Wobɛyɛ Nsakrae?
1. Nsakrae a ɛkɔ so wɔ wiase no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?
1 Wɔ 1 Korintofo 7:31 no, Bible de wiase no toto adehwɛbea bi a agofomma no mu biara bɛyɛ ne fam de wie kɔ a, na afoforo nso aba ho. Nsakrae a ɛkɔ so wɔ wiase no hwehwɛ sɛ bere ne bere mu no, yɛsakra akwan a yɛfa so ka asɛm no mu, bere a yɛde ka ne sɛnea yɛka no. Wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ nsakrae?
2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae na ama yɛakɔ so ne ahyehyɛde no anantew?
2 Ɔkwan a Wofa So Ka Asɛm No: Wɔyɛ nsakrae wɔ Kristofo asafo no mu bere nyinaa. Bere a Yesu somaa n’asuafo no mfiase no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wɔmmfa akwantu bɔtɔ anaa sika bɔtɔ. (Mat. 10:9, 10) Nanso esiane sɛ na onim sɛ daakye n’asuafo no behyia nitan na wɔbɛtrɛw asɛnka adwuma no mu akɔ nsase afoforo so nti, ɔmaa wɔn akwankyerɛ foforo. (Luka 22:36) Yehowa ahyehyɛde no afa akwan horow so aka asɛm no wɔ mfe pii a atwam no mu. Sɛ nhwɛso no, na wɔde adansedi nkratasin, radio so dwumadi ne kar a akasam afiri sisi so di dwuma sɛnea na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa bere no. Ɛnnɛ, yɛntaa nto nnipa wɔ fie wɔ mmeae pii nti wɔakɔ so atwe adwene asi so sɛ yɛnyɛ baguam ne bɔnnɔ so adansedi nka afie afie asɛnka adwuma no ho. Wɔasan ahyɛ yɛn nkuran sɛ, sɛ nkurɔfo kɔ adwuma wɔ da no mu a, yɛnyɛ afie afie asɛnka adwuma anwummere. Sɛ Yehowa soro teaseɛnam no de n’ani kyerɛ baabi foforo a, so wo ne no bɛnantew?—Hes. 1:20, 21.
3. Ɔkwan bɛn so na yɛn nsɛm mu a yɛbɛdannan no bɛboa ma yɛatu mpɔn wɔ yɛn asasesin mu?
3 Asɛm a Wobɛka: Nsɛm bɛn na ɛhaw nkurɔfo a wɔte wo mpɔtam hɔ seesei? Ɛyɛ sikasɛm? Abusua mu nsɛm, anaa ɔko? Eye sɛ yebehu nsɛm a ɛhaw nkurɔfo ne nea ɛrekɔ so wɔ yɛn asasesin mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asiesie nsɛm a ɛfata a yɛbɛka. (1 Kor. 9:20-23) Sɛ afiewuranom kyerɛ wɔn adwene a, sɛ́ anka yɛbɛka biribi kɛkɛ na yɛatoa yɛn asɛm no so no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛdannan yɛn nsɛm mu ma ɛfa nneɛma a ɛhaw wɔn no ho.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae ntɛm?
4 Ɛrenkyɛ, wiase yi tebea bɛsesa koraa, na ahohiahia kɛse no befi ase. “Bere a aka no sua.” (1 Kor. 7:29) Ɛnde hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛyɛ nsakrae ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ nneɛma a ɛho hia paa no awie wɔ bere tiaa a aka yi mu!