Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/09 kr. 2
  • ‘Monyɛ Ade Nyinaa, Asɛmpa no Nti’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Monyɛ Ade Nyinaa, Asɛmpa no Nti’
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wowɔ Ɔpɛ sɛ Wobɛyɛ Nsakrae?
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Wubetumi Asakra Wo Bere Nhyehyɛe Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Nea Yɛbɛyɛ Ama Yɛn Ahenni Asɛnka Atu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Yɛmmɔ Mmɔden sɛ Yebenya Nnipa Dodow Biara a Yebetumi
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 2/09 kr. 2

‘Monyɛ Ade Nyinaa, Asɛmpa no Nti’

1. Dɛn na Ahenni sɛnkafo pɛ sɛ ɔyɛ ma afoforo, na dɛn ntia?

1 Ɔsomafo Paulo hui sɛ ɔwɔ asɛyɛde sɛ ɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo. (1 Kor. 9:16, 19, 23) Yɛn nso, esiane sɛ nnipa nkwagye ho hia yɛn nti, yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn.

2. Sɛ yɛreka asɛm no a, nsakrae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn ntia?

2 Ka Asɛm no wɔ Baabi a Nnipa Wɔ ne Bere a Wubenya Wɔn: Ɛnyɛ baabi a mpataayifo pɛ anaa bere a eye ma no na ogu n’asawu, na mmom baabi a mpataa wɔ ne bere a obenya wɔn na ogu n’asawu no. Yɛn nso, sɛ́ “nnipa yifo” no, ebia ebehia sɛ yɛyɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nnipa wɔ yɛn asasesin mu na ama yɛanya anigye kɛse wɔ anoboaboa adwuma titiriw a yɛde reyi “mpataa ahorow pii” no mu. (Mat. 4:19; 13:47) So yebetumi akɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu anwummere bere a wɔapɔn adwuma anaa yɛayɛ mmorɔn so adansedi anɔpa bere a wɔrekɔ adwuma no? Ná Paulo botae ne sɛ obedi “asɛmpa no ho adanse fefeefe,” na ɔde hokwan biara a onyae no yɛɛ saa.—Aso. 17:17; 20:20, 24.

3, 4. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, ɔkwan bɛn so na yebetumi asakra yɛn nsɛm mu, na dɛn na ebetumi afi mu aba?

3 Sakra Wo Nsɛm mu Ma Ɛne Nkurɔfo Ahiade Nhyia: Mpataayifo taa sakra ɔkwan a wɔfa so yi mpataa no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya mpataa pɔtẽẽ bi. Yɛbɛyɛ dɛn aka Ahenni asɛm no wɔ ɔkwan a nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ani begye ho so? Ɛsɛ sɛ yɛde anifere da nnianim nsɛm a nnipa dodow no ara ani begye ho no adi, na yɛtɔ yɛn bo ase tie nea wɔwɔ ka fa asɛm no ho. (Yak. 1:19) Yebetumi abisa wɔn nsɛm de ahu wɔn adwene. (Mmeb. 20:5) Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi asakra asɛmpa a yɛka no mu ma aka nkurɔfo asetena. Paulo yɛɛ ‘biribiara maa nnipa ahorow nyinaa.’ (1 Kor. 9:22) Sɛ yɛdannan yɛn nsɛm mu a, ɛbɛka nkurɔfo koma.

4 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛbɛka “adepa ho asɛmpa” akyerɛ afoforo! (Yes. 52:7) Ɛmmra sɛ ‘asɛmpa no nti yɛbɛyɛ ade nyinaa,’ na ama yɛanya nnipa pii.—1 Kor. 9:23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena