Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/04 kr. 1
  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wo Fam De a Ɛsɛ Sɛ Woyɛ Wɔ Adansi Adwuma Ma Daakye No Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Ahenni Asa Adansi Adwuma—Ade a Ɛho Hia wɔ Ɔsom Kronn Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • So Wubegye Adwuma Mu Akwamma?
    Nyan!—1986
  • Ɔdɔ, Gyidi, ne Osetie Ho Adanse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Yɛn Ahenni Som—2004
km 9/04 kr. 1

Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Ahenni Adawurubɔfo Pa:

Seesei wɔahyehyɛ mfiri a wɔde tintim nhoma wɔ Wallkill, United States no awie ma wɔde reyɛ adwuma. Wɔde mfiri foforo abien a emu biara betumi atintim nsɛmma nhoma 90,000 dɔnhwerew biara ne afiri foforo a etumi tintim nhoma a akyi yɛ den 120 simma biara aba nhomatintimbea hɔ. Nhomatintimbea yi a wɔayi akɔ Wallkill no ama wɔatɔn dan a ɛwɔ 360 Furman Street, Brooklyn no.

Nhomatintimbea yi a woyi fii hɔ no ma ɛho behiae sɛ woyi anuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 300 fi Brooklyn kɔ Wallkill. Bio nso, wɔayi atuhoamafo bɛyɛ 100 a wɔhwɛ baa dwumadibea no kɔmputa dwumadi nhyehyɛe so afi Wallkill aba Brooklyn. Eyi ama Kɔmputa Nhyehyɛe Dwumadibea no abedi Brooklyn.

Wɔawie ntrɛwmu adwuma a wɔreyɛ wɔ Ghana Betel wɔ Accra no 100 mu nkyem 90, na wɔde adan ne mfiri afoforo no pii reyɛ adwuma. Adansi adwuma no bɛba awiei wɔ 2005 mfiase.

Wɔ Nkaedi bere no mu no, wɔde nsi yɛɛ asɛnka adwuma no kɛse wɔ Ghana. Akwampaefo aboafo dodow sii 4,696 wɔ April mu, na nnipa dodow a ɛsen biara 272,692 na wɔbaa Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase.

Bere a yɛrehyɛ 2005 ɔsom afe ase yi, yɛhwɛ kwan sɛ yɛne mo bɛbom ‘ayɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’—1 Kor. 15:58.

Mo nuanom,

Ghana Baa Dwumadibea

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena