Bere a Ɛsɛ sɛ Yedidi wɔ Honhom Fam na Yedi Ahurusi
1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de n’asomfo honhom fam ahiade ma wɔn?
1 Yehowa fi ɔdɔ mu de n’asomfo honhom fam ahiade ma wɔn. Bere a ɔkɔm de wiase no wɔ honhom fam no, yɛn de, yedi nnuan pa ankasa. (Yes. 65:13) Ɔmantam nhyiam a yɛyɛ no afe biara no ne ɔkwan biako a Yehowa fa so ma yɛn aduan wɔ honhom fam. So woresiesie wo ho akotie “Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Yɛn Kwan” Ɔmantam Nhyiam a ɛreba no nyinaa? Wɔayɛ honhom fam aduan a ɛyɛ dɛ na ɛma ahoɔden ho nhyehyɛe.
2. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ de siesie wo ho ma nhyiam no?
2 Di Kan Yɛ Nhyehyɛe: “Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba.” (Mmeb. 21:5, NW) Enti sɛ woreyɛ nhyehyɛe na ama woakɔ nhyiam no nnansa no nyinaa, na sɛ ehia sɛ wubisa kwan fi w’adwumawura hɔ a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛyɛ saa. Sɛ wubehia dabere a, so woayɛ ho nhyehyɛe? Ɛsɛ sɛ woyɛ aduan a wubedi awia ho nhyehyɛe na ama woatumi ne wo nuanom adidi wɔ nhyiam no ase. Yɛ nhyehyɛe du nhyiam no ase ntɛm da biara na woahwehwɛ baabi atra, ato dwom a wɔde befi ase no bi, na woatie mpaebɔ no.
3. Ntade bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ kɔ nhyiam no?
3 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ hu sɛ ntade a yɛbɛhyɛ no fata. (1 Tim. 2:9, 10) Ɔmantam nhyiam ma yenya hokwan di nnipa a wɔwɔ baabi a yɛreyɛ nhyiam no adanse. Sɛ yɛma yɛn ahosiesie yɛ nea ɛfata bere a yɛwɔ kurow a yɛreyɛ nhyiam wom no mu, na yɛbɔ yɛn nhyiam baagye no a, yɛda nsow wɔ wɔn a wɔnyɛ gyidifo no ho, na wɔn a wɔhwɛ yɛn no ani gye yɛn ho.
4. Dɛn na ɛbɛboa yɛne yɛn mmusua ma yɛanya dwumadi no so mfaso a ɛsen biara?
4 Wɛn W’aso Tie Asɛm Yiye: Yɛmpɛ sɛ biribiara bɛpa yɛn ti so wɔ honhom fam apontow yi ase! (Mmeb. 22:17, 18) Sɛ yɛtra anim a, ebetumi aboa yɛn ma yɛawɛn yɛn aso atie asɛm no yiye. Wubetumi ne w’abusua asɔ eyi ahwɛ wɔ saa ɔmantam nhyiam yi ase. (Hwɛ Ɔwɛn-Aban, September 15, 2002, kratafa 13.) Yɛn Bible mu a yɛbɛhwɛ bere a wɔrekenkan kyerɛw nsɛm ne nsɛm ntiantiaa a yɛbɛkyerɛw ato hɔ no bɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi dwumadi no so na biribiara antwetwe yɛn adwene. Afei sɛ edu anwummere a, yebetumi ne afoforo abɔ dwumadi no mu nsɛntitiriw a yɛkyerɛw too hɔ no ho nkɔmmɔ. Nnansa yi wɔahyɛ no nsow sɛ mmabun bi taa tra faako wɔ nhyiam ase na wɔbɔ nkɔmmɔ anaa wɔde wɔn telefon kyerɛw nsɛm mena afoforo bere a dwumadi no rekɔ so no. Sɛ yɛwɔ mma a wɔn mu binom yɛ mmabun a, mfaso wɔ so sɛ yɛne wɔn bɛtra faako na yɛatie dwumadi no sɛ abusua sen sɛ yɛbɛma yɛn mma ne mmabun afoforo akɔtra faako.
5. Sɛ awia dwumadi no rekɔ so a, dɛn nti na ebinom gyina Nhyiam Asa no akyi, na dɛn na yebetumi ayɛ na amma saa?
5 Wɔahyɛ no nsow nso sɛ, sɛ awia dwumadi no rekɔ so a, ɛyɛ a anuanom pii tɔ nko, enti ɛma wɔsɔre kogyina Nhyiam Asa no anaa apata no akyi. Esiane sɛ nneɛma betumi atwetwe wɔn adwene wɔ akyi hɔ nti, saafo no ntumi ntie asɛm no yiye. Da ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ada yiye. Bio nso, edu awia ahomegye bere a, ɛbɛyɛ papa sɛ yedi aduan a emu nyɛ duru sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn ani renkum awia no.
6. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn ani agye kɛse wɔ nhyiam no ase?
6 Wo ne Afoforo Mmɔ Fekuw: Sɛ yɛne yɛn nnamfo bom didi a, ɛma aduan no yɛ dɛ paa. (Mmeb. 15:17) Saa ara nso na fekubɔ a yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea nya no ma nhyiam no yɛ anigye kɛse. Enti, hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebekyiakyia afoforo na yɛne wɔn abɔ fekuw bere a dwumadi no nnya mfii ase, yɛapɔn awiabere regye yɛn ahome, ne bere a yɛapɔn nhyiam no! (Dw. 133:1) Sɛ dwumadi no guamtrani ka kyerɛ yɛn sɛ yɛntra ase ansa na wɔafi ase abɔ nnwom a, ɛsɛ sɛ yetwa nkɔmmɔ a yɛrebɔ no so, na yɛtra ase ma yefi dwumadi no ase.
7. Ka w’ankasa osuahu a ɛkyerɛ sɛnea yebetumi adi nkurɔfo adanse wɔ nkurow a yɛyɛ nhyiam wom no mu.
7 Fa Hokwan Biara Di Adanse: Ɔmantam nhyiam taa ma yenya hokwan di adanse. Adidibea adwumayɛfo ne afoforo taa bisa nhyiamfo pii a wokodidi wɔ adidibea bere a yɛapɔn nhyiam no nhyiam asɛmti a ɛwɔ baagye so no ho asɛm. Eyi ama wɔne ebinom abɔ nkɔmmɔ na wɔadi nokware no ho adanse yiye. Afei wɔato nsa afrɛ ebinom a wobisaa nsɛm no sɛ wɔmmra nhyiam no ma wɔaba.
8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ ɔmantam nhyiam a ɛreba no?
8 Wɔde nnɔnhwerew pii na esiesiee dwumadi no, yɛɛ nhyiambea no ho nhyehyɛe, hyehyɛɛ nhyiam dwumadibea ahorow no, na wosiesiee dwumadi no afã horow. Nnwuma a wofi ɔdɔ mu yɛe de siesiee honhom fam apontow yi kyerɛ sɛ Yehowa hwɛ ne nkurɔfo yiye. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ bi de anigye akosua nneɛma pii! Bere a yɛyɛ saa no, yɛde “koma pa bɛto ahurusi dwom” na yɛrenyɛ sɛ wiase no.—Yes. 65:14.
[Adaka wɔ kratafa 3]
Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ
◼ Dwumadi Mmere: Nnansa no nyinaa wobefi dwumadi no ase anɔpa 9:20. Sɛ wofi ase sɛ wɔrebɔ dwom a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa pɛ baabi tra na ama wɔafi nhyiam no ase wɔ ɔkwan a ɛfata so. Fida ne Memeneda yɛbɛpɔn dwumadi no anwummere 4:55, na Kwasida nso yɛbɛpɔn anwummere 4:00.
◼ Baabi a Wɔde Kar Besisi: Sɛ obi nyare anaa tebea a egye ntɛmpɛ nsɔree a, ɛyɛ papa bere nyinaa sɛ yɛbɛtra baabi a yebetumi atie dwumadi no sen sɛ yɛbɛtra kar mu a ɛrenyɛ den sɛ nneɛma bɛtwetwe yɛn adwene anaa yɛbɛda. Atiefo no mu a yɛbɛtra na yɛatie ɔkasa ahorow no a biribiara ntwetwe yɛn adwene no yɛ ɔkwan a yebetumi afa so akyerɛ anisɔ ama honhom fam nsiesie pa a Yehowa ayɛ ama yɛn no.
◼ Akongua a Wɔpɛ To Hɔ Ma Obi: Wɔn a wo ne wɔn faa kar biako anaa wo ne wɔn te fie no nkutoo na wubetumi agyaw kwan ato hɔ ama wɔn.
◼ Awia Aduan: Yɛsrɛ sɛ fa aduan a wubedi no awia bra sen sɛ edu awia ahomegye bere no a wubefi nhyiam no ase akɔpɛ aduan adi. Fa aduan gu ade ketewa a wubetumi de ahyɛ w’akongua ase mu bra. Wɔmma kwan sɛ obi de ade kɛse a wɔde nnipa pii aduan gu mu, ade a etumi bɔ a wɔde nneɛma gu mu, ne mmosa biara bɛba nhyiambea hɔ.
◼ Nhoma Horow a Wobeyi no Adi: Onyankopɔn Asɛm tu yɛn fo sɛ ‘yɛnyɛ biribiara ɔdɔ mu.’ (1 Kor. 16:14) Sɛ woyi nhoma bi adi wɔ nhyiam no ase a, ɔdɔ ne afoforo ho a yebesusuw no remma yentu mmirika mpiapia afoforo sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi kan wɔ santen mu akogye nhoma no bi. Sɛ yɛntoo dwom a etwa to no mmɔɔ mpae nwiei a, ɛnsɛ sɛ obiara sɔre fi n’akongua so kɔto santen. Sɛ wɔbɔ mpae a yɛde pɔn nhyiam no wie a, ɛsɛ sɛ obiara tɔ ne bo ase nantew kɔ beae a wogye nhoma no. Abotare a ɛte saa a yɛbɛda no adi no kyerɛ sɛ yɛn ho akokwaw sɛ Kristofo, na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no da adi.—Yoh. 13:35.
◼ Ntoboa: Yebetumi afi yɛn pɛ mu ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no wɔ yɛn Ahenni Asa so anaa wɔ nhyiam no ase de akyerɛ ɔmantam nhyiam nhyehyɛe no ho anisɔ. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw kyɛk a wɔde yi sika biara a wɔde beyi ntoboa no so sɛ wontua mma “Watch Tower.”
◼ Akwanhyia ne Tebea a Egye Ntɛmpɛ: Sɛ yare bi a emu yɛ den kyere obi wɔ nhyiambea hɔ a, yɛsrɛ wo, frɛ obi a ogye ahɔho a ɔbɛn wo, na ɔno nso bɛfrɛ Adugyebea Adwumayɛbea no ntɛm ara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔboa ayarefo no bi bɛba abɛhwɛ tebea no de ho mmoa ama.
◼ Ahotew: Ɛyɛ obiara a ɔwɔ nhyiam no ase asɛde sɛ osiesie baabi a ɔte bere a wadidi awie no. Esiane sɛ wɔde nneɛma a wɔde nwura gu mu besisi nhyiam biara ase nti, hwɛ sɛ wode nkrataa, aduan, rɔba a wɔde kyekyere nsu, ne nwura biara begu mu. Saa a yɛbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn ho tew.
◼ Mfonini a Wotwa: Sɛ wutwa mfonini a, ɛnsɛ sɛ wode mfoninitwa afiri a ɛpa gya di dwuma bere a nhyiam no rekɔ so no. Esiane sɛ yɛmpɛ sɛ yedi gua biara wɔ baabi a yehyiam som Onyankopɔn no nti, yɛrentwitwa mfonini nnye ho sika. Saa ara nso na yɛremfrɛ wɔn a wotwa mfonini gye ho sika no mma wommetwa anuanom mfonini wɔ nhyiam no ase mfa mpɛ sika.—w84-E 7/1 kr. 25; afei hwɛ Nhyehyɛe nhoma no kratafa 142, nkyekyɛm 3.
◼ Mmusua a Wɔbɛbom Atra Faako: Ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma tra faako bere a dwumadi no rekɔ so no sen sɛ wɔbɛma wɔn mma nkumaa ne wɔn a wonnya nnii mfe aduonu no ne mmabun afoforo bɛbom atra baabi. Sɛ awofo ne wɔn mma bom tra a, wobetumi ahyɛ wɔn nkuran ma wɔayɛ kyerɛwtohɔ bere a nhyiam no rekɔ so no.
◼ Follow Up Nkratasin: Sɛ yɛreyɛ nhyiam a, ɛsɛ sɛ yɛhyehyɛ wɔn a yedi wɔn adanse bɔnnɔ so a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no ho nsɛm wɔ Please Follow Up (S-43) kratasin no so. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo de Follow Up kratasin no biako anaa abien hyɛ wɔn ho ba nhyiam no ase. Wubetumi de kratasin a woahyehyɛ awie no ama “Book Room” adwumayɛbea no anaa wubetumi de ama w’asafo mu kyerɛwfo bere a woasan akɔ w’asafo mu no.—Hwɛ March 2005 Yɛn Ahenni Som, kr. 4.
◼ Dabere: (1) Sɛ woda baabi a wubetua ho ka a, yɛsrɛ sɛ mma nnipa pii ntra wo dan mu mmoro dodow a wɔma kwan no so. (2) Sɛ wokɔsoɛ obi fie a, di wo ho ni na yɛ w’ade pɛpɛɛpɛ, na kyerɛ nea wɔayɛ ama wo no ho anisɔ. (3) Ɛnsɛ sɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔnyɛ abusua biako mufo da dan koro mu. (4) Nnoa aduan wɔ beae a wɔmma kwan. (5) Nea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛ yebu bra pa no, ɛnsɛ sɛ obiara guare petee mu. Baabi a ɛho behia no, wobetumi de kɛtɛ anaa ntama ayɛ aguaree. (6) Sɛ́ Kristofo no, ɛnsɛ sɛ yɛfa nneɛma afoforo a wɔde hokwan ama ahɔho sɛ wɔmfa bi bere a wɔwɔ ahɔhodan mu hɔ no ma ɛtra so. (7) Da honhom aba no adi bere a wo ne ahɔhodan mu adwumayɛfo anaa abusua a wo ne wɔn bɛtra redi nsɛm no.