Yehia Boasetɔ wɔ Asɛnka Mu
1 Ɔsomafo Paulo nyaa asɛnka a ɔde yɛɛ n’adwuma titiriw bɛboro mfe 30 no mu anigye. Sɛnea ɛte wɔ adwuma pa biara mu no, ohyiaa nsɛnnennen wɔ asɛnka adwuma no mu. (2 Kor. 11:23-29) Nanso, Paulo ampa abaw. (2 Kor. 4:1) Ɔtee ase sɛ obenya ahoɔden a ɔde bɛyɛ ne som adwuma no afi Yehowa hɔ. (Filip. 4:13) Esiane boasetɔ ho nhwɛso pa a Paulo yɛe nti, otumi kae sɛ: “Munsuasua me sɛnea me nso misuasua Kristo no.”—1 Kor. 11:1.
2 Sɛnea Yebegyina Sɔhwɛ Ano Ɛnnɛ: Da biara, yɛn nuanom pii abusuafo, wɔn mfɛfo adwumayɛfo ne wɔn a wɔne wɔn kɔ sukuu di wɔn ho fɛw, sɔre tia wɔn anaa wobu wɔn animtiaa. (Mat. 10:35; Yoh. 15:20) Ebia saa na ɛte wɔ wo fam. Ebetumi aba nso sɛ yare bi rehaw wo, anaa ebia worebɔ mmɔden sɛ wubedi nneɛma a ɛtwetwe w’adwene anaa ɛsɔ wo gyidi ne wo boasetɔ hwɛ no so. Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtraa ase tete ne yɛn mfɛfo Kristofo a wɔagyina nsɛnnennen a wohyiae ano wɔ yɛn bere yi mu no nhwɛso a yebesusuw ho no betumi ahyɛ yɛn den.—1 Pet. 5:9.
3 Sɛ yebenya ahoɔden agyina pintinn wɔ asɛnka adwuma no mu a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ ‘yɛbɛhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa.’ (Efe. 6:10-13, 15) Ɛho hia nso sɛ yɛbɔ mpae de hwehwɛ boasetɔ. Onyankopɔn ma yɛn ne honhom kronkron sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi agyina sɔhwɛ ahorow ano. (2 Kor. 6:4-7) Sɛ yebetumi ako atia Satan ne ne wiase no a, ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn nkaesɛm na yɛma ɛkanyan yɛn. (Dw. 119:24, 85-88) Sɛnea abofra bɛkenkan krataa a efi n’agya a ɔdɔ no nkyɛn mpɛn pii no, saa ara na sɛ yɛkenkan Bible daa a, ɛbɛhyɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu den. Sɛ yɛn ankasa sua ade daa a, yebenya nyansa a yɛde begyina sɔhwɛ ahorow ano, na yɛnam so ama Onyankopɔn nsusuwii anya yɛn gyinaesi ahorow so nkɛntɛnso na ahyɛ yɛn nokwaredi ma Yehowa no mu den.—Mmeb. 2:10, 11.
4 Boasetɔ De Nhyira Ba: Sɛnea na ɛte wɔ Paulo fam no, sɛ yɛde boasetɔ yɛ asɛnka adwuma no a, ɛma Yehowa koma ani gye na ɛde nhyira brɛ yɛne afoforo nyinaa. (Mmeb. 27:11) Ɛmmra sɛ yebemia yɛn ani ayɛ asɛnka adwuma no de akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi a ase atim “a ɛsom bo sen sika a wɔasɔ ahwɛ wɔ gya mu nanso ɛsɛe no.”—1 Pet. 1:6, 7.