Da Titiriw a Yɛde Bɛka Bible Adesua Ho Asɛm
1 Efi January no, asafo biara beyi dapɛn awiei biako wɔ ɔsram biara mu, ebia dapɛn a edi kan no, de aka Bible adesua ho asɛm akyerɛ. Ebetumi ayɛ Memeneda anaa Kwasida, sɛnea mo hɔnom tebea bɛma kwan. Saa da no, sɛ afiewuranom ampene ma yɛne wɔn anhyehyɛ Bible adesua a, yebetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no anaa nsɛmma nhoma a aba foforo ama wɔn. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo nyinaa yɛ nea wobetumi biara de wɔn ho hyɛ dwumadi no mu kosi ase na wɔboa adawurubɔfo ma wofi Bible adesua ase.
2 Asafo Ɔsom Boayikuw no na wɔbɛkyerɛ da ko a wɔbɛpaw wɔ dapɛn awiei de aka Bible adesua ho asɛm. Ɛsɛ sɛ bere ne bere mu no wɔkae adawurubɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie wɔn ho yiye na wɔaka Bible adesua ho asɛm wɔ afie afie ne bere a wɔakɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye no.
3 Sɛnea Yebesiesie Yɛn Ho: Yebetumi ahu sɛnea wofi Bible adesua ase ho nyansahyɛ wɔ krataa a ɛhyɛ March 2006 Yɛn Ahenni Som mu ne Reasoning nhoma no kratafa 12. Ebia ebinom bɛpaw sɛ wɔde kratawa te sɛ, So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? di dwuma. Afei nso, August 2007 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3 de nyansahyɛ ma wɔ sɛnea yebefi Bible adesua ase bere a yɛakɔsra wɔn a wogyee nsɛmma nhoma no. Wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma asafo mu mpanyimfo ne asomfo de simma 10 kosi 15 ayɛ asɛnka nhyiam, na sɛ wɔreyɛ a ɛsɛ sɛ wɔka sɛnea wofi Bible adesua ase ho nyansahyɛ a wɔde ama no biako anaa abien ho asɛm anaa wɔyɛ ho ɔyɛkyerɛ.
4 Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na ɔbɛpene ma yɛne no ahyehyɛ Bible adesua anaa ɔbɛma yɛakɔ so ne no ayɛ Bible adesua bere tenten. Nanso ɛnsɛ sɛ eyi bu yɛn abam ma yegyae sɛ yɛbɛka Bible adesua ho asɛm, efisɛ Yehowa na ɔretwe nnipa a wɔte sɛ nguan aba n’ahyehyɛde no mu. (Yoh. 6:44) Ɛnyɛ yɛn asɛyɛde ara ne sɛ yebegu nokware aba, na mmom sɛ yɛbɛhwɛ nea agye ntini no agugu so nsu, a nea ɛkyerɛ ne sɛ yɛne nnipa komapafo besua Bible no nso. Ɛdenam saayɛ so no, yenya hokwan yɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.—1 Kor. 3:9.